Nhomawa a Yɛde Bɛma Nnipa a Wɔnyɛ Kristofo
Lasting Peace and Happiness—How to Find Them
Sɛ woredi Chinani a ɔkɔ sukuu adanse a, wubetumi aka sɛ:
“Ade biako a mahu sɛ ehia sukuufo paa ne sɛ, wɔn nyinaa pɛ asomdwoe ne anigye. Wususuw sɛ eyi ho hia? [Twɛn ma ommua.] So ɛrenyɛ anigye sɛ yebehu sɛ asɛm a wɔka too hɔ teteete no bɛbam anaa?” Kenkan Dwom 37:11, na fa nhomawa no ma no.—km-TW 2/98 kr. 5.
“Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
Wubetumi aka eyi akyerɛ obi a ne mfe akɔ anim a ɔyɛ Buddhani:
“Ebia ɔbrasɛe ho nsɛm a abu so nnansa yi ne sɛnea enya yɛn mma so tumi no haw wo sɛnea ɛhaw me no ara. Adɛn nti na mmofra bra asɛe kɛse saa? [Twɛn ma ommua.] Wunim sɛ wɔkaa eyi ho asɛm wɔ nhoma bi a wɔkyerɛw no bere tenten ansa na Nkramosom, Kristosom, ne Hindusom reba mu? [Kenkan 2 Timoteo 3:1-3.] Hyɛ no nsow sɛ tebea a ɛtete saa kɔ so ɛmfa ho sɛ nhomasua renya nkɔanim no. [Kenkan nkyekyem 7.] Nhoma yi na ɛboaa me ma mihuu nokware a nnipa pii ntee ho asɛm da no. Wobɛpɛ sɛ wokenkan?”—km-TW 8/99 kr. 8.
Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?
Ebia wubetumi aka eyi akyerɛ Hinduni abofra:
“Akyinnye biara nni ho sɛ wugye Onyankopɔn di. Wususuw sɛ dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Genesis 1:28.] Nnipa adɔɔso dodo wɔ mmeae pii, na ɔhaw ayɛ hɔ ma. Wususuw sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yedi yɛn haw ahorow ho dwuma?” Twɛn ma ommua. Afei fa nhomawa no ma no.—km-TW 9/99 kr. 8.
The Guidance of God—Our Way to Paradise
Sɛ wo ne Kramoni rekasa a, wubetumi aka sɛ:
“Merebɔ mmɔden kɛse sɛ me ne Nkramofo bɛkasa. Minim sɛ Nkramofo gye nokware Nyankopɔn koro pɛ no ne adiyifo no nyinaa di. Ɛte saa ampa? [Twɛn ma ommua.] Mepɛ sɛ meka tete nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ asase bɛdan paradise ho asɛm kyerɛ wo. So metumi akenkan asɛm a odiyifo no kae no akyerɛ wo? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yesaia 11:6-9.] Nkɔmhyɛ yi ma mekae asɛm bi a Koran aka a ɛwɔ nhomawa yi mu no.” Bue Guidance of God nhomawa no kratafa 9, na kenkan asɛm a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw no. Sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, montoa nkɔmmɔbɔ no so mfa nsusuw nkyekyɛm 7 kosi 9 a ɛwɔ kratafa 8 no ho.—km-TW 11/99 kr. 8.
Why Should We Worship God in Love and Truth?
Hinduni barima a ɔwɔ abusua ani betumi agye eyi ho:
“Meresrasra nnipa a sɛnea abusua asetra te wɔ aman pii mu nnɛ no haw wɔn no. Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛboa mmusua ma wɔayɛ biako? [Twɛn ma ommua.] Nnipa binom nim nea Hindufo nhoma kronkron no ka fa abusua ho, nanso wonnyaa hokwan da sɛ wɔde eyi bɛtoto nea Bible ka fa asɛm no ho no ho. Mepɛ sɛ meka eyi ho asɛm kyerɛ wo. [Kenkan Kolosefo 3:12-14.] Nhomawa yi pɛɛpɛɛ Indiafo nhoma kronkron no ne Bible no nso mu.” Fa nhomawa no ma no, na twe adwene si kratafa 8 kosi 9 ne 20 kosi 21 so.—km-TW 9/99 kr. 8.
Will There Ever Be a World Without War?
Sɛ woredi Yudani adanse a, wubetumi aka sɛ:
“Yɛn mu pii adi yɛn dɔfo bi wu ho awerɛhow pɛn. Wususuw sɛ sɛ yewu a, dɛn na ɛba yɛn so?” Twɛn ma ommua. Afei fa adaka no mu asɛm a ɛne “Death and the Soul—What Are They?” a ɛwɔ World Without War nhomawa no kratafa 22 no kyerɛ no. Kenkan owusɔre ho asɛm a ɛwɔ nkyekyem 17 wɔ kratafa 23 no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ na tete agya Hiob wɔ owusɔre ho anidaso. Fa nhomawa no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔ ne no nsusuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nkyekyem 17 awiei no ho.—km-TW 10/99 kr. 8.