Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2005
Akwankyerɛ
Wɔ afe 2005 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no na edidi so yi.
NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible (Akuapem), Ɔwɛn-Aban [w-TW], Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso [be-TW] “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E].
Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nsɛm tiawa a wɔde ma akwaaba fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔde nea edidi so yi atoa so:
ƆKASA SU: Simma 5. Sukuu sohwɛfo no, ɔfotufo boafo, anaa ɔpanyin foforo a ɔfata begyina Ɔsom Sukuu nhoma no so akyerɛkyerɛ ɔkasa su bi mu. (Wɔ asafo horow a mpanyimfo kakraa bi na wɔwom mu no, wobetumi de asafo mu somfo a ɔfata adi dwuma.) Ɛsɛ sɛ wosusuw adaka mu nsɛm a ɛwɔ nkratafa a dwumadi no wɔ no ho ka ho, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ ɛnka ho. Ɛnsɛ sɛ wosusuw dwumadi ahorow a ɛwɔ adesua no awiei no ho ka ho. Eyinom wɔ hɔ titiriw ma asuafo no ankasa ne bere a wɔde kokoam afotu rema.
DWUMADI 1: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata yɛ, na ebegyina Ɔwɛn-Aban, Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso, anaasɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Ɛsɛ sɛ wɔde simma du ma no sɛ afotu kasa a wɔremmisa nsɛm a wobebua de atĩ mu. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ wɔbɛkenkan nsɛm no nyinaa akyerɛ kɛkɛ na mmom sɛ wɔbɛtwe adwene asi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no kɛse so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi bɛma wɔn no bɛhwɛ adi wɔn bere so. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de kokoam afotu ama wɔn.
BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Wɔ simma asia a edi kan no mu no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata no ma asɛm no fa asafo no ahiade ho. Obetumi aka dapɛn no Bible akenkan a wɔde ama no fã biara ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Dwumadi no botae titiriw ne sɛ ɛbɛboa atiefo ma wɔahu nea enti a asɛm no ho hia ne sɛnea ebetumi aboa wɔn. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye na wanni ammoro simma asia a wɔde ama ɔfã a edi kan no so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ obegyaw simma anan ama atiefo no anya dwumadi no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔfrɛ atiefo no ma wɔde bere tiaa (anibu 30 anaa nea ennu saa) ka nneɛma a wɔn ani gyee ho wɔ Bible akenkan no mu ne ɛso mfaso ahorow. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.
DWUMADI 2: Simma 4. Eyi yɛ akenkan a ɛsɛ sɛ onuabarima yɛ. Wɔbɛtaa afa akenkan no afi Bible mu. Pɛnkoro wɔ ɔsram no mu no, wɔbɛpaw dwumadi yi afi Ɔwɛn Aban no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan asɛm no a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Wɔ dapɛn biara mu no, asɛm a wɔbɛkenkan no bɛsesa kakra nanso ɛsɛ sɛ wɔde simma anan anaa nea ennu saa kenkan. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no hwɛ dwumadi no mu ansa na wakyekyɛ, na ɔhwɛ mfe a asuafo no adi ne wɔn mmɔdenbɔ so de dwumadi no ma wɔn. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ate ase, na akɔ yɔɔ, asi adwene a ɛwom so dua yiye, asakra wɔn nne, ahome wɔn kasa so wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.
DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi bɛma asuafo no anaasɛ wɔbɛma wɔapaw bi afi nea ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 82 no. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔyɛ ma ɛfata asafo no asasesin mu dwumadi. Sɛ wɔankyerɛ baabi a asɛm no fi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔde ɔkasa ahorow a wɔakyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi no ma asuafo a wɔyɛ foforo no. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho na ɔma ɔte kasa no mu nsɛntitiriw ase. Ɛsɛ sɛ asuafo a wɔde dwumadi yi ma wɔn no yɛ wɔn a wonim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma wɔn ɔboafo biako.
DWUMADI 4: Simma 5. Ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa a ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Sukuu sohwɛfo no betumi de Dwumadi 4 ama onuabarima bere biara a ɛfata. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde [*] yi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima ma wɔma no sɛ ɔkasa bere nyinaa.
BERE SODI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa ɔfotufo no nsɛm no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 2 kosi 4 no sõ a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔrema ɔkasa a wɔde fi ase a ɛfa ɔkasa su ho, Dwumadi 1, anaa Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no a, ɛsɛ sɛ wɔde kokoam afotu ma wɔn. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne bere yiye. Dwumadi no nyinaa si: Simma 45, dwom ne mpaebɔ nka ho.
AFOTU: Simma 1. Sɛ osuani biara wie ne dwumadi a, sukuu sohwɛfo no de simma biako pɛ bɛka ɔkasa no fã bi a odii ho dwuma yiye ho asɛm. Ɛnyɛ ne botae ne sɛ ɔbɛma no “mo” kɛkɛ, na mmom, sɛ ɔbɛtwe adwene asi nea enti a saa dwumadi no fã no tuu mpɔn so. Obetumi de afotu foforo a mfaso wɔ so a ɛfata ama osuani no wɔ kokoam wɔ nhyiam no akyi anaa bere foforo mu.
ƆFOTUFO BOAFO: Sɛ ɔpanyin a ɔfata wɔ hɔ a, mpanyimfo kuw no betumi apaw no aka sukuu sohwɛfo no ho ma wasom sɛ ɔfotufo boafo. Sɛ mpanyimfo pii wɔ asafo no mu a, ɛnde afe biara ɔpanyin foforo betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma. Ɔfotufo boafo no asɛyɛde ne sɛ, bere a ehia no, ɔde kokoam afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Dwumadi 1 ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi. Saa nhyehyɛe yi bɛkɔ so wɔ afe 2005 mu na ɛno akyi no ebia wɔbɛsakra mu.
AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ nhoma no mu.
NTIMU: Simma 30. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no ho ntimu. Yebedi kan asusuw ɔkasa su bi ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ho ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no so, a dapɛn no ara mu de nso ka ho. Sɛ mo asafo no wɔ ɔmansin nhyiam anaa ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo wɔ dapɛn a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde munni dwumadi nhyehyɛe ho akwankyerɛ a ɛwɔ December 2003 Yɛn Ahenni Som no kratafa 6, no akyi.
DWUMADI NHYEHYƐE
Jan. 3 Bible akenkan: Yosua 16-20 Dwom 6
Ɔkasa Su: Afoforo Tumi Te Ase (be-TW kr. 226 ¶1–kr. 227 ¶1)
No. 1: Suro Nokware Nyankopɔn No (be-TW kr. 272 ¶1–kr. 273 ¶1)
No. 2: Yosua 16:1–17:4
No. 3: Nea Enti a Bible no a Wobɛkenkan no Nko Ara Nnɔɔso (rs-E kr. 328 ¶2-3)
No. 4: So Ɔdefo anaa Ohiani a Wobɛyɛ Nnɛ no Kyerɛ sɛ Wusuro Nyankopɔn?
Jan. 10 Bible akenkan: Yosua 21-24 Dwom 100
Ɔkasa Su: Nsɛm a Wɔnte Ase a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 227 ¶2–kr. 228 ¶1)
No. 1: Onyankopɔn Din a Yɛbɛma Wɔahu (be-TW kr. 273 ¶2–kr. 274 ¶1)
No. 2: Yosua 23:1-13
No. 3: Nokware Som Gyina Bible So na Ɛma Wohu Onyankopɔn Din (rs-E kr. 328 ¶4-5)
No. 4: So Ɛfata sɛ Yɛsom Yesu?
Jan. 17 Bible akenkan: Atemmufo 1-4 Dwom 97
Ɔkasa Su: Fa Nkyerɛkyerɛmu a Ehia Ma (be-TW kr. 228 ¶2-3)
No. 1: Onii a Wɔde Din no Nim No (be-TW kr. 274 ¶2-5)
No. 2: Atemmufo 2:1-10
No. 3: Nokware Som Da Yesu Kristo Mu Gyidi Ankasa Adi (rs-E kr. 329 ¶1)
No. 4: Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Ho Ban Afi Nnwom Ho Video a Enye Ho?
Jan. 24 Bible akenkan: Atemmufo 5-7 Dwom 47
Ɔkasa Su: Sɛnea Ɛfa Koma no Ho (be-TW kr. 228 ¶4–kr. 229 ¶1)
No. 1: Onyankopɔn Din—Ɛyɛ “Aban Dennen” (be-TW kr. 274 ¶6–kr. 275 asɛmti ketewa)
No. 2: Atemmufo 6:25-35
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Bible Nya Hokwan a Yɛwɔ sɛ Yɛpaw Nea Yɛpɛ no So Tumi?
