Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase October 11
Dwom 219
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw June Ɔsom Akontaabu no ho na kamfo anuanom sɛ wɔde wɔn kyerɛwtohɔ baa ntɛm. Yɛ sɛnea wobetumi de October 1 Ɔwɛn-Aban ne October 8 Engiresi Nyan! ama ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Nsɛm a Yɛde Kaakae Yɛn Ho Nnɛ” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nkaesɛm yi nni dwuma na ama yɛahwɛ yɛn asɛnka bere yiye. Bobɔ akwan afoforo a yɛde sɛe bere te sɛ ahosiesie a yenni kan nyɛ, fekubɔ ne nkɔmmɔ pii a yedi wɔ asɛnka mu, so. Hyɛ wɔn a wɔhwɛ asɛnka nhyiam so no nkuran sɛ wɔnhwɛ sɛ adawurubɔfo baanu baanu na ɛrekɔ asɛnka.
15 min: Ma W’ani Nye Mmoa a Wode Boa Afoforo Ho. (Yohane 4:34) Nsɛm a wobisabisa afoforo. Ɛyɛ ahomeka sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a obi resua nti n’ani agye. (w94-TW 3/1 kr. 29 nky. 6-7) Bisabisa adawurubɔfo anaa akwampaefo baanu anaa baasa a wɔde Bible di dwuma yiye wɔ asɛnka mu na wotumi yɛ Bible adesua no nsɛm. Ɔkwan bɛn so na wɔkɔ so boa wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no? Anigye bɛn na wonya wɔ saayɛ mu? Ma wɔnka osuahu ahorow a wɔanya wɔ asɛnka mu anaa wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 69 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 18
Dwom 127
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: So Ɛyɛ Korɔnbɔ Ankasa? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔ a egyina April 15, 1994, Ɔwɛn-Aban kratafa 19-21 so. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛwom sɛ yɛte mmere a emu yɛ den na ohia wɔ hɔ mu de, nanso Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo bedi nokware wɔ nea wɔyɛ nyinaa mu—wɔ fie, sukuu mu, adwumam ne asafo no mu. (Heb. 13:18) Si so dua sɛ, din pa a yɛagye sɛ nokwaredifo no wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛnea nkurɔfo gye nea yɛkyerɛkyerɛ tom no so.
25 min: “Wokyerɛ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Ho Anisɔ?” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no ho adwempa.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 25
Dwom 56
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Sɛ nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 hɔ no fata mo asasesin no a, fa yɛ sɛnea wɔde October 15 Ɔwɛn-Aban ne October 22, Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔmfa kyerɛwsɛm bi nni dwuma wɔ wɔn asɛm mu. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: Fa Adanse Taa Onyankopɔn Asɛm Akyi. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 256-7 so. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de adanse a efi nhoma foforo mu aboa nkurɔfo ma wɔabehu ntease a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no? Ma atiefo mmua nsɛmmisa yi: Amansan a aniwa hu yi mu nhwɛso bɛn na yebetumi de akyerɛ sɛ Ɔbɔade bi wɔ hɔ? (rs-E kr. 85-6) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛm a nhomanimfo anaa animdefo aka aboa afoforo ma wɔahu sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa? (rs-E kr. 62-4) Mfatoho anaa ntotoho bɛn na yebetumi ayɛ de aboa afoforo ma wɔate nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ase? (rs-E kr. 429) Osuahu anaa mfatoho bɛn na wode aboa afoforo ama wɔabehu nyansa a ɛwɔ Bible mu afotu a yebedi so no mu?
Dwom 62 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 1
Dwom 15
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn asɛnka kyerɛwtohɔ mma. Wɔ November mu no yɛde Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No bɛma. Tĩ nyansahyɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nhoma no bɛma a ɛwɔ May 2004 Yɛn Ahenni Som kratafa 3 no mu, na yɛ ɛho ɔyɛkyerɛ biako. Sɛ mowɔ ɔkwan foforo a ɛbɛfata mo asasesin no a, munsusuw eyi ho na monyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ bere wom a, ma atiefo nka sɛnea wɔatumi de nhoma yi adi dwuma wɔ asɛnka mu ho asɛm.
20 min: Woahu W’adwumawura? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm “Wobɛkɔ Bi?” a ɛwɔ June 2000 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1 mu no so. Fa nsɛm a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 67 mu no ka ho.
15 min: Asafo mu osuahu ahorow. Ma anuanom nka osuahu ahorow a wonyae bere a na wɔreyɛ adwuma wɔ asram atitiriw bi mu, te sɛ asram a wɔde yɛɛ akwampaefo aboafo, adwuma a wɔyɛe wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu, ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ, ne ade. Si mmɔden a mobɔe ne nea mutumi yɛe no so dua. Kamfo wɔn nyinaa wɔ mmɔden a wɔbɔe wɔ asram atitiriw yi mu dwumadi ho.
Dwom 175 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.