Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban June 1
“Ɛwom sɛ obiara ka asomdwoe ho asɛm de, nanso biakoyɛ abɔ adesamma wɔ wiase. Wususuw sɛ wiase a biakoyɛ wom a yebenya yɛ daeso ara kwa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi twe adwene si aban bi a ebetumi aka nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa abom so.” Kenkan Dwom 72:7, 8, na yɛ nhyehyɛe san ne no nkosusuw sɛnea eyi bɛba mu ho.
Nyan! June 8
“Woahyɛ no nsow sɛ sɛnea honam ani kokoram retu atese no haw nnipa pii? [Twɛn ma ommua.] Awake! yi hwehwɛ nea enti a yare yi betumi ayɛ nnipa a yɛwɔ hɔ nnɛ no kɛse ne nea yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban mu.” Wo ne no nsusuw awerɛkyekyesɛm a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Hiob 33:25 no ho mfa nwie.
Ɔwɛn-Aban June 15
“Yɛn mu pii de yɛn nkwa mfe mu fã kɛse no ara bɛyɛ adwuma. Ebinom bu no sɛ nhyira; afoforo nso bu adwuma sɛ nnome. Wodwene ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 2:24.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea Bible betumi aboa yɛn ma yɛanya adwuma ho adwempa. Ɛsan ka sɛnea yebegyina adwuma mu haw ano ho asɛm.”
Nyan! June 22
“Wususuw sɛ, sɛ obiara de nsɛm yi bɔ ne bra a, anka yɛn mpɔtam ha bɛyɛ krabɛhwɛ? [Kenkan Efesofo 4:28. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka ɔhaw kɛse a yɛn mu biara hyia esiane sotɔɔ mu korɔnbɔ nti ho asɛm. Ɛkyerɛ sɛnea korɔnbɔ ne amummɔyɛ afoforo nyinaa betwam nnansa yi ara no nso mu.”