No. 4: Nokware Som Nyɛ Amanne na Mmom Wɔde Bɔ Bra (rs-E kr. 329 ¶2)
Jan. 31 Bible akenkan: Atemmufo 8-10 Dwom 174
Ɔkasa Su: W’atiefo Fa Mu Aba (be-TW kr. 230 ¶1-6)
No. 1: Yesu Ho Adanse a Yebedi (be-TW kr. 275 asɛmti ketewa–kr. 276 ¶1)
No. 2: w03-TW 1/15 kr. 19-20 ¶16-18
No. 3: Nokware Som Mufo Dodɔ Wɔn Ho na Wɔtwe Wɔn Ho Fi Wiase Ho (rs-E kr. 329 ¶3-4)
No. 4: Adedodowpɛ Kyerɛ Pii Sen Ahonyade Pii a Wubenya Kɛkɛ
Feb. 7 Bible akenkan: Atemmufo 11-14 Dwom 209
Ɔkasa Su: Nhwehwɛmu a Wobɛyɛ Ma Atiefo Afa Wo Kasa Mu Aba (be-TW kr. 231 ¶1-3)
No. 1: Dwuma a Yesu Di sɛ Ogyefo a Yebesi so Dua (be-TW kr. 276 ¶2-3)
No. 2: Atemmufo 12:1-15
No. 3: Nea Enti a Yehowa Adansefo Yɛ Biako
No. 4: Nokware Som Mufo De Nnamyɛ Di Nyankopɔn Ahenni Ho Adanse (rs-E kr. 330 ¶1)
Feb. 14 Bible akenkan: Atemmufo 15-18 Dwom 105
Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 231 ¶4-5)
No. 1: Yesu Dwumadi sɛ Ɔsɔfo Panyin ne Asafo no Ti a Yebesi So Dua (be-TW kr. 277 ¶1-2)
No. 2: Atemmufo 15:9-20
No. 3: #Sɛ Obi Ka sɛ, ‘Nea Ehia Ara ne sɛ Wubegye Yesu Adi, Asɔre a Wokɔ Mfa Ho’ (rs-E kr. 332 ¶2)
No. 4: Nea Enti a Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Kaberɛkyere Mu
Feb. 21 Bible akenkan: Atemmufo 19-21 Dwom 53
Ɔkasa Su: Nsɛmfua a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 232 ¶1)
No. 1: Yesu Dwumadi sɛ Ɔhene a Ɔredi Tumi a Wubesi So Dua (be-TW kr. 277 ¶3-4)
No. 2: w03-TW 2/1 kr. 17-18 ¶18-21
No. 3: #Sɛ Obi Ka sɛ, ‘Dɛn na Ɛma Wususuw sɛ Nokware Som Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ?’ (rs-E kr. 332 ¶3)
No. 4: Dɛn ne “Onyankopɔn Ade a Emu Dɔ” no Bi? (1 Kor. 2:10)
Feb. 28 Bible akenkan: Rut 1-4 Dwom 120
Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wosusuw Ho (be-TW kr. 232 ¶2-4)
Ntimu
Mar. 7 Bible akenkan: 1 Samuel 1-4 Dwom 221
Ɔkasa Su: Nsɛm a W’atiefo Benya So Mfaso a Wopaw (be-TW kr. 233 ¶1-5)
No. 1: Kristo a Yɛbɛto no sɛ Fapem (be-TW kr. 278 ¶1-4)
No. 2: 1 Samuel 2:1-11
No. 3: Yesu Amfa Honam Nipadua na Ɛkɔɔ Soro (rs-E kr. 334 ¶1-3)
No. 4: Nea Enti a Nokware Kristofo Nhwɛ Nsoromma Mu
Mar. 14 Bible akenkan: 1 Samuel 5-9 Dwom 151
Ɔkasa Su: Asɛm a Wɔde Ama a Wɔde Di Dwuma (be-TW kr. 234 ¶1–kr. 235 ¶3)
No. 1: Ahenni Ho Asɛmpa Yi (be-TW kr. 279 ¶1-4)
No. 2: 1 Samuel 5:1-12
No. 3: Nea Enti a Yesu Daa Ne Ho Adi Wɔ Honamdua Mu (rs-E kr. 334 ¶4–kr. 335 ¶2)
No. 4: Sɛnea Yebetumi Ahyɛ Yɛne Yehowa Ntam Abusuabɔ Mu Den
Mar. 21 Bible akenkan: 1 Samuel 10-13 Dwom 166
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So (be-TW kr. 236 ¶1-5)
No. 1: Ahenni no a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 280 ¶1-5)
No. 2: 1 Samuel 10:1-12
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Kristofo ne Wɔn Adɔfo a Ɛsono Wɔn Gyidi no Di Nsɛm?
