Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! Baabi a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. November: Momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No mma. Sɛ afiewuranom ka sɛ wonni mma a, mubetumi de Nimdeɛ nhoma no anaa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no ama wɔn. December: Momfa Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no mma. January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a etumi dodow so anaa wotintimii ansa na afe 1991 reba a mo asafo no wɔ bi ama.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ October mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma.
◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2006,” na ɛsɛ sɛ wode sie na wode adi dwuma wɔ 2006 nyinaa mu.
◼ Asafo ahorow ne ankorankoro nhyɛ no nsow: Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa biara a wɔde kɔma Betel adwumayɛbea no so sɛ Christian Congregation of Jehovah’s Witnesses anaasɛ Watch Tower Society, gye sɛ wɔhyɛ da ka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw no saa. Nkyerɛw nhoma kotoku a krataa a ɛfa asafo no ho hyem no nkɔma Baa Boayikuw no anaa Baa Boayikuw nsɛm ho dwumadifo anaa obiara a ɔwɔ Betel. Sɛ ɛba saa a, ɛremma yenni mo adesrɛ no ho dwuma ntɛm.