Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ October 31, 2005 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina September 5 kosi October 31, 2005 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ Onyankopɔn Asɛm a yɛkyerɛkyerɛ no du nkurɔfo komam? (Mat. 13:19) [be-TW kr. 258 nky. 1-2, adaka]
2. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ obi komam, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? [be-TW kr. 259 nky. 1-2]
3. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yesi Yehowa su ahorow a ɛyɛ anigye no so dua? [be-TW kr. 260 nky. 1]
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn Bible asuafo ma wɔahu nneɛma bi a ɛsɛ sɛ wonya nkɔso wom? [be-TW kr. 260 nky. 4–kr. 261 nky. 1]
5. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible asuafo anaa yɛn atiefo ma wɔahwehwɛ adwene a wɔde yɛ nneɛma mu? [be-TW kr. 262 nky. 1-2]
DWUMADI 1
6. Sɛ Bible ka sɛ obi de nsi anaa ‘n’ani abere rehwehwɛ’ Yehowa a, ase ne dɛn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ yɛreyɛ eyi? (Heb. 11:6) [w03-TW 8/15 kr. 25 nky. 2; kr. 26 nky. 1-2; kr. 27 nky. 1]
7. Dɛn ne “nsɛm a eye” no, na mpanyimfo bɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ wɔaso mu? (2 Tim. 1:13, 14) [w03-TW 1/1 kr. 29 nky. 3–kr. 30 nky. 1]
8. Asɛm “Bible canon” no kyerɛ dɛn, na nneɛma bɛn na wogyina so tumi kyerɛ sɛ nhoma bi yɛ nea wogye tom sɛ ɛyɛ Bible mu nhoma? [si-E kr. 299 nky. 5-6]
9. Dɛn nti na Muratori Nhoma a Ayɛ Asinasin a wɔkyerɛw no afeha a ɛto so abien Y.B. awiei mu hɔ no ho hia paa wɔ nea ɛma wogye tom sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka Bible mu nhoma ho? [si–E kr. 302 nky. 19]
10. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ankasa ka de kyerɛ sɛ ɛfata sɛ wɔkyerɛ Bible no ase kɔ kasa horow mu, na dwuma bɛn na tete Bible nkyerɛase ahorow adi? [si-E kr. 307 nky. 9]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. So 2 Ahene 13:21 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nidi ma ɔsom mu nkaede?
12. So na Hesekia ne Misraim ayɛ apam? (2 Ahe. 18:19-21, 25)
13. Ɛwom sɛ Asiriafo abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ nka nkonim a ɛyɛ nwonwa a Yehowa dii wɔ Sanaherib so no ho asɛm pɔtee de, nanso dɛn na ɛyɛ wo nwonwa wɔ saa kyerɛwtohɔ no mu? (2 Ahe. 19:35, 36)
14. Ná hena ne Sealtiel agya? (1 Be. 3:16-18)
15. Wɔ Ɔhene Saul bere so no, ɔkwan bɛn so na Rubenfo ne Gadfo, ne Manase abusuakuw fã no yɛɛ nhwɛso pa maa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa? (1 Be. 5:18-22)