No. 4: Wɔn a Wobenyan Wɔn Akɔka Kristo Ho no Bɛyɛ sɛ Ɔno (rs-E kr. 335 ¶4–kr. 336 ¶2)
Mar. 28 Bible akenkan: 1 Samuel 14-15 Dwom 172
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Ɛtwetwe Nsɛm a Ehia Ba (be-TW kr. 237 ¶1-2)
No. 1: Sɛnea Ahenni no Ka Yɛn Asetra a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 281 ¶1-4)
No. 2: w03-TW 3/15 kr. 19-20 ¶17-21
No. 3: Nea Enti a Kristofo Tua Wɔn Tow Ahorow
No. 4: Nea Owusɔre no Bɛkyerɛ Ama Adesamma Dodow no Ara (rs-E kr. 336 ¶3–kr. 337 ¶3)
Apr. 4 Bible akenkan: 1 Samuel 16-18 Dwom 27
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Susuw Asɛmpɔw Ho (be-TW kr. 237 ¶3–kr. 238 ¶2)
No. 1: Nea Enti a Nhomasua Ho Hia Ma Kristofo (w03-TW 3/15 kr. 10 ¶1–kr. 11 ¶5)
No. 2: 1 Samuel 17:41-51
No. 3: Nea Enti a Wɔremfa Awufo a Wobenyan Wɔn no Nneyɛe a Wɔyɛɛ no Kan no Mmu Wɔn Atɛn (rs-E kr. 338 ¶1)
No. 4: Nea Efi Yɛn Nneyɛe Mu Ba a Yebesusuw Ho no Betumi Aboa Yɛn Ma Yɛadi Papa Akyi na Yɛakyi Bɔne
Apr. 11 Bible akenkan: 1 Samuel 19-22 Dwom 73
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Ɛma Wɔda Nkate Adi (be-TW kr. 238 ¶3-5)
No. 1: Sɛnea Mmabun Betumi Anya Honhom Fam Nkɔso (w03-TW 4/1 kr. 8-10)
No. 2: 1 Samuel 20:24-34
No. 3: Nea Enti a Ahobrɛase a Nkontompo Nnim Yɛ Su Pa
No. 4: Sɛnea “Awufo Nkae no” San Ba Nkwa Mu Wɔ Asase So (rs-E kr. 338 ¶2–kr. 339 ¶2)
Apr. 18 Bible akenkan: 1 Samuel 23-25 Dwom 61
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Si Asɛm So Dua (be-TW kr. 239 ¶1-2)
No. 1: Fa Wo Koma Nyinaa Bata Yehowa Ho (w03-TW 11/1 kr. 4-7)
No. 2: w03-TW 5/1 kr. 17 ¶11-14
No. 3: Wɔn a Wɔbɛka Awufo a Wobenyan Wɔn Aba Asase So no Ho (rs-E kr. 339 ¶3–kr. 340 ¶3)
No. 4: Nea Enti a Onyankopɔn ne Abraham Yɛɛ Apam
Apr. 25 Bible akenkan: 1 Samuel 26-31 Dwom 217
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Ɛma Nsusuwii Bɔne Da Adi (be-TW kr. 239 ¶3-5)
Ntimu
May 2 Bible akenkan: 2 Samuel 1-3 Dwom 91
Ɔkasa Su: Mfatoho ne Nhwɛso Ahorow a Ɛkyerɛkyerɛ (be-TW kr. 240 ¶1–kr. 241 ¶1)
No. 1: Ɛnyɛ Adwumayɛ Nkutoo Ne Nhomasua Atirimpɔw (w03-TW 3/15 kr. 11 ¶6–kr. 14 ¶5)
No. 2: 2 Samuel 2:1-11
No. 3: Nsɛm a Ebesisi De Akyerɛ sɛ Kristo Aba no Bɛkɔ So Mfe Dodow Bi (rs-E kr. 341 ¶1-2)
No. 4: Mfaso Pii Wɔ Nokwaredi a Yɛde Bɛbɔ Yɛn Bra So
May 9 Bible akenkan: 2 Samuel 4-8 Dwom 183
Ɔkasa Su: Mfatoho Ahorow a Wode Bedi Dwuma (be-TW kr. 241 ¶2-4)
No. 1: Yehowa Dwen Mmofra Ho Ankasa (w03-TW 4/15 kr. 29 ¶4–kr. 31 ¶4)
No. 2: 2 Samuel 5:1-12
No. 3: Dɛn na Mmara Apam no Tumi Yɛe?
No. 4: Kristo Sanba Renyɛ Nea Aniwa Tua (rs-E kr. 341 ¶3–kr. 342 ¶2)
May 16 Bible akenkan: 2 Samuel 9-12 Dwom 66
Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm mu Nhwɛso Ahorow (be-TW kr. 242 ¶1-2)
No. 1: So Yehowa Hu Nea Woyɛ? (w03-TW 5/1 kr. 28-31)
No. 2: 2 Samuel 9:1-13
No. 3: Ɔkwan a Yesu Bɛfa So Asan Aba ne Sɛnea Aniwa Nyinaa Behu No (rs-E kr. 342 ¶4–kr. 343 ¶5)
No. 4: Akwan Bɛn So na Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa? (Heb. 4:12)
May 23 Bible akenkan: 2 Samuel 13-15 Dwom 103
Ɔkasa Su: So Wɔbɛte Ase? (be-TW kr. 242 ¶3–kr. 243 ¶1)
No. 1: Noa Kyerɛwtohɔ No—So Ɛkyerɛ Biribi Ma Yɛn? (w03-TW 5/15 kr. 4-7)
No. 2: 2 Samuel 13:10-22
No. 3: Sɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛte Yohane 11:25, 26 Ase?
No. 4: Nsɛm a Ebesisi Bere a Kristo Aba (rs-E kr. 344 ¶1-5)
May 30 Bible akenkan: 2 Samuel 16-18 Dwom 132
Ɔkasa Su: Nneɛma a Wonim a Wɔde Ma Mfatoho (be-TW kr. 244 ¶1-2)
No. 1: Susuw Nsɛm Ho Yiye na Yɛ Ade Wɔ Nyansam (w03-TW 7/15 kr. 21-3)
No. 2: w03-TW 5/15 kr. 16-17 ¶8-11
No. 3: Wɔnhwehwɛ sɛ Kristofo Bedi Homeda (rs-E kr. 345 ¶2–kr. 346 ¶3)
No. 4: Nea Enti a Ahobrɛase Nkyerɛ Mmerɛwyɛ
June 6 Bible akenkan: 2 Samuel 19-21 Dwom 224
Ɔkasa Su: Mfatoho a Ɛfata W’atiefo (be-TW kr. 244 ¶3–kr. 245 ¶4)
No. 1: Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho a Yebehu (w03-TW 10/1 kr. 20 ¶1–kr. 21 ¶5)
No. 2: 2 Samuel 19:1-10
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Kristoni Betumi Ahyɛn Onyankopɔn Home Mu?
No. 4: Bible Kyerɛwtohɔ Biara Nni Hɔ a Ɛkyerɛ sɛ Adam Dii Homeda (rs-E kr. 346 ¶4–kr. 347 ¶2)
June 13 Bible akenkan: 2 Samuel 22-24 Dwom 74
Ɔkasa Su: Mfonini a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So (be-TW kr. 247 ¶1-2)
No. 1: Ma Kwan Ma Wɔnkyerɛkyerɛ Wo na Kora Wo Tɛkrɛma So (w03-TW 9/15 kr. 21 ¶1–kr. 22 ¶3)
No. 2: 2 Samuel 24:10-17
No. 3: Yesu Ankyɛ Mose Mmara no mu Anyɛ no “Amanne” ne “Abrabɔ” Fam Mmara (rs-E kr. 347 ¶3–kr. 348 ¶1)
No. 4: Akwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Kristoni Twe Ne Ho Fi Wiase no Ho?
June 20 Bible akenkan: 1 Ahene 1-2 Dwom 2
Ɔkasa Su: Sɛnea Yesu De Mfonini Ahorow Dii Dwuma (be-TW kr. 247 ¶3)
No. 1: Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛpene Nea Yɛwɔ So (w03-TW 6/1 kr. 8-11)
No. 2: w03-TW 6/1 kr. 12-13 ¶1-4
No. 3: Ná Dɛn Ne Ade Titiriw wɔ Mmara a Ɛto So Du no Ho?
No. 4: Mmara Nsɛm Du no ne Mose Mmara no Nyinaa Twaa Mu (rs-E kr. 348 ¶2-3)
June 27 Bible akenkan: 1 Ahene 3-6 Dwom 167
Ɔkasa Su: Akwan a Wobɛfa So De Mfonini Adi Dwuma (be-TW kr. 248 ¶1-3)
Ntimu
July 4 Bible akenkan: 1 Ahene 7-8 Dwom 194
Ɔkasa Su: Asase Mfonini, Nhyiam Dwumadi a Wɔatintim, ne Video Ahorow a Wode Bedi Dwuma (be-TW kr. 248 ¶4–kr. 249 ¶2)
No. 1: Bu Mfɛfo Gyidifo a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Sɛ Wɔsom Bo (w03-TW 9/1 kr. 30-1)
No. 2: 1 Ahene 8:1-13
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yesu Dii Wiase So Nkonim?
