Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/04 kr. 1
  • Wokyerɛ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Ho Anisɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wokyerɛ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Ho Anisɔ?
  • Yɛn Ahenni Som—2004
Yɛn Ahenni Som—2004
km 10/04 kr. 1

Wokyerɛ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Ho Anisɔ?

1 Wɔ afeha a edi kan no mu no, mpanyimfo a wotutuu akwan no yɛɛ adwuma pii de hyɛɛ asafo ahorow no den. Wɔde afotu a ehia mae. (1 Tes. 2:1, 10-12) Wɔde akwankyerɛ fi sodikuw no hɔ brɛɛ anuanom. (Aso. 16:4, 5) Wɔkaa osuahu ahorow de kyerɛɛ sɛnea asɛmpa no redu nnipa binom nkyɛn. (Aso. 14:27, 28) Ɛbɛyɛ sɛ na saa nsrahwɛ no kanyan anuanom yiye!

2 Ɛnnɛ anuanom pii de anigye kɛse hwɛ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ kwan. Nanso, abɛda adi sɛ ɛnyɛ anuanom nyinaa na wɔkyerɛ nsrahwɛ no ho anisɔ boa ma ɛho dwumadi kɔ so. Wokyerɛ nsrahwɛ yi ho anisɔ? Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi anya dapɛn titiriw yi ho adwempa?

3 Adwempa a Yebenya Ho Hia! Ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom wɔ nokware no ne bere nyinaa som adwuma no mu osuahu pii. Wɔwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma anuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ asafo ahorow a wɔkɔsra wɔn mu no. Sɛ yɛne wɔn bom kɔ asɛnka a ɛboa yɛn ma yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa, na ɛma yenya honhom mu nhyira pii. Eyi nti ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛne wɔn bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no.

4 Wɔ nsrahwɛ a ɛte saa mu no, yebetumi ne ɔhwɛfo no asusuw ɔhaw biara a yehyia wɔ yɛn som mu no ho. Wubetumi de wo sankɔhwɛ anaa Bible adesua bi ahyɛ awiabere? Ɔmansin sohwɛfo no ani begye sɛ ɔne wo bɛkɔ na sɛ wopɛ a, ɔbɛhwɛ wo Bible adesua no so ama wo.

5 Sɛ ɔmansin sohwɛfo no aware a, ɛnde ne yere nso wɔ hɔ a obetumi ne anuanom mmaa no abom ayɛ afie-afie asɛnka, sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua ahorow. Esiane sɛ ɔhwɛfo yere no asom wɔ nsasesin ahorow mu nti, ne ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu. N’ani begye sɛ ɔne anuanom mmaa pii bɛkɔ asɛnka aboa wɔn ma wɔatu mpɔn wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu. Adɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe ne no mmom nkɔ asɛnka wɔ dapɛn no mu? Eyi bɛma woanya honhom mu nhyira bebree.—Mmeb. 1:5.

6 Ɔmansin sohwɛfo no nsrahwɛ no mu nhyiam horow no nso betumi aboa yɛn ma yɛanyin honhom mu. Bɔ mmɔden kɔ dapɛn titiriw yi nhyiam horow no nyinaa bi. Tie kasa a ɔmansin sohwɛfo no bɛma nyinaa yiye. Hyɛ Kyerɛwnsɛm a ɔbɛtwe adwene asi so a w’ani begye ho anaa n’afotu biara a ɛfa yɛn ho no nsow. Nhyiam a ɔne akwampaefo yɛ no boa ma wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn ma wonya asɛnka no mu anigye. Ɔne mpanyimfo ne asafo mu asomfo nhyiam no ma mmarima a wɔde honhom apaw wɔn yi nya afotu a ehia ne akwankyerɛ fi Onyankopɔn ahyehyɛde no hɔ. Nhyiam horow yi nyinaa hyɛ asafo no den.—Aso. 15:36, 41.

7 Ahoboa a Yɛbɛyɛ: Sɛ wonya bɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ho amanneɛ pɛ a, fi ase yɛ ahoboa. Yebetumi asesa yɛn asetra mu nhyehyɛe na ama yɛayɛ dapɛn titiriw yi mu dwumadi no nyinaa bi. Adawurubɔfo binom yɛ akwampaefo aboafo saa bere no. Anuanom binom nso srɛ kwan wɔ adwuma mu de kɔ asɛnka wɔ dapɛn no mu. Anuanom bebree nso bɔ mmɔden kɔ asɛnka Memeneda anaa Kwasida. Wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden saa no nyinaa nya nhyira pii.—Rom. 1:11, 12.

8 Nea ɛsɛ sɛ yɛkae nso ne hokwan a yenya som ɔmansin sohwɛfo ne ne yere hɔho no. Anuanom bebree ato nsa afrɛ wɔn ne wɔn adidi wɔ wɔn fie, na wɔnam so anya fekubɔ a ɛyɛ anigye. Adidi ase fekubɔ pa yi boa mmusua no mu mmofra ma wonya anisɔ kɛse ma Yehowa ahyehyɛde no. Anuanom pii a wogyee ahwɛfo akwantufo bɛtraa wɔn fie anaa wɔne wɔn boom didii no de anigye kae nkuranhyɛ a wonyae no.—3 Yoh. 5-8.

9 Mpanyimfo no di kan hwɛ sɛ wɔayɛ nsrahwɛ no ho nhyehyɛe nyinaa ato hɔ ntɛm, de kanyan ɛho anisɔ. Wɔhwehwɛ dabere a ɛfata a ɛhɔ tew. Aduan horow a ahoɔden wom ho hia paa enti ɔmansin sohwɛfo ne ne yere ani sɔ aduan pa a asafo no de ma wɔn no. Sɛ mpanyimfo ne wɔn mmusua de wɔn ho hyɛ dapɛn no dwumadi nyinaa mu a, ɛma wɔkanyan nsrahwɛ no ho anisɔ.

10 Sra a ahwɛfo a wɔn ho akokwaw honhom mu taa bɛsra yɛn no kɔ so boa Yehowa nkurɔfo. Ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ mmarima anokwafo yi nsrahwɛ a ɛhyɛ yɛn den ma yɛyɛ pii wɔ ɔsom adwuma mu no kɛse! (Filip. 2:22, 23) Mfaso a yɛn mu biara benya no gyina gye a yegye ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no tom na yɛde yɛn ho hyɛ dwumadi no nyinaa mu no so. Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛbɛfa akwannuasa so aboa ama ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a edi hɔ no adi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena