Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
Sɛ yehu biribi a ɛde asiane a ɛreba ho kɔkɔbɔ ma anaa yɛte ho asɛm na yɛanyɛ ho hwee a, etumi de amanehunu ba. Nea ehia sen saa ne sɛ yebetie ɔsom ho akwankyerɛ a Yehowa de ma no. Wobesi eyi so dua wɔ ɔsom afe yi mu da koro nhyiam titiriw no ase. Nhyiam no asɛmti ne “Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm no Yiye.”—Luka 8:18.
Wɔ ɔkasafo a Betel apaw no no kasa a edi kan no mu no, obesusuw sɛnea afotu a ɛwɔ krataa a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo mu no fã a edi kan no fa yɛn ho nnɛ no ho. Wɔ ne kasa a etwa to, “Muntie Onyankopɔn Akwankyerɛ Daa” no mu no, ɔbɛboa atiefo nyinaa ma wɔahwehwɛ wɔn mu ahwɛ sɛ nokwarem no wɔretie Yehowa ne ne Ba no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no” anaa.—Mat. 24:45.
Dwumadi no fã horow pii bɛboa mmusua kɛse. Ɔkasa a wɔato din “Mmusua a Wotie Onyankopɔn Asɛm a Wɔmma Biribiara Ntwetwe Wɔn” no bɛboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremma wiase mu nneɛma kwan ma ɛnsɛe yɛn nyamesom pa. Ɔkasa no mu no, wobebisabisa wɔn a wɔayɛ nsakrae de honhom mu nneɛma adi wɔn abrabɔ mu kan no nsɛm. Wɔ ɔkasa “Sɛnea Onyankopɔn Asɛm a Yɛn Mmabun Tie no Yiye no Hyɛ Wɔn Den” mu no, wobebisabisa mmabun a wɔatumi agyina nokware no afa pintinn wɔ sukuu mu, wɔn atipɛnfo mu ne ɔsom adwuma mu no nsɛm. Ɔkasa “Mmofra a Wotie Onyankopɔn na Wosua Ne Ho Ade” no bɛma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yebu tumi a mmofra de sua ade no adewa. Wobebisabisa mmofra ne wɔn awofo nsɛm de aboa yɛn ma yɛahu mfaso a ɛwɔ Yehowa kwan a wɔde bɛtete mmofra bere a wosusua no mu.
Ɛwom sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa’ de, nanso Yehowa rekyerɛ ne nkoa anokwafo ɔkwan a wɔmfa so. (Adi. 12:9; Yes. 30:21) Sɛ yɛde aso pa tie n’akwankyerɛ na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛahu nyansa na yɛn ani agye de akɔ daa nkwa mu.—Mmeb. 8:32-35.