No. 4: Nea Enti a Abrabɔ Pa Ho Mmara Kɔɔ So Yɛɛ Adwuma Bere a Mmara Nsɛm Du no Twaa Mu No (rs-E kr. 349 ¶1-2)
July 11 Bible akenkan: 1 Ahene 9-11 Dwom 191
Ɔkasa Su: Mfonini a Wode Bedi Dwuma Akyerɛ Kuw Akɛse (be-TW kr. 249 ¶3–kr. 250 ¶1)
No. 1: Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo Traa Asase So (w03-TW 6/15 kr. 4-7)
No. 2: 1 Ahene 9:1-9
No. 3: Nea Homeda no Kyerɛ Ma Kristofo (rs-E kr. 349 ¶3–kr. 351 ¶2)
No. 4: Bible Nnyinasosɛm a Wodi Akyi Betumi Ama Wɔadi Nnubɔnenom a Ɛka Obi Hɔ So
July 18 Bible akenkan: 1 Ahene 12-14 Dwom 162
Ɔkasa Su: Nea Enti a Nsɛm Ho a Wosusuw Ho Hia (be-TW kr. 251 ¶1-3)
No. 1: Fi Nsusuwii Mu Kɔ Nneyɛe So Kɔ Nea Efi Mu Ba So (w03-TW 1/15 kr. 30 ¶1-3)
No. 2: 1 Ahene 12:1-11
No. 3: Sɛnea Gyidi Betumi Aboa Yɛn Ma Yɛagyina Sɔhwɛ Ahorow Ano
No. 4: Wɔn a Bible Frɛ Wɔn Ahotefo (rs-E kr. 352 ¶1–kr. 353 ¶1)
July 25 Bible akenkan: 1 Ahene 15-17 Dwom 158
Ɔkasa Su: Faako a Ɛsɛ sɛ Yefi Ase (be-TW kr. 251 ¶4–kr. 252 ¶3)
No. 1: Sɛnea ‘Yebehu Nea Yehowa Pɛ Yiye’ (w03-TW 12/1 kr. 21 ¶3–kr. 23 ¶3)
No. 2: w03-TW 7/15 kr. 19 ¶15-17
No. 3: Nea Enti a Yɛmmɔ Mpae Mfa “Ahotefo” So (rs-E kr. 353 ¶2-4)
No. 4: Ɔkwan Bɛn So na Honhom Kronkron Kyekye Kristofo Werɛ?
Aug. 1 Bible akenkan: 1 Ahene 18-20 Dwom 207
Ɔkasa Su: Bere a Ɛsɛ sɛ Wugyae Nsɛm Mu (be-TW kr. 252 ¶4–kr. 253 ¶2)
No. 1: Mmabun, Monnantew Sɛnea Ɛsɛ Yehowa (w03-TW 10/15 kr. 23 ¶1–kr. 24 ¶1)
No. 2: 1 Ahene 18:1-15
No. 3: Kristofo Nyinaa Betumi Asow Aba Pii
No. 4: Nidi a Wɔde Ma Nkaede ne “Ahotefo” Ahoni Ho Nokwasɛm (rs-E kr. 354 ¶1–kr. 355 ¶1)
Aug. 8 Bible akenkan: 1 Ahene 21-22 Dwom 92
Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Yɛde Bedi Dwuma ne Nkyerɛkyerɛmu a Yɛde Bɛma (be-TW kr. 253 ¶3–kr. 254 ¶2)
No. 1: Ohia Ano Aduru a Edi Mu (w03-TW 8/1 kr. 4-7)
No. 2: 1 Ahene 21:15-26
No. 3: Kristofo Ahotefo Anokwafo Da So Ara Yɛ Abɔnefo (rs-E kr. 355 ¶2)
No. 4: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Akokoduru, na Yɛbɛyɛ Dɛn Anya?
Aug. 15 Bible akenkan: 2 Ahene 1-4 Dwom 16
Ɔkasa Su: Nkyerɛkyerɛmu a Emu Da Hɔ a Egyina Onyankopɔn Asɛm So Pintinn (be-TW kr. 255 ¶1–kr. 256 ¶2)
No. 1: Munyaa no Kwa, Na Momfa Mma Kwa (w03-TW 8/1 kr. 20-2)
No. 2: 2 Ahene 3:1-12
No. 3: Dɛn Nti na Nnipa a Wɔtraa Ase Ansa na Nsuyiri no Reba no Nyin Kyɛe Saa?
No. 4: Kyerɛwnsɛm Nkyerɛ Sɛ Wobegye Amansan Yi Mu Nnipa Nyinaa Nkwa (rs-E kr. 356 ¶3)
Aug. 22 Bible akenkan: 2 Ahene 5-8 Dwom 193
Ɔkasa Su: Fa Adanse Foforo Foa Wo Nkyerɛkyerɛmu So (be-TW kr. 256 ¶3-5)
No. 1: Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛyɛ Anifere (w03-TW 8/1 kr. 29-31)
No. 2: w03-TW 8/1 kr. 19 ¶18-22
No. 3: So Awiei Koraa no Wobegye Nnipa Nyinaa Nkwa? (rs-E kr. 357 ¶1)
No. 4: Yona Su Horow a Eye Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yesuasua?
Aug. 29 Bible akenkan: 2 Ahene 9-11 Dwom 129
Ɔkasa Su: Adanse a Ɛdɔɔso a Wode Bɛkyerɛkyerɛ Asɛm Mu (be-TW kr. 256 ¶6–kr. 257 ¶3)
Ntimu
Sept. 5 Bible akenkan: 2 Ahene 12-15 Dwom 175
Ɔkasa Su: Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam (be-TW kr. 258 ¶1-5)
No. 1: So Wode Nsiyɛ Hwehwɛ Yehowa? (w03-TW 8/15 kr. 25-8)
No. 2: 2 Ahene 12:1-12
No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Odwo Adi?
