Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/04 kr. 8
  • Yebetumi Ayɛ Nea Yehowa Hwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yebetumi Ayɛ Nea Yehowa Hwehwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwaredi Ho Sɔhwɛ Ano A Yebegyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asɛnka Boa ma Yenya Boasetɔ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • “Momma Boasetɔ Nwie N’adwuma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 2/04 kr. 8

Yebetumi Ayɛ Nea Yehowa Hwehwɛ

1. Ɛtɔ mmere bi a, nkate bɛn na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma, na dɛn ntia?

1 Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm a yebedi so no ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so atra ase, na ɛboa yɛn ma yɛto nhyɛase pa ma daakye a enni awiei. (Dw. 19:7-11; 1 Tim. 6:19) Nanso, Satan wiase no ma yedwennwen nneɛma pii ho. Yɛn ankasa sintɔ nso ma tebea no mu yɛ den. Ɛtɔ bere bi a, yɛte nka sɛ nneɛma reyɛ abu afa yɛn so bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ho dwuma no. (Dw. 40:12; 55:1-8) Ebia yebedwen mpo sɛ anhwɛ a na yɛantumi anyɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakari pɛ wɔ yɛn som mu?

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ntease adi wɔ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no mu?

2 Yehowa Mmara Nyɛ Den: Yehowa nhwehwɛ nea yentumi nyɛ. Ne mmara nyɛ den na mmom ɛwɔ hɔ ma yɛn yiyedi. (Deut. 10:12, 13; 1 Yoh. 5:3) Onim yɛn sintɔ ahorow, na “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dw. 103:13, 14) Sɛ yɛn nsɛm tebea mma yentumi nyɛ pii mpo a, Onyankopɔn nam mmɔborohunu so gye mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom no no tom. (Lev. 5:7, 11; Marko 14:8) Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn adesoa nto no so, na ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware.—Dw. 55:22; 1 Kor. 10:13.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛ yɛn den ma yenya boasetɔ?

3 Yehia Boasetɔ: Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa mudi mu kurafo te sɛ Elia, Yeremia, ne Paulo ho kyerɛ sɛ yehia boasetɔ. (Heb. 10:36) Yehowa wowaw wɔn wɔ amanehunu ne abasamtu mu. (1 Ahe. 19:14-18; Yer. 20:7-11; 2 Kor. 1:8-11) Yɛn nuanom nokwaredi wɔ nnɛ bere yi mu hyɛ yɛn den. (1 Pet. 5:9) Nhwɛso a ɛtete saa a yebedwennwen ho no betumi aboa yɛn na yɛampa abaw.

4. Dɛn nti na ehia sɛ yɛma Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow tra yɛn adwenem?

4 Onyankopɔn bɔhyɛ mu ahotoso yɛ “ɔkra sɛkyɛ.” (Heb. 6:19) Ɛmaa Abraham ne Sara gyee ka a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi wɔn man mu ‘nkɔyɛ ahɔho wɔ bɔhyɛ asase so’ no toom. Ɛhyɛɛ Mose den ma ɔde akokoduru gyinaa nokware som akyi. Ɛhyɛɛ Yesu den ma ogyinaa asɛndua ho ayayade ano. (Heb. 11:8-10, 13, 24-26; 12:2, 3) Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa trenee wiase foforo ho a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛboa yɛn saa ara ma yɛagyina pintinn.—2 Pet. 3:11-13.

5. Dɛn nti na sɛ yesusuw yɛn ankasa nokwaredi wɔ bere a atwam no ho a ebetumi ahyɛ yɛn nkuran?

5 Yɛn nokwaredi, ahofama, ne akokoduru a yɛdaa no adi wɔ bere a atwam no mu a yɛbɛkae no nso betumi ahyɛ yɛn den wɔ yɛn som mu. (Heb. 10:32-34) Ɛma yɛkae anigye a yenya bere a yɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no—ɔkra nyinaa mu a yebefi asom no.—Mat. 22:37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena