Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase September 12
Dwom 29
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ne September 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Ma ɔpanyin nyɛ ɔyɛkyerɛ no biako na ɔbabun nso nyɛ nea ɛka ho no. Wɔyɛ ɔyɛkyerɛ no biara wie a, si emu nsɛm bi a ɛfata so dua.
20 min: “Hwɛ Wo Bere So Yiye.” Ma atiefo nka sɛnea wɔyɛ wɔn nhyehyɛe de nya bere kenkan Bible no da biara. Hyɛ mmusua nkuran ma wɔmfa krataa a ɛhyɛ May 2005 Yɛn Ahenni Som mu no nhyehyɛ honhom fam dwumadi ahorow.
15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som no mu ɔfã 1 ne 2 so. Wubetumi ahwɛ August 2004 Yɛn Ahenni Som kratafa 1 nso. Dɛn nti na ehia sɛ wusiesie wo ho yiye ma Bible adesua biara a wobɛyɛ? Dɛn na ɛhwehwɛ sɛ woyɛ? Ma atiefo nka sɛnea wɔde nyansahyɛ a wɔde ama no adi dwuma. Ka adaka a ɛwɔ soro wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu kratafa a edi kan no mu asɛm fa wie.
Dwom 110 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 19
Dwom 168
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ krataa a efi Betel a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa a edi kan no ho.
20 min: Dɛn na Yetumi Yɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔsom adwuma sohwɛfo ka ɔsom afe a etwaam no dwumadi ho asɛm. Twe adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran a mutumi yɛe wɔ ɔsom adwuma mu no so na kamfo wɔn sɛnea ɛsɛ. Kyerɛ ɔfã biako anaa afã abien bi a ɛsɛ sɛ asafo no yere wɔn ho wom wɔ afe a ɛda yɛn anim no mu. Ka akwampaefo no dwumadi ho asɛm na kamfo wɔn wɔ adwumaden a wɔyɛe no ho. Ka adepa a afi mmɔden a mode boaa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu aba no ho asɛm.
15 min: “Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den.” Ma atiefo nka sɛnea ɔdɔ mu a afoforo fi dwen wɔn ho no aboa wɔn no ho asɛm.
Dwom 199 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 26
Dwom 122
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan asafo no sikasɛm ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka ntoboa a mode menae no. Kae atiefo ma wɔmfa September asɛnka akontaabu mmra.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: Fa Nsɛmma Nhoma So Ka Asɛmpa No. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Awake! bɛma wɔ October mu. Wɔ nnianim asɛm no mu no, munsusuw nyansahyɛ a ɛwɔ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 ne 5, nkyekyɛm 3-6 no ho: (1) Fa abien no bom ma. (2) Dapɛn biara, yɛ nhyehyɛe fa dakoro kyekyɛ nsɛmma nhoma. (3) Fa nsɛmma nhoma dodow a wopɛ sɛ wode ma ɔsram biara no si w’anim. (4) Hokwan biara a wubenya no, fa nsɛmma nhoma ma. (5) Fa nsɛmma nhoma dedaw no ma. Ma wonhu sɛnea wobetumi de nyansahyɛ yi adi dwuma wɔ asafo no mu. Afei sɛ nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 wɔ ɔsram yi Yɛn Ahenni Som mu no fata mo asasesin no a, fa yɛ sɛnea wɔde September 15 Ɔwɛn-Aban ne September 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Bio nso, twe adwene si nsɛmma nhoma no mu nsɛm afoforo a ebia nnipa a wɔwɔ asasesin no mu no ani begye ho so, na ma wɔmfa emu biako nyɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔyɛ ɔyɛkyerɛ no biara wie a, si emu nsɛm bi a ɛfata so dua.
Dwom 3 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 3
Dwom 54
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: “Boa Afoforo ma Womfi ‘Komam Nyɛ Osetie.’” Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu nsɛm sɛnea bere bɛma kwan.
20 min: Ma Yehowa Ani Nnye. (Mmeb. 27:11) Bisabisa nnipa baanu anaa baasa a wɔde nokwaredi asom Yehowa akyɛ no nsɛm. Ma wɔn mu biara nka ade biako anaa nneɛma abien bi a aboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ osetie ama Yehowa no. Nneɛma a wobetumi aka ho asɛm no bi ne nsi a wɔde sua Bible, nhyiam a wɔkɔ daa, anokwafo a wɔne wɔn bɔ fekuw, asɛnka adwuma no a wofi koma nyinaa mu yɛ, mpaebɔ a efi komam, ne anigyede a ɛmfata a wɔkwati. Osetie ho sɔhwɛ bɛn na wohyiae, na ɔkwan bɛn so na wɔfa dii sɔhwɛ no so? Wɔanya mfaso bi afi wɔn setie no so?
Dwom 170 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.