Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ October 25, 2004 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ September 6 kosi October 25, 2004 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn nsɛm ahyɛ nkuran bere a yɛrema ɔkasa bi a ɛfa yɛn Kristofo dwumadi ho no? [be-TW kr. 203 nky. 3-4]
2. Dɛn ne ntĩmu, na dɛn nti na ɛso wɔ mfaso? [be-TW kr. 206 nky. 1-4]
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asi yɛn kasa asɛmti so dua? [be-TW kr. 210 nky. 1-5, adaka]
4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu nsɛntitiriw a ɛwɔ ɔkasa a wɔde ama yɛn sɛ yenni ho dwuma no mu? [be-TW kr. 212 nky. 1-4]
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrempaw nsɛntitiriw pii dodo? [be-TW kr. 213 nky. 2-4]
DWUMADI 1
6. Nkɔso bɛn na na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba a ɛyɛɛ den maa nkurɔfo no sɛ wobegye adi sɛ wɔrebɛsɛe biribiara a atwa wɔn ho ahyia no? [w02-TW 3/1 kr. 5-6]
7. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu bere sofo no frɛɛ no “Ɔkyerɛkyerɛfo” na ɛnyɛ “Ɔyaresafo”? (Luka 3:12; 7:40) [w02-TW 5/1 kr. 4 nky. 3; kr. 6 nky. 6]
8. Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 11:24, 25 si mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde yɛn ho nyinaa bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu no so dua? [w02-TW 7/15 kr. 30 nky. 2-4]
9. Abrabɔ ho ɔsɛmpɔw bɛn na ɛsɔree wɔ Eden atuatew no mu, na dɛn na afi saa atuatew no mu aba? (Gen. 3:1-6) [w02-TW 10/1 kr. 5 nky. 6; kr. 6 nky. 2-3]
10. Ɔkwan bɛn so na wɔnam hu bere a wɔde nokware som sii hɔ wɔ Yerusalem? [si-E kr. 285 nky. 5]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Yehowa na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ ɔne Balak mmarima no nkɔ, nanso dɛn nti na bere a Bileam ne wɔn kɔe no Yehowa bo fuwii? (Num. 22:20-22)
12. So ɔyere Kristoni kunu betumi ama wagyae ne bɔhyɛ so di? (Num. 30:6-8)
13. Dɛn na “guankɔbea nkurow” no gyina hɔ ma nnɛ? (Num. 35:6) [w95-TW 11/15 kr. 17 nky. 8]
14. So ɛsɛ sɛ wɔfa ahyɛde a ɛwɔ Deuteronomium 6:6-9 a ɛka sɛ ‘fa Onyankopɔn mmara no kyekye wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma’ mu ntease sɛnea ɛte no ara?
15. So nea asɛm “wo ntama ansuw” no kyerɛ ara ne sɛ na wɔde ntama foforo si Israelfo de no anan mu? (Deut. 8:4)