Boa Wɔn Ma Wɔnkɔ So Nni Wɔn Adanse
1 Bere a yɛka asɛmpa no, yɛtaa hyia nnipa a wɔnte yɛn asasesin mu anaa yɛnte wɔn kasa. Kasa no bi ne mum kasa. Afoforo a yɛne wɔn taa bɔ Bible mu nkɔmmɔ no tumi tu fi yɛn asasesin mu kɔ. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ nhyehyɛe ama saafo no, na ama afoforo akɔ so adi wɔn adanse? Ɛne sɛ yɛde Please Follow Up (S-43) kratasin no bedi dwuma.
2 Mpɛn pii no nnipa tie asɛm no yiye bere a yɛka asɛmpa no wɔ wɔn kurom kasa mu no. (Aso. 22:1, 2) Eyi nti, mpɛn pii no sɛ yehyia obi na sɛ yɛnte ne kasa a, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no bere mpo a onii no nkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye no. Nanso sɛ nnipa dodow bi a wɔka ɔman foforo so kasa te baabi a wɔtaa de wɔn kasa di wɔn adanse a, ebia ɛho renhia sɛ wohyehyɛ kratasin no bi, gye sɛ onipa no akyerɛ asɛm no ho anigye ansa.
3 Kratasin No a Wobɛhyehyɛ: Bɔ mmɔden fa anifere kwan so nya onipa no din, n’address ne ne telefon nɔma. Kyerɛ mpɛnpɛnso a asɛm no ho anigye a wanya no akodu, bere a wobenya onipa no, nhoma a wode maa no anaa obisae, ɛne kasa a onii no tumi ka no yiye. Bere a woahyehyɛ kratasin no awie no, fa ma asafo mu kyerɛwfo no ntɛm ara, na ɔno nso de bɛma asafo anaa kuw a ɛfata ma wɔadi ho dwuma.
4 Kratasin No a Wode Bɛma: Sɛ ɛba sɛ ɔkyerɛwfo no nhu asafo anaa kuw a ɛsɛ sɛ ɔde kratasin no kɔma wɔn anaa onni wɔn address a, obetumi afrɛ Betel wɔ telefon so abisa “Territory Desk” (Dwumadibea a Ɛhwɛ Nsasesin So) no na obenya ho nsɛm pii. Sɛ ɔde kratasin no remena a, ɛho nhia bio sɛ ɔka kyerɛ kuropɔn sohwɛfo no.
5 Bere biara a asafo anaa kuw bi nsa bɛka Please Follow Up kratasin a wɔahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe kɔhwehwɛ onii no ntɛm. Bere a yɛde nsi yɛ nea yebetumi nyinaa no, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bebue wɔn a “wɔayi wɔn ama daa nkwa no” koma mu ma wɔatie asɛm no.—Aso. 13:48.