Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/04 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 12
  • Dapɛn a Efi Ase January 19
  • Dapɛn a Efi Ase January 26
  • Dapɛn a Efi Ase February 2
Yɛn Ahenni Som—2004
km 1/04 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase January 12

Dwom 224

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a Wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 no yɛ sɛnea yɛde January 1 Ɔwɛn-Aban ne January 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Onyankopɔn Nyansa Kyɛn Biribiara.” Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔanka mu asɛm no mu nsɛm sɛnea bere bɛma kwan.

20 min: “Dɛn na Ɛsom Bo Ankasa?” (Luka 12:15-21; Dw. 63:3) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛwɔ September 15, 2001, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-3. Ɛnam sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛwɔ Onyankopɔn anim dom, na yenim sɛ saa dom yi ye sen wiase ahonyade koraa. Wunnim sɛ yɛyɛ adefo sen wiase nnipa nyinaa anaa? Ma atiefo nka wɔn abrabɔ mu nsɛm a ɛkyerɛ sɛ Yehowa anim dom a wɔanya no ama wɔn abrabɔ ayɛ kama.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 19

Dwom 95

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.

15 min: Asafo mu ahiade.

15 min: “Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa Aware mu Ahokafo a Wɔnyɛ Adansefo No?” Bisa onua baako anaa anuanom baanu ma wɔnka nea ɛyɛe a wɔn aware mu ahokafo suban pa twetwee wɔn ma wɔbɛsom Yehowa.

Dwom 73 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 26

Dwom 158

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa January asɛnka ho akontaabu mmra. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 no yɛ sɛnea yɛde January 15 Ɔwɛn-Aban ne February 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wode nsɛmma nhoma no rema obi a, biako pɛ na wobɛka ho asɛm nanso fa abien no nyinaa ma no. Sɛ wɔyɛ ɔyɛkyerɛ no biara wie a, ka ɛho nneɛma pa bi a yebetumi de ayɛ adwuma ho asɛm.

15 min: Fa Onyankopɔn Asɛm Bɔ Wo Bra Da Biara. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2004 no mu da biara. Munsusuw nnianim asɛm no ho wɔ kratafa 3-4. Ma atiefo no nkyerɛ bere a obiara gye di sɛ obetumi ayɛ daa asɛm no. Wo ne asafo no nyinaa mmom nsusuw ɛnnɛ daa asɛm no ho. Ma atiefo nkyerɛ sɛnea yɛde emu nsɛm no bɛyɛ adwuma. Hyɛ obiara nkuran sɛ, sɛ osusuw daa asɛm no ho wie da biara a, ɔmfa nkɔ adwennwene mu kakra nhwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de ayɛ adwuma.

18 min: Fa Wo Nuanom Gyidifo Nnamfo. (Mmeb. 18:24; 27:9) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛwɔ December 1, 2000, Ɔwɛn-Aban no kratafa 22-3. Nokware som mu nhyira biako ne sɛ yebetumi afa nnamfo pa. Anuanom a yɛne wɔn kɔ nhyiam ne asɛnka ne nea ɛkeka ho no hyɛ yɛn nkuran pii. Yɛbɛyɛ dɛn atumi afa asafo no mufo nnamfo? Monhwɛ “Akwan Asia a Wɔfa So Nya Nnamfo a Ɛtra Hɔ Daa” no, na ma atiefo nkyerɛ sɛnea wobetumi de akwan no biara ayɛ adwuma wɔ anuanom mu.

Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 2

Dwom 204

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma February mu. Monhwɛ akwan a yebetumi afa so de Bɛn Yehowa nhoma no ama wɔ January 2003 Yɛn Ahenni Som no kratafa 7, na munsusuw ho.

20 min: “Hwɛ Sɛnea Wode Wo Bere Di Dwuma no Yiye.” Ma atiefo nka nea wɔyɛ a ɛmma wɔmfa nneɛma a ɛho nhia nsɛe wɔn nyamesom.

15 min: Suasua Paulo Sɛnea Osuasuaa Kristo No. (1 Kor. 11:1) Atiefo nkɔmmɔbɔ. Baabiara a Paulo kɔe no, odii ‘wɔn a ɔbɛto wɔn’ no adanse de suasuaa Yesu. (Aso. 17:17) Hefa saa na yɛn nso yebetumi adi adanse? Henanom na ‘yɛkɔto wɔn’ wɔ sotɔɔ mu, adwuma mu, sukuu mu, ne kar mu? Sɛ yɛwɔ fie a, henanom na wɔba yɛn nkyɛn? Ma atiefo nka nnipa a wɔatumi adi wɔn adanse wɔ fie ne abɔnten, na wɔnkyerɛ ɔkwan a wɔfaa so dii adanse no.

Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena