Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower May 1
“Sɛ obiara di Yesu asɛm yi so a, anka wiase tebea bɛyɛ dɛn? [Kenkan Mateo 7:12. Afei twɛn ma ommua.] Asɛm yi kyerɛ nea Yesu kae a ɛma yehu nea Kristoni a obi yɛ no kyerɛ.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 16 no kyerɛ no.
Awake! May
“So wususuw sɛ sikasɛm bɛyɛ yiye nnansa yi ara? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii nnim sɛnea Bible betumi aboa yɛn wɔ mmere a emu yɛ den saa mu. [Kenkan kyerɛwsɛm bi fi asɛm a wo ne no resusuw ho no mu.] Asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kyerɛ sɛnea afotu a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa yɛn ma yɛagyina sikasɛm a ayɛ basaa no ano.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ no.
The Watchtower June 1
“Ɛnnɛ asɔre ahorow pii nka bɔne ho asɛm te sɛ mfe bi a atwam no. So wugye di sɛ bɔne ho asɛm atwam, anaasɛ ɛyɛ biribi a ehia sɛ yesusuw ho? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Romafo 5:12.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea Bible ka fa bɔne ho.”
Awake! June
“Ɛkame ayɛ sɛ adwinnwen ahyɛ asetena mu mã. Wugye tom saa? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii te nka sɛ asɛm a ɛwɔ ha yi kyerɛ nea enti a adwinnwen adɔɔso saa no. [Kenkan 2 Timoteo 3:1.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea adwinnwen ka yɛn no ho asɛm. Ɛsan kyerɛ akwan a yɛbɛfa so adi yɛn dadwen so.”