No. 4: Wobegye “Nnipa Ahorow Nyinaa” Nkwa (rs-E kr. 357 ¶2)
Sept. 12 Bible akenkan: 2 Ahene 16-18 Dwom 203
Ɔkasa Su: Nea Ɛwɔ Nkurɔfo Komam a Wubehu (be-TW kr. 259 ¶1-3)
No. 1: Dɛn na Nkurɔfo Kae Wɔ Yesu Ho? (w03-TW 8/15 kr. 6 ¶6–kr. 8 ¶6)
No. 2: 2 Ahene 16:10-20
No. 3: Bible Ka sɛ Wɔrennye Ebinom Nkwa Da (rs-E kr. 358 ¶1-3)
No. 4: Yɛbɛyɛ Dɛn Ahwehwɛ mu Ahu Nea Ɛsɔ Awurade Ani Yiye?
Sept. 19 Bible akenkan: 2 Ahene 19-22 Dwom 89
Ɔkasa Su: Nkate Pa a Wobɛkanyan (be-TW kr. 259 ¶4–kr. 260 ¶1)
No. 1: ‘So Nsɛmpa a Eye no Mu Yiye’ (w03-TW 1/1 kr. 29 ¶3–kr. 30 ¶4)
No. 2: 2 Ahene 19:20-28
No. 3: Sɛ Wogye Obi a na Ɛnkyerɛ sɛ Woanya Agye No Koraa (rs-E kr. 358 ¶4–kr. 359 ¶1)
No. 4: Dɛn na Yebetumi Asua Afi Yɛn Nuanom Kristofo a na Wɔwɔ Tete Smirna no Hɔ?
Sept. 26 Bible akenkan: 2 Ahene 23-25 Dwom 84
Ɔkasa Su: Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔasuro Nyankopɔn (be-TW kr. 260 ¶2-3)
No. 1: Bible no Ne Emu Nhoma Horow—Ɔfã 1 (si-E kr. 299 ¶1-6)
No. 2: w03-TW 8/15 kr. 20 ¶6-10
No. 3: Yɛwɔ Daakye Mu Anidaso
No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Nnwuma Bata Gyidi Ho (rs-E kr. 359 ¶2-5)
Oct. 3 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 1-4 Dwom 51
Ɔkasa Su: Sɛnea Yɛbɔ Yɛn Bra Ho Hia Onyankopɔn (be-TW kr. 260 ¶4–kr. 261 ¶1)
No. 1: Bible no Ne Emu Nhoma Horow—Ɔfã 2 (si-E kr. 300-2 ¶7-16)
No. 2: 1 Beresosɛm 4:24-43
No. 3: Nea Ɛma Yehu Ampa sɛ Ɔbonsam Wɔ Hɔ (rs-E kr. 361 ¶2–kr. 362 ¶2)
No. 4: Yehowa Dɔ Yɛn Mu Biara
Oct. 10 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 5-7 Dwom 195
Ɔkasa Su: Afoforo a Wobɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Nhwehwɛmu (be-TW kr. 261 ¶2-4)
No. 1: Bible no Ne Emu Nhoma Ahorow—Ɔfã 3 (si-E kr. 302-5 ¶17-26)
No. 2: 1 Beresosɛm 5:18-26
No. 3: Nea Yenim Fa “Yehowa Da No” Ho
No. 4: Satan Nyɛ Bɔne a Ɛwɔ Nnipa Mu Ara Kwa (rs-E kr. 362 ¶3–kr. 363 ¶1)
Oct. 17 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 8-11 Dwom 201
Ɔkasa Su: Afoforo a Wobɛhyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔafi Koma Nyinaa Mu Ayɛ Osetie (be-TW kr. 262 ¶1-4)
No. 1: Hebri Kyerɛwnsɛm No—Ɔfã 1 (si-E kr. 305-6 ¶1-5)
No. 2: 1 Beresosɛm 10:1-14
No. 3: Onyankopɔn Ammɔ Ɔbonsam (rs-E kr. 363 ¶2)
No. 4: Hena na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Anifere wɔ Ne Ho?
