Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a ɛfata. September: Yɛde Creation nhoma no (kɛse anaa ketewa) no bɛma. Sɛ ebi nni hɔ a, mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ama. Sɛ afiewuranom annye nhoma no a, mubetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama wɔn. October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn.
◼ Efi September no, amansin so ahwɛfo bɛma baguam kasa a asɛmti ne “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Kyerɛ Wo Kwan?”
◼ Yɛhyɛ nyansa sɛ, wɔmma Betel adwumayɛbea no nsa nka daa akwampaefo akwammisa nkrataa no anyɛ yiye koraa nnafua 30 ansa na bere a wɔpɛ sɛ wofi ase no adu. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no hwehwɛ ne nyinaa mu hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtee a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da bi na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyɛ saa da yi nsow na ɔkyerɛw gu Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ (S-21) kratasin no so.
◼ Yɛresan akae ahwɛfo aguamtrafo sɛ wɔnyɛ nsakrae a ehia na ama wɔatumi asusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” a ɛwɔ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3 no ho. Ɛsɛ sɛ wosusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Mu Ntimu” no ho wɔ nhyiam no akyi pɛɛ. Yɛsrɛ sɛ munni akwankyerɛ a wɔde mae wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 no akyi.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ daa ɔkwampaefo biara a ɔwɔ asafo no mu no Pioneer Appointment Letter (S-202). Sɛ wonni bi a, yɛsrɛ sɛ monkyerɛw Betel adwumayɛbea no.
◼ Yɛrehyɛ mpanyimfo, titiriw ɔsom boayikuw no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ akwampaefo dwumadi mu, a adwene no ne sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ wɔn nhyehyɛe yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ sɛ wonya bere a 2005 ɔsom afe reba n’awiei wɔ August mu no ho.
◼ Esiane sɛ ɛrenkyɛ koraa na 2005 ɔsom afe no aba n’awiei nti, yɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mmra ntɛm. Eyi bɛboa ma asafo mu akyerɛwfo no ayɛ ho adwuma de amena Betel adwumayɛbea no ntɛm. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma ɔsom afe akontaabu no ayɛ pɛpɛɛpɛ.
◼ Seesei a yɛawie Betel ntrɛwmu adwuma no na yɛahyira so no, ankorankoro ne mmusua betumi aba abɛhwehwɛ ha. Sɛ ɛyɛ asafo mũ anaa nnipa dodow bi na wɔbɛba a, ɛsɛ sɛ wodi kan kyerɛw krataa de bɛbɔ yɛn amanneɛ ma yehu bere a wɔbɛba na ama yɛayɛ nhyehyɛe pɔtee ama wɔn. Ɛsɛ sɛ obiara a wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba abɛhwehwɛ Betel no kenkan asɛm a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no, kratafa 138 a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho no. Sɛ yɛne yɛn Bible asuafo na ɛreba nsrahwɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ wɔn nso ahosiesie fata.