Boasetɔ so Wɔ Akatua
1 “Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.” (Luka 21:19) Saa nsɛm yi a efi Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “wiase awiei” ho mu no ma emu da hɔ sɛ, sɛ yɛbɛkura yɛn mudi mu a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebehyia sɔhwɛ pii. Nanso ɛdenam Yehowa ahoɔden so no, yɛn mu biara betumi ‘agyina akodu awiei’ na ‘wɔagye no nkwa.’—Mat. 24:3, 13; Filip. 4:13.
2 Ɔtaa, yare, sikasɛm mu ahokyere ne nkate fam ahohia betumi ama asetra ayɛ yɛn den da biara. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn mudi mu a yekura ma Yehowa no. Sɛ yedi nokware ma yɛn Agya da biara da a, na yɛreboa no ama wanya asɛm abua Ɔhohorabɔfo no mpoatwa no. Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yehu sɛ ne werɛ mfii “nusu” a yɛtew esiane sɔhwɛ nti! Yɛn nusu som bo ma Yehowa, na yɛn mudi mu a yekura no ma ne koma tɔ ne yam!—Dw. 56:8; Mmeb. 27:11.
3 Sɔhwɛ Ahorow Siesie Yɛn: Amanehunu betumi ama yɛn gyidi mu sintɔ bi ada adi anaasɛ ama yɛahu sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ bi te sɛ ahantan anaa bobɔne. Sɛ́ anka yɛbɛbɔ mmɔden akwati ɔhaw anaa yɛafa ɔkwan bɔne so de asiw ɔhaw ano no, ɛsɛ sɛ yetie afotu a Onyankopɔn Asɛm de ma a ese “momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ” no. Dɛn ntia? Efisɛ nokware mu a yebefi agyina sɔhwɛ ahorow ano no boa yɛn ma ‘yɛyɛ pɛ.’ (Yak. 1:2-4) Boasetɔ betumi aboa yɛn ama yɛanya su a ɛsom bo te sɛ ntease, tema ne mmɔborohunu.—Rom. 12:15.
4 Gyidi a Wɔasɔ Ahwɛ: Sɛ yegyina sɔhwɛ ahorow ano a, ɛma yenya gyidi a wɔasɔ ahwɛ a ne bo yɛ den Onyankopɔn anim. (1 Pet. 1:6, 7) Gyidi a ɛte saa no siesie yɛn ma yegyina pintinn wɔ sɔhwɛ a yebehyia daakye mu. Bio nso, yebetumi ate nka sɛ yɛwɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim, na eyi hyɛ yɛn anidaso mu den, na ɛma edi mu.—Rom. 5:3-5.
5 Wosi akatua a ebefi yɛn boasetɔ mu aba no so dua wɔ Yakobo 1:12, baabi a ɛka sɛ: ‘Anigye anaa nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ mu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri.’ Ne saa nti, momma yenyina pintinn wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu, bere a yɛwɔ ahotoso sɛ obetua “wɔn a wɔdɔ no” no ka no.