Sɛnea Yebetumi De Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? Ama
Sɛ wokyia ofiewura no wie a, wubetumi aka sɛ:
“Ɛnnɛ, ɔhaw ne huammɔdi ahyɛ wiase mu ma. Wususuw sɛ saa na wɔbɔɔ wiase maa yɛn? [Twɛn ma ommua.] Nhomawa yi ma yehu sɛ awiei koraa no, Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne asase yi no bɛbam. [Munsusuw mfonini a ɛwɔ kratafa 20 kosi 21 no ho.] Afei kenkan nkyekyɛm 9 na si Yesaia 14:24 ne 46:11 so dua.] Bere foforo a mɛba no, m’ani begye sɛ mɛkyerɛ wo faako a Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛsan de Paradise aba asase so no.” Fa nhomawa no ma, na yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
Sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka sɛ:
“Bere a mebaa ha no, mekae sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ paradise asase so. [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 20 kosi 21 no kyerɛ no bio.] Hyɛ no nsow sɛ Yesu, Petro, ne Dawid kaa Paradise ho asɛm.” Ma ɔmfa ne nhomawa no mmra. Afei dan kɔ kratafa 21 ne 22 na munsusuw nkyekyɛm 10 kosi 13 ho. Ka Bible adesua ho asɛm, anaa yɛ nhyehyɛe na wo ne no nkosusuw asɛmti nketewa a ɛwɔ kratafa 29 kosi 30 no ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
Ɔdawurubɔfo a onnya nnii mfe 20 betumi aka sɛ:
“M’atipɛnfo pii ntumi nhu nea asetra bɛyɛ daakye. Wususuw sɛ awo ntoatoaso a edi hɔ no benya asetra pa? [Twɛn ma ommua.] Bible ka asetra pa a nnipa nyinaa betumi anya daakye ho asɛm. [Bue mfonini a ɛwɔ nhomawa no kratafa 31 no na kenkan ɛho nsɛm no. Afei kenkan 2 Petro 3:13.] Nhomawa yi ka nhyira a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma adesamma no ho asɛm. [Si nsɛmti nketewa a ɛwɔ kratafa 29 kosi 30 no so dua, na fa nhomawa no ma.] Mepɛ sɛ mesan bɛsra wo ne wo susuw ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma akodi nyinaa to atwa no ho.” Yɛ nhyehyɛe na san kɔsra no.
Sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka sɛ:
“Bere a mebaa ha no, mekaa sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsan de paradise aba asase so no ho asɛm tiawa. [Twe adwene si mfonini a ɛwɔ kratafa 31 no so bio.] M’ani begye sɛ mehu w’adwene wɔ ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma akodi nyinaa to atwa no ho.” Ma ɔmfa ne nhomawa no mmra. Afei monkenkan nkyekyɛm 3 kosi 6 wɔ kratafa 29, na munsusuw ho. Yɛ nhyehyɛe ma munsusuw nkyekyɛm 7 kosi 8 ho wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
Sɛ obi a wanyin ne abofra reyɛ asɛnka adwuma a, obetumi abɔ wɔn baanu din na waka sɛ:
“Sɛ hokwan wɔ hɔ a, ________ bɛpɛ sɛ ɔde mfonini bi kyerɛ wo na ɔkenkan Bible mu asɛm biako ka ho. [Abofra no de mfonini a ɛwɔ kratafa 31 no kyerɛ no, na ɔkenkan mfonini no ho asɛm ne afei Adiyisɛm 21:4.] Nhomawa yi kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ wɔ ɔhaw ahorow a yehyia no ho mu. [Ka nsɛmti nketewa a wɔakyerɛw no akɛse a ɛwɔ kratafa 29 kosi 30 no ho asɛm tiawa, na fa nhomawa no ma.] Sɛ yɛsan ba a, mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo nea Bible no ka fa sɛnea wɔde nyarewa nyinaa bɛba awiei no ho asɛm.”
Sɛ wɔsan kɔ a, ɔpanyin no betumi aka sɛ:
“Wɔ nkɔmmɔ a yɛbɔe bere a yɛbaa ha mu no, mekae sɛ mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo nea Bible ka fa sɛnea wɔde nyarewa nyinaa bɛba awiei ho asɛm. Hyɛ nea wɔka wɔ ha no nsow.” Ma ɔmfa ne nhomawa no mmra. Afei munsusuw nkyekyɛm 9 kosi 14 ho wɔ kratafa 29. Ka Bible adesua ho asɛm, anaa yɛ nhyehyɛe ma munsusuw nkyekyɛm 15 kosi 17 ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.