Ɔkwan a Yɛbɛfa So De Please Follow Up (S-43) Kratasin no Adi Dwuma
Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ kratasin yi bere a yɛahyia nkurɔfo a wɔnte yɛn asasesin mu anaa wɔka ɔman foforo so kasa no. Bere bi a atwam no, sɛ yehyia nkurɔfo a wɔka ɔman foforo so kasa na wɔkyerɛ asɛm no ho anigye anaa wɔankyerɛ ho anigye a, na yɛde kratasin no di dwuma. Nanso, seesei de sɛ onipa no kyerɛ asɛm no ho anigye nkutoo a na yɛbɛyɛ saa. Sɛ onipa no yɛ mum a, ɛno de ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ. Sɛ yehyia obi a ɔyɛ mum na sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye oo, wankyerɛ ho anigye oo, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ S-43 kratasin no.
Sɛ yɛhyehyɛ kratasin no wie a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛde ma asafo mu ɔkyerɛwfo no. Sɛ onim asafo ko a ɛsɛ sɛ ɔde kɔma wɔn a, nea ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔde bɛma emu mpanyimfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔboa onii no. Sɛ onhu asafo ko a ɔmfa mma wɔn a, ɔde bɛmena Betel.
Sɛ onipa a ɔka ɔman foforo so kasa a n’ani gye asɛm no ho no te w’asasesin mu a, wubetumi atoa so akɔ ne nkyɛn akɔboa no kosi sɛ wɔbɛma ɔdawurubɔfo a ofi asafo a wɔka ne kasa mu bɛkɔ ne nkyɛn.—Hwɛ April 2010 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6.