Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. November: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a ɛdodow so anaa nea wotintimii ansa na 1990 reba a mowɔ bi wɔ hɔ bɛma. Asafo ahorow a wonni bi no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no ama.
◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2005,” na ɛsɛ sɛ wode sie na wode di dwuma wɔ afe 2005 nyinaa mu.
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ nhyiam horow yi no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw baa dwumadibea a ɛhwɛ saa ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wɔatintim baa dwumadibea ahorow no address wɔ Yearbook foforo no akyi.
◼ Ɛho hia sɛ Betel nya ahwɛfo aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔwɔ mprempren no. Bere biara a emu bi bɛsakra no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw Betel ntɛm ara. Telefon nɔma a wɔsakra no nso ka ho.
◼ Betel nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma ɔsram biara no abrɛ Betel, na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.