Oct. 24 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 12-15 Dwom 80
Ɔkasa Su: Yehowa a Wone no Bɛyɛ Biako Adu Nkurɔfo Komam (be-TW kr. 262 ¶5)
No. 1: Hebri Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 2 (si-E kr. 306-7 ¶6-9)
No. 2: w03-TW 11/1 kr. 10-11 ¶10-13
No. 3: Nea Yehowa Din Mu a Wobɛnantew no Kyerɛ Ankasa
No. 4: Nea Enti a Onyankopɔn Ansɛe Satan Amonom Hɔ Ara Bere a Ɔtew Atua No (rs-E kr. 363 ¶3–kr. 364 ¶1)
Oct. 31 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 16-20 Dwom 129
Ɔkasa Su: Bere a Wodi So Pɛpɛɛpɛ (be-TW kr. 263 ¶1–kr 264 ¶4)
Ntimu
Nov. 7 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 21-25 Dwom 215
Ɔkasa Su: Afotu a Etu Mpɔn (be-TW kr. 265 ¶1-3)
No. 1: Hebri Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 3 (si-E kr. 307-10 ¶10-16)
No. 2: 1 Beresosɛm 22:1-10
No. 3: Mmu Ɔbonsam Tumi Adewa (rs-E kr. 364 ¶2–kr 365 ¶2)
No. 4: aSɛnea Wobetumi Ahyɛ Aware Mu Den
Nov. 14 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 26-29 Dwom 35
Ɔkasa Su: Ɔdɔ Mu a Wofi Tu Fo (be-TW kr. 266 ¶1-4)
No. 1: Hebri Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 4 (si-E kr. 310-12 ¶17-25)
No. 2: 1 Beresosɛm 29:1-9
No. 3: Nea Enti a Wɔtaa Yehowa Asomfo
No. 4: Ogye a Yebenya Afi Satan Nkɛntɛnso Bɔne Ase Abɛn (rs-E kr. 365 ¶4–kr. 366 ¶3)
Nov. 21 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 1-5 Dwom 46
Ɔkasa Su: Afotu a Efi Kyerɛwnsɛm Mu (be-TW kr. 267 ¶1-2)
No. 1: Hebri Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 5 (si-E kr. 312-14 ¶26-31)
No. 2: 2 Beresosɛm 2:1-10
No. 3: Hu Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho
No. 4: bSo Nna Mu Nkitahodi Nyinaa Yɛ Bɔne? (rs-E kr. 367 ¶1–kr. 368 ¶2)
Nov. 28 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 6-9 Dwom 106
Ɔkasa Su: “Ɔkasa Mu Ahofadi” a Wubenya (be-TW kr. 267 ¶3-4)
No. 1: Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 1 (si-E kr. 315-16 ¶1-7)
No. 2: w03-TW 12/1 kr. 15-16 ¶3-6
No. 3: Sɛnea Yɛkyerɛ sɛ Yɛn Ani Ka Yehowa Ho
No. 4: cNea Bible Ka Fa Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho (rs-E kr. 368 ¶4–kr. 369 ¶2)
Dec. 5 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 10-14 Dwom 116
Ɔkasa Su: Nea Enti a Ɛho Hia sɛ Wohyɛ Nkuran (be-TW kr. 268 ¶1-3)
No. 1: Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 2 (si-E kr. 316-17 ¶8-16)
No. 2: 2 Beresosɛm 12:1-12
No. 3: Nea Enti a Yehia Onyankopɔn Dom
No. 4: Nsakrae a Ɛsɛ sɛ Woyɛ na Woasɔ Onyankopɔn Ani (rs-E kr. 369 ¶3–kr. 370 ¶1)
Dec. 12 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 15-19 Dwom 182
Ɔkasa Su: Nea Yehowa Ayɛ a Wobɛma Wɔakae (be-TW kr. 268 ¶4–kr. 269 ¶2)
No. 1: Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 3 (si-E kr. 317-19 ¶17-25)
No. 2: 2 Beresosɛm 19:1-11
No. 3: Nea Enti a Onipa a Ɔyɛ Pɛ Yɛɛ Bɔne (rs-E kr. 371 ¶2–kr. 372 ¶3)
No. 4: Nea Yebetumi Asua Afi Yesu Abusua Mu
Dec. 19 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 20-24 Dwom 186
Ɔkasa Su: Sɛnea Yehowa Aboa Ne Nkurɔfo a Wobɛma Wɔahu (be-TW kr. 269 ¶3-5)
No. 1: Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Ɔfã 4 (si-E kr. 319-20 ¶26-32)
No. 2: w03-TW 12/15 kr. 16-17 ¶13-15
No. 3: Mfaso a Ɛwɔ Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛpene Nea Yɛwɔ So So
No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yehu Aniberesɛm a Bɔne Yɛ No (rs-E kr. 373 ¶1–kr. 374 ¶1)
Dec. 26 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 25-28 Dwom 137
Ɔkasa Su: Nea Onyankopɔn Reyɛ Seesei a Wobɛkyerɛ Ho Anisɔ (be-TW kr. 270 ¶1–kr. 271 ¶2)
Ntimu
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ bere ma kwan a, munsusuw mmuae a mode bɛma wɔ nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho a ebedi mo asasesin mu ahiade ho dwuma yiye no ho.
b Sɛ bere ma kwan a, munsusuw mmuae a mode bɛma wɔ nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho a ebedi mo asasesin mu ahiade ho dwuma yiye no ho.
c Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
Fa ma anuanom mmarima nkutoo.