Nsɛm a Yɛde Kaakae Yɛn Ho Nnɛ
◼ Wɔ afie afie asɛnka mu no, adawurubɔfo baahe na ɛsɛ sɛ wɔbom kɔ ɔpon biako ano? Adawurubɔfo baahe na wobetumi abom akɔyɛ Bible adesua biako?
1 Yesu yɛɛ nhwɛso bere a ɔtetee n’asuafo no na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn akwan a ɛsen biara a wɔbɛfa so aka asɛmpa no. Bere soe sɛ n’asuafo no kɔyɛ asɛnka adwuma no, ‘ɔfrɛɛ dumien no somaa wɔn baanu baanu.’ (Mar. 6:7; Luka 10:1) Adɛn nti na Yesu yɛɛ saa?
2 Eyi maa asuafo no de wɔn asɛnka bere no yɛɛ adwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Afei nso ɛmaa wonyaa ayɔnkofa a ɛboaa wɔn ma wosuasuaa wɔn ho bere a woyiyi Bible mu nsɛmmisa ano, susuw Kyerɛwnsɛm ho no. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Saa nhwɛso yi akyi a yedi nti, yenya mfaso fi ayɔnkofa a yenya wɔ asɛnka adwuma mu no mu.
3 Ɛwom sɛ nnɛ ɛsono sɛnea yɛn asasesin no te de, nanso akwankyerɛ a Yesu de mae sɛ n’asuafo nkɔ asɛnka baanu baanu no da so ara fata ma yɛn. Nanso wɔ mmeae bi no, nea ɛtaa si ne sɛ adawurubɔfo baasa anaa nea ɛboro saa tumi bom kɔ ɔpon biako ano wɔ afie afie asɛnka mu. Eyi tumi bɔ ofiewura no hu na ɛma yɛsɛe yɛn asɛnka bere. Saa kwan yi nhia na yɛnnhyɛ ho nkuran.
4 Na bere a yɛyɛ Bible adesua no nso ɛ? May 1987 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã no kae sɛ: “Ɛtaa yɛ nea ɛho nhia sɛ adawurubɔfo a wɔboro baanu bɛkyerɛkyerɛ wɔ ofie Bible adesuayɛ mu.” Sɛ adawurubɔfo a wɔboro baanu kɔyɛ Bible adesua a, wɔn mu baahe na wobetumi abu bere no ho akontaa? Yɛn Som Adwuma nhoma no ka wɔ kratafa 103, nkyekyɛm 2 sɛ: “Sɛ ɔdawurubɔfo yɛ adwuma wɔ mmeae anaa tebea horow a enye sɛ ne nkutoo bɛkɔ mu na enti ɛho hia sɛ ɔdawurubɔfo foforo ka ne ho a, wɔn baanu nyinaa betumi akan bere no, sɛ wɔn [baanu] nyinaa nyaa adansedi no mu kyɛfa a.” Eyi ma emu da hɔ sɛ adawurubɔfo baanu pɛ na ɛsɛ sɛ wɔkɔyɛ adesua biako na wobu bere no ho akontaa.
5 Tebea bi betumi aba a ebehia sɛ adawurubɔfo bɛboro baanu bɛbom akɔ obi pon ano anaa wɔakɔyɛ Bible adesua? Yiw. Esiane nsɛmmɔnedi a ɛkɔ soro wɔ aman bi mu nti, ebia na asiane wom sɛ adawurubɔfo baanu pɛ bɛnantew. Mmeae a wɔabara ɔsom no, anuanom nka asɛm no wɔ baguam. Nanso seesei de, saa tebea yi bi nni Ghana ha. Enti ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa hwɛ wɔn asɛnka bere so yiye na nnipa a wɔboro baanu ankɔ obi pon ano anaa wɔankɔyɛ Bible adesua.
6 Na ɛkɔba sɛ adawurubɔfo a wɔabehyiam rekɔ asɛnka no yɛ baasa pɛ nso ɛ? Nea ɔto so mmiɛnsa no betumi ayɛ sankɔhwɛ anaa wakyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ abɔnten so bere a baanu a aka no yɛ adesua no. Sɛ ɔdawurubɔfo biako ntumi nkɔ asɛnka a, ɛnde sɛ tebea no fata a, biako betumi ayɛ adesua no ma baanu no nso atoa asɛnka no fã foforo bi so. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa to hɔ a, ɛremma sɛ ahokyere nti adawurubɔfo baasa bɛbom ayɛ adesua biako.
7 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ asɛnka nhyiam so no yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo baanu baanu kɔ asɛnka. Ɛyɛ ne kwan so sɛ mmofra a wɔretete wɔn wɔ asɛnka mu bɛka wɔn awofo anaa adawurubɔfo afoforo a wɔn ho akokwaw ho. Bere foforo no, adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw no nko ara betumi akɔ asɛnka. Enti ɛrentaa mma sɛ adawurubɔfo a wɔboro baanu bɛbom akɔ ɔpon biako ano anaa wɔbɛkɔ akɔyɛ Bible adesua. Yedi Yesu nhwɛso yi akyi a ɛbɛma ‘yɛawie yɛn som no koraa.’—2 Tim. 4:5.