Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
1, 2. Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no aka nkurɔfo abrabɔ?
1 “Emu nsɛm yɛ anigye, ɛba wɔ ne bere mu na ɛhyɛ nkuran nso.” “Ɛyɛ nsɛmma nhoma a ɛhyɛ nkuran paa sen nea makenkan pɛn biara.” Saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea Ɔwɛn-Aban ne Nyan! akenkanfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nka wɔ ho no mu. Nokwarem no, ɛda adi sɛ yɛn nsɛmma nhoma no yɛ nnwinnade a ɛsom bo a yɛnam so de asɛmpa no du “nnipa nyinaa” nkyɛn.—1 Tim. 2:4.
2 Oguadini bi a adwuma agye ne ti nsa kaa Nyan! nsɛmma nhoma bi a na emu nsɛm yɛ no anigye paa. Akyiri yi ɔkenkan Ɔwɛn-Aban a ɛka Nyan! ho no, na emu asɛm bi kanyan no ma ɔhwehwɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ a na ɔde bere tenten agye adi no mu. Eyi kanyan n’anigye kɛse. Asram asia akyi no, ɔbɔɔ asu. Na ɔbarima foforo nso gye nsɛmma nhoma no bi daa nanso na ɔnkenkan. Nea ɛne eyi bɔ abira no, na ne yere mpɛ Adansefo no anim ahwɛ nanso na ɔkenkan nsɛmma nhoma a wɔde gyaw ne kunu no. Bible mu bɔhyɛ a ɛfa paradise a ɛbɛba asase so a atreneefo nkutoo na wɔbɛtra mu ho no kaa ne koma. Bere bi akyi no, ɔbea no, ne babarima ne ɔbea no nuabea kumaa bɛyɛɛ Yehowa asomfo.
3. Sɛ yɛde nsɛmma nhoma abien no nyinaa ma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?
3 Fa Abien no Nyinaa Ma: Sɛnea nhwɛso a yɛaka ho asɛm kyerɛ no, yɛrentumi nhu nnipa a wɔbɛkenkan yɛn nsɛmma nhoma no ne emu nea ɛbɛkanyan wɔn anigye. (Ɔsɛnk. 11:6) Ne saa nti, mfaso wɔ so sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nyinaa bom ma, ɛwom sɛ biako pɛ na yɛbɛka ho asɛm bere a yɛde rema no de. Wɔ tebea horow bi mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wode yɛn nsɛmma nhoma horow pii ma wɔ nsrahwɛ bi mu.
4. Nhyehyɛe bɛn na yebetumi ayɛ de akɔkyekyɛ nsɛmma nhoma?
4 Mfaso wɔ so sɛ dapɛn biara yɛyɛ nhyehyɛe de dakoro kyekyɛ nsɛmma nhoma. Wɔ 2005 Calendar of Jehovah’s Witnesses so no, wɔayi Memeneda biara asi hɔ sɛ “Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Da.” Nokwarem no, esiane sɛ ɛsono sɛnea beae biara te na ɛsono ankorankoro nsɛm tebea nti, ebia ebinom beyi da foforo asi hɔ a wɔde bɛkyekyɛ yɛn nsɛmma nhoma no. So eyi ka wo dapɛn biara bere nhyehyɛe ho?
5. Hokwan a ɛbɛma yɛatumi de nsɛmma nhoma ama bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku ho, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛayɛ saa?
5 Fa Botae Bi Si W’ani So: Nsɛmma nhoma dodow a yɛpɛ sɛ yɛde ma ɔsram biara ho botae a yɛde besi yɛn ani so no betumi aboa ma yɛn ani aku nsɛmma nhoma a yɛde bɛma no ho paa. Wowɔ nnipa a woma wɔn nsɛmma nhoma bere nyinaa? Wode nsɛmma nhoma ma wɔn a wuhyia wɔn wɔ asɛnka mu no? Wubetumi de nsɛmma nhoma ama wɔ mmɔnten so, asasesin a nnwuma wom anaa wɔ baguam? So wode nsɛmma nhoma hyɛ wo ho bere a woretu kwan, worekodi gua, anaa worekohu wo duruyɛfo no? Fa hokwan biara a wubenya no boa afoforo ma wonnya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! so mfaso.
6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nsɛmma nhoma dedaw adi dwuma yiye?
6 Yebetumi de ayɛ yɛn botae sɛ yɛde nsɛmma nhoma dedaw a yɛwɔ no nso bɛma. Sɛ nsɛmma nhoma bi bere a ɛsɛ sɛ yɛde ma no twam ɔsram biako anaa asram abien mpo a, emu nsɛm no da so ara som bo. Fa ma nnipa a wɔn ani gye ho no. Wɔ nnipa ɔpepem pii fam no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no abɛyɛ ‘asɛm a ɛfata wɔ ne bere mu.’ (Mmeb. 25:11) Momma yɛmfa nni dwuma mfa mmoa nnipa ɔpepem pii ma wommehu Yehowa na wɔnsom no.