Abɔfo no Reboa Yɛn
1 “Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” Hwɛ sɛnea saa nsɛm no hyɛ wɔn a wodi Yesu ahyɛde a edi so yi so no nyinaa nkuran: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo”! (Mat. 28:18-20) Yesu ne nokware Kristofo wɔ hɔ denam n’abɔfo so titiriw. (Mat. 13:36-43) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛne saa honhom abɔde anokwafo yi bom ka “daa asɛmpa” no kyerɛ!—Adi. 14:6, 7.
2 Wɔ Yɛn Som Adwuma Mu: Bible da no adi sɛ wɔsoma abɔfo “ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye ho adedifo no.” (Heb. 1:14) Wɔ afeha a edi kan no mu no, abɔfo ka ho bi na wɔkyerɛɛ Yesu akyidifo kwan kɔɔ wɔn a wɔsɛ no nkyɛn. (Aso 8:26) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo kɔ so hu adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo kyerɛ wɔn kwan. Mpɛn pii na afiewuranom aka sɛ bere a Ɔdansefo bi baa wɔn nkyɛn no na wɔrebɔ mpae de ahwehwɛ mmoa. Hwɛ sɛnea yɛne abɔfo no di ahurusi bere a nnipa a wɔte saa tie Ahenni asɛm no!—Luka 15:10.
3 Bere a Yehyia Ɔsɔretia No: Daniel, n’ayɔnkofo Hebrifo baasa no, ɔsomafo Petro ne afoforo pii a wohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den no nam abɔfo, “tumi abran” no so nyaa Yehowa ahobammɔ. (Dw. 103:20; Dan. 3:28; 6:21, 22; Aso 12:11) Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ yentumi nyɛ hwee bere a yehyia ɔsɔretia no de, nanso Elisa somfo a ohui sɛ “wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no” suahu no betumi ahyɛ yɛn nkuran. (2 Ahe. 6:15-17) Sɛ wɔtew yɛn fi yɛn nuanom Kristofo ho mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”—Dw. 34:7.
4 Ɛrenkyɛ abɔfo dɔm bɛba abeyi wɔn a wɔsɔre tia Kristo ahenni no nyinaa afi hɔ. (Adi. 19:11, 14, 15) Bere a yɛtwɛn saa da no, momma yɛnkɔ so mfa akokoduru nyi Yehowa ayɛ, na yennya ahotoso koraa sɛ ɔsoro dɔm a Kristo da wɔn ano no gyina yɛn akyi denneennen.—1 Pet. 3:22.