Sɛnea Yebetumi De So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? Ama
Bere a woaka awerɛhosɛm bi a asi ho asɛm awie no, wubetumi atoa so sɛ:
“Woasusuw nea enti a sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa a, ɔma nnipa hu amane no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nhomawa yi de asɛmmisa no ho mmuae a ɛtɔ asom ma na ɛkyerɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ nnansa yi ara. [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 27 no kyerɛ no na kenkan Dwom 145:16 a ɛwɔ nkyekyɛm 22 mu no.] Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn nam so beyi amanehunu a adesamma ahyia no nyinaa afi hɔ? Mɛpɛ sɛ yesusuw saa asɛm no ho bere foforo a mɛba ha no.” Fa nhomawa no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no.
Sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka sɛ:
“Bere a mebaa ha no, yɛkenkanee saa kyerɛwsɛm yi. [Kenkan Dwom 145:16, anaa ka mu asɛm no.] Ɛno akyi no, mibisae sɛ: Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn nam so beyi amanehunu a adesamma ahyia no nyinaa afi hɔ?” Ma ɔmfa ne nhomawa no mmra. Afei bue kratafa 27 kosi 28, na munsusuw nkyekyem 23 kosi 25 ho. Ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no, anaa yɛ nhyehyɛe ne no nsusuw nkyekyɛm 26 kosi 27 ho wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
Ɔdawurubɔfo a onnya nnii mfe 20 betumi aka sɛ:
“M’atipɛnfo pii ntumi nhu nea wiase bɛyɛ wɔ mfe 10 anaa 15 a ɛda yɛn anim no. Wususuw sɛ asetra bɛyɛ dɛn saa bere no? [Twɛn ma ommua.] Ɔhaw ahorow a yehu nnɛ no kyerɛ sɛ yɛte awiei bere no mu. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-3.] Nhomawa yi de nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae ma. [Kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ nhomawa no anim no, na fa ma.] Sɛ mesan ba na wowɔ bere kakra a, m’ani begye sɛ me ne wo besusuw asɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛfa sɛnea yare ne mpanyinyɛ bɛba awiei no ho.” Yɛ nhyehyɛe san kɔsra no.
Sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka sɛ:
“Bere a yehyiae no, mekae sɛ mɛpɛ sɛ me ne wo susuw sɛnea yare ne mpanyinyɛ bɛba awiei no ho. Saa asɛm no wɔ ha.” Ma ɔmfa ne nhomawa no mmra. Afei kenkan nkyekyɛm 6 kosi 7 a ɛwɔ kratafa 23 kosi 24 no na munsusuw ho. Yɛ nhyehyɛe na munsusuw nkyekyɛm 8 kosi 9 no ho wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
Sɛ obi a wanyin ne abofra reyɛ asɛnka adwuma a, obetumi abɔ wɔn baanu din na waka sɛ:
“Sɛ hokwan wɔ hɔ a, ________ bɛpɛ sɛ ɔkenkan kyerɛwsɛm yi kyerɛ wo. [Abofra no kenkan Dwom 37:29 na ɔka ho asɛm tiawa.] Nhomawa yi kyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɛma n’atirimpɔw ma adesamma ne asase no aba mu. [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 24 kosi 27 no kyerɛ no.] Sɛ yɛsan ba ha a, m’ani begye sɛ mɛkyerɛ wo Bible bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa owusɔre ho no.” Fa nhomawa no ma no na yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
Sɛ mosan kɔ a, nea wanyin no betumi aka sɛ:
“Bere a mebaa ha no, yɛkenkanee Dwom 37:29, na mekae sɛ mɛkyerɛ wo nea Bible ka fa owusɔre ho. Hyɛ nea wɔaka wɔ ha no nsow.” Ma ɔmfa ne nhomawa no mmra. Afei munsusuw nkyekyɛm 12 kosi 14 a ɛwɔ kratafa 24 kosi 25 no ho. Ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no anaasɛ yɛ nhyehyɛe na wo ne no nsusuw nkyekyɛm 15 kosi 16 ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.