Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/05 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
  • Yɛn Ahenni Som—2005
Yɛn Ahenni Som—2005
km 6/05 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ June 27, 2005 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina May 2 kosi June 27, 2005 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]

ƆKASA SU

1. Dɛn nti na ntotoho ne kasakoa yɛ akwan a etu mpɔn a wɔfa so kyerɛkyerɛ ? (Gen. 22:17; Dw. 1:3; Yak. 3:6) [be-TW kr. 240 nky. 2-4, adaka]

2. Ɛhe na yebetumi anya nhwɛso ahorow a ɛma yenya asuade a ɛsom bo, nanso ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ eyi mu? [be-TW kr. 242 nky. 2-3]

3. Sɛ yɛrepaw mfatoho a ebetu mpɔn asen biara a, dɛn na ehia sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? [be-TW kr. 244 nky. 1-2]

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde mfonini di dwuma wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ saa? [be-TW kr. 247 nky. 1-2, adaka]

5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de mfonini ahorow adi dwuma wɔ asɛnka mu? [be-TW kr. 248 nky. 1-kr. 249 nky. 2]

DWUMADI 1

6. Akwankyerɛ bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛfa mmofra nhomasua ho? [w03-TW 3/15 kr. 12 nky. 2; kr. 14 nky. 3]

7. Ɔkwan bɛn so na bere a na Dawid yɛ abofra no Yehowa kyerɛɛ ne ho anigye, na ɔkwan bɛn so na Dawid nso kyerɛɛ Yehowa ho anigye? [w03-TW 4/15 kr. 29 nky. 4; kr. 30 nky. 3]

8. Dɛn nti na Yehowa ani gyee Habel afɔrebɔ no ho, na awerɛhyem bɛn na eyi ma yenya? (Gen. 4:4) [w03-TW 5/1 kr. 28 nky. 4–kr. 29 nky. 1]

9. Dɛn ne “[Yehowa, NW] nteɛso” a Mmebusɛm 3:11 tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpo no? [w03-TW 10/1 kr. 20 nky. 2-4]

10. Dɛn na ‘nea obi wɔ a ɔpene so’ a wɔde di dwuma wɔ 1 Timoteo 6:6-8 no kyerɛ? [w03-TW 6/1 kr. 9 nky. 1-2; kr. 10 nky. 1]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Dɛn na Yonatan ne Dawid ntam dɔ a ɛkaa wɔn boom no yɛɛ ho mfonini? (2 Sam. 1:26) [w89-TW 1/1 kr. 26 nky. 13]

12. Dɛn na yebetumi asua afi mmɔden a Dawid dii kan bɔe sɛ ɔde apam adaka no bɛkɔ Yerusalem no mu? (2 Sam. 6:2-9)

13. Esiane sɛ Deuteronomium 24:16 ne Hesekiel 18:20 ka sɛ ɛnsɛ sɛ wokum ɔba wɔ n’agya bɔne ho nti, dɛn nti na bere a Dawid ne Bat-Seba yɛɛ bɔne no wɔn ba no wui? (2 Sam. 12:14; 22:31)

14. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea Siba ka faa Mefiboset ho no yɛ atoro? (2 Sam. 16:1-4)

15. Dɛn nti na nea Mefiboset yɛe wɔ ɔne Siba asɛm no mu no yɛ nhwɛso pa ma yɛn? (2 Sam. 19:24-30)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena