Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/14 kr. 7
  • Munni Ho Dwuma Ntɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munni Ho Dwuma Ntɛm
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Yɛn Intanɛt Dwumadibea​—Wɔayɛ sɛ Yɛne Afoforo Nnya So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Kɔ Wɔn Nkyɛn Ntɛm
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So De Please Follow Up (S-43) Kratasin no Adi Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 6/14 kr. 7

Munni Ho Dwuma Ntɛm

Efi bere a yɛyɛɛ yɛn Intanɛt Wɛbsaet no foforo no, nnipa a wɔfa wɛbsaet no so kyerɛ sɛ yɛmma obi ne wɔn mesua Bible akɔ anim paa. Ebinom nso wɔ hɔ a, baguam adansedi dwumadi foforo yi mu na wohyiaa wɔn. Sɛ Betel nsa ka wɔn abisade no a, wodi ho dwuma ntɛm. Sɛ obi fa jw.org so ka sɛ yɛne no mmesua ade a, Betel nsa ka ara pɛ a, bɛyɛ nnanu akyi na wɔde akɔma asafo a onipa no te wɔn asasesin mu no mpanyimfo. Nanso, amanneɛbɔ a yɛn asa aka kyerɛ sɛ, wɔn a wɔakyerɛ sɛ yɛne wɔn mmesua ade no pii wɔ hɔ a, besi saa bere yi obiara nkɔɔ wɔn nkyɛn. Yɛbɛyɛ dɛn akɔboa saafo yi ansa na asɛm no ho anigye ate afi wɔn ani so?—Mar. 4:14, 15.

Sɛ wuhyia obi a ɔnte mo asasesin mu, na ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, ntɛm ara hyehyɛ Please Follow Up (S-43) fɔɔm no. Da a edi hɔ a mobɛkɔ asafo nhyiam no, fa ma ɔkyerɛwfo no. Sɛ ɔkyerɛwfo no nsa ka a, da no ara anaa n’adekyee ɛsɛ sɛ ɔde ma asafo a obetumi adi ho dwuma anaa ɔde fa jw.org, “Congregation” afã hɔ de kɔ Betel. Asafo mu mpanyimfo mmɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wɔbɛkɔ Wɛbsaet no so akɔhwɛ sɛ wɔde biribi ato hɔ ama wɔn anaa. Sɛ muhu sɛ wɔde krataa ato hɔ a ɛkyerɛ sɛ monkɔhwehwɛ obi a, monyɛ ntɛm nni ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara a wɔde bɛhyɛ ne nsa sɛ ɔnkɔhwehwɛ obi a ɔte saa no ma ɛyɛ no ahia asɛm. Wokɔ na woanto onipa no wɔ fie a, wubetumi akyerɛw wo telefon nɔma ne w’address de agyaw no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena