Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/05 kr. 5
  • Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2005
Yɛn Ahenni Som—2005
km 3/05 kr. 5

Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ

SAA bere yi a yɛabɛn wiase foforo no pɛɛ yi, ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa kwan. (Sef. 3:8) Odiyifo Daniel kae sɛ ‘Onyankopɔn yi ahintasɛm adi, na wakyerɛ nea ɛbɛba nna a edi akyiri no mu.’ (Dan. 2:28) Ɛyɛ hokwan soronko a yɛanya sɛ yɛte ase wɔ bere a wɔhyɛɛ ho nkɔm no awiei na yɛte ahintasɛm a Yehowa reda no adi nnɛ no ase!

Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ayi n’atirimpɔw adi nkakrankakra sɛ ɔbɛboa “nnipakuw kɛse” a wofi aman pii mu ma wɔabɛsom no “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu. (Mat. 24:45; Adi. 7:9; 2 Tim. 3:1) Yesaia 2:2, 3 kyerɛ mu sɛ eyi besi wɔ “nna a edi akyiri no mu.” Afe biara nnipa anoboaboa yi kɔ so wɔ wiase a emu ayɛ gyegyeegye na basabasa adɔɔso wom yi mu.

Wɔ afe 2004 mu no, wosii so dua kyerɛɛ yɛn sɛ ehia sɛ yetie Yesu asɛm yi: “Monwɛn . . . munsiesie mo ho nsie.” (Mateo 24:42, 44) Nokwarem no, Kristofo te nea ɛrekɔ so wɔ wiase no ase yiye, wohu “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” no na wɔhwɛ bɔ wɔn bra ma ɛne no hyia. (Mat. 16:1-3) Yehowa bɛma N’asɛm abam, ɛne sɛ, ɔbɛkɔ so agyina ne nkurɔfo a wɔwɔ ne teokrase ahyehyɛde mu no akyi wɔ ɔsɔretia biara a wobehyia mu.

Mmɔden a ebinom rebɔ sɛ wobesiw Ahenni asɛmpaka no kwan nyinaa akyi no, yɛn nuanom kɔ so ka nokware no kyerɛ na wɔbom hyiam nso. (Aso. 5:19, 20; Heb. 10:24, 25) Wɔ June 2004 mu no, Russia kuropɔn Moscow mu asɛnnibea a wɔde asɛm kɔdan wɔn no ne asɛnnibea a edi kan no yɛɛ adwene sɛ wɔmmra Yehowa Adansefo som na wontwa wɔn mmara kwan so ahyehyɛde a ɛwɔ kurom hɔ no mu. Nanso eyi mmuu anuanom a wɔwɔ hɔ no abam efisɛ wonim nea Onyankopɔn hwehwɛ no wɔn hɔ, na wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa. (Aso. 5:29) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkyerɛ n’asomfo kwan wɔ saa mansõsɛm yi mu.

Wɔ mfe kakra a atwa mu no, anuanom a wɔwɔ Republic of Georgia no ahwere wɔn agyapade, ahu amane wɔ basabasayɛfo nsa ano na atamfo ahyew wɔn nhoma. Nanso akode biara a wɔabɔ atia wɔn no nyɛɛ yiye. (Yes. 54:17) Wɔ 2004 ɔsom afe no mu no, wɔsan gyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara kwan so wɔ Georgia. Ɔmantam nhyiam ahorow a wɔyɛe no kɔɔ so kama a obiara anhaw wɔn, na wotumi kra nhoma ahorow ba ɔman no mu a akwanside biara nni mu. Adawurubɔfo ne nnipa dodow a wɔbaa Nkaedi no ase no nyaa nkɔanim a ebi mmae da.

Wɔ Armenia, Eritrea, Republic of Korea, Rwanda, ne Turkmenistan no, anuanom gyidi nti wɔde wɔn akogu afiase. Ɛwom sɛ wɔyɛ wɔn basabasa de, nanso wofi Kyerɛwnsɛm no mu nim nea enti a sɔhwɛ yi ba wɔn so na ɛboa wɔn ma wogyina wɔn mudi mu bere a wɔhwɛ kwan sɛ Yehowa begye wɔn no.—1 Pet. 1:6; 2 Pet. 2:9.

Bere a moresusuw 2004 Ɔsom Afe Akontaabu no ho wɔ February 1, 2005 Ɔwɛn-Aban mu no, mubedi ahurusi wɔ Yehowa ayamye ho. (Dw. 31:19; 65:11) Yɛhwɛ kwan sɛ amanneɛbɔ yi bɛhyɛ mo nkuran ma moakɔ so abɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani.—1 Tes. 4:1.

Yegu so rebɔ mmɔden kɛse sɛ yɛde asɛmpa no bedu nnipa nyinaa nkyɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ wɔde mum kasa ayeyɛ video, DVD ne nneɛma ahorow na wɔde anifuraefo nkyerɛwee (Braille) nso ayeyɛ nhoma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa mum ne anifuraefo ma wɔahu Onyankopɔn som. Ahenni adawurubɔfo bebree nso asua atutrafo a wɔte wɔn nsasesin mu no kasa.

Nea ɛka ho ne sɛ wɔatete akuw pii wɔ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri a ɛhɔ kɔ yɛ den no mu. Betel adwumayɛbea biako hwɛ akuw a ɛte saa 300 a emu adawurubɔfo si 7,000 so. Eyi kyerɛ sɛ wobetumi anya asafo afoforo pii wɔ hɔ! Bio nso, nnipa 16,760,607 a wɔbaa ɔsom afe yi Nkaedi no ase no mu ɔpepem 10 nyɛ Adansefo. Eyi di adanse paa sɛ otwa adwuma a ɛda yɛn anim no sõ.

Yɛda Yehowa ase wɔ nhyira a wama abu yɛn so ne sɛnea ɔdwene yɛn ho na ɔhwɛ yɛn da biara da no ho. (Mmeb. 10:22; Mal. 3:10; 1 Pet. 5:7) Bere a yɛde biakoyɛ kɔ yɛn anim wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, Yehowa mu na yɛde yɛn werɛ hyɛ. Sɛnea ɔhaw a yebehyia te biara no, momma yɛnkae yɛn 2005 afe asɛm no: ‘Me mmoa fi Yehowa.’ (Dw. 121:2) Munnya awerɛhyem sɛ yɛdwene mo ho bɔ mpae ma mo.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Sodikuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena