Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe Ma 2006
Akwankyerɛ
Nhyehyɛe a edidi so yi na yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ afe 2006 mu.
NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible (Akuapem), Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase [bi7-TW] Ɔwɛn-Aban [w-TW], Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso [be-TW] “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E].
Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nsɛm tiawa a wɔde ma akwaaba fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔde sɛnea wɔahyehyɛ dwumadi no wɔ ase hɔ no atoa so. Sɛ wowie dwumadi biara a, sukuu sohwɛfo no bɛfrɛ nea ɔwɔ dwumadi a edi hɔ no.
ƆKASA SU: Simma 5. Sukuu sohwɛfo no, ɔfotufo boafo, anaa ɔpanyin foforo a ɔfata begyina Ɔsom Sukuu nhoma no so akyerɛkyerɛ ɔkasa su bi mu. (Wɔ asafo horow a mpanyimfo kakraa bi na wɔwom mu no, wobetumi de ama asafo mu somfo.)
DWUMADI 1: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata yɛ, na ebegyina Ɔwɛn-Aban, Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso, anaasɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Ɛsɛ sɛ wɔde simma du ma no sɛ ɔkyerɛkyerɛ kasa a wɔremmisa nsɛm a wobebua de atĩ mu. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ wɔbɛkenkan nsɛm no nyinaa akyerɛ kɛkɛ na mmom sɛ wɔbɛtwe adwene asi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no kɛse so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi bɛma wɔn no bɛhwɛ adi wɔn bere so. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de afotu ama wɔn wɔ kokoam.
BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata de Bible akenkan no di asafo no ahiade ho dwuma wɔ simma anum a edi kan no mu. Obetumi aka dapɛn no Bible akenkan a wɔde ama no fã biara ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Botae titiriw no ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti a asɛm no ho hia ne sɛnea ebetumi aboa wɔn. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye na wanni ammoro simma anum a wɔde ama ɔfã a edi kan no so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ obegyaw simma anum ama atiefo no ma wɔde anya dwumadi no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔfrɛ atiefo no ma wɔde bere tiaa (anibu 30 anaa nea ennu saa) ka nneɛma a wɔn ani gyee ho wɔ Bible akenkan no mu ne ɛso mfaso ahorow ho asɛm. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.
DWUMADI 2: Simma 4 anaa nea ennu saa. Eyi yɛ akenkan a ɛsɛ sɛ wɔde ma onuabarima. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan asɛm no a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Sɛ Bible akenkan no fi Dwom nhoma no mu a, ɛsɛ sɛ ɔkenkan atifi asɛm no ka ho. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ma ntease abam, na akɔ yɔɔ, asi adwene a ɛwom so dua yiye, asakra wɔn nne, ahome wɔn kasa mu wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.
DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi bɛma asuafo no anaasɛ wɔbɛma wɔapaw bi afi nea ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 82 no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔyɛ ma ɛfata asafo no asasesin mu dwumadi. Sɛ wɔankyerɛ baabi a asɛm no fi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔma asuafo a wɔyɛ foforo no dwumadi a wɔakyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho na ɔma ɔte kasa no mu nsɛntitiriw ase. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔboafo biako.
DWUMADI 4: Simma 5. Ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de di ɔfã yi ho dwuma. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa a ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Sukuu sohwɛfo no betumi de Dwumadi 4 no ama onuabarima bere biara a ɔte nka sɛ ɛfata. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde [*] yi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima ma wɔma no sɛ ɔkasa bere nyinaa.
BERE SO DI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa ɔfotufo no nsɛm no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 2 kosi 4 no sõ a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔrema ɔkasa a wɔde fi ase a ɛne ɔkasa su no, Dwumadi 1, anaa Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no so a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔn wɔ kokoam. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne bere yiye. Dwumadi no nyinaa si: Simma 45, dwom ne mpaebɔ nka ho.
AFOTU: Simma 1. Sɛ wowie Dwumadi a ɛto so 2, 3, ne 4 no a, sukuu sohwɛfo no de simma biako pɛ bɛka ɔkasa no fã bi a wodii ho dwuma yiye ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Ɛnyɛ ne botae ne sɛ ɔbɛma no “mo” kɛkɛ, na mmom, sɛ ɔbɛtwe adwene asi nea enti a saa dwumadi no fã no tu mpɔn so. Obetumi de afotu foforo a mfaso wɔ so a ɛfata ama osuani no wɔ kokoam wɔ nhyiam no akyi anaa bere foforo mu.
ƆFOTUFO BOAFO: Sɛ ɔpanyin a ɔfata wɔ hɔ a, mpanyimfo kuw no betumi apaw no aka sukuu sohwɛfo no ho ma wasom sɛ ɔfotufo boafo. Sɛ mpanyimfo pii wɔ asafo no mu a, ɛnde afe biara ɔpanyin foforo betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma. Ɔfotufo boafo no asɛyɛde ne sɛ, bere a ehia no, ɔde afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Dwumadi 1 ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no wɔ kokoam. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi.
AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ nhoma no mu.
NTIMU: Simma 30. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no ho ntimu. Yebedi kan asusuw ɔkasa su bi ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no so, a dapɛn no ara mu de nso ka ho. Sɛ mo asafo no wɔ ɔmansin nhyiam bere a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde monyɛ ntimu (ne saa dapɛn no mu sukuu) no wɔ dapɛn a edi ɔmansin nhyiam no akyi no mu na monyɛ saa dapɛn no sukuu no wɔ dapɛn a mokɔ ɔmansin nhyiam no mu. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no wɔ dapɛn a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde monto dwom a ɛwɔ sukuu dwumadi no ho nhyehyɛe no mu no, na monyɛ ɔkasa su ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no sɛnea wɔayɛ ho nhyehyɛe ama saa dapɛn no. Nanso, ɛsɛ sɛ woyi ɔkyerɛkyerɛ kasa (a wɔma wɔ ɔkasa su no akyi) no fi dapɛn a edi hɔ ho nhyehyɛe no mu. Afei dapɛn a edi hɔ no, yɛde saa dapɛn no mu ɔkasa su ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no befi Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no ase na yɛde ntimu no atoa so.
DWUMADI HO NHYEHYƐE
Jan. 2 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 29-33 Dwom 91
Ɔkasa Su: Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso Kosi Ase (be-TW kr. 5 ¶1–kr. 8 ¶1)
No. 1: Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Anisɔ (be-TW kr. 9 ¶1-5)
No. 2: 2 Beresosɛm 30:1-12
No. 3: Nea Enti a Nokware Kristofo Nka Kasafĩ
No. 4: Sɛnea Bɔne Aka Yɛne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ (rs-E kr. 374 ¶2–kr. 375 ¶2)
Jan. 9 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 33–36 Dwom 144
Ɔkasa Su: Akenkan a Emu Da Hɔ (be-TW kr. 83 ¶1-5)
No. 1: 2 Beresosɛm Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 84 ¶34-6)
No. 2: 2 Beresosɛm 34:1-11
No. 3: Nea Bible Ka Fa Ɔkra Ho (rs-E kr. 375 ¶4–kr. 376 ¶4)
No. 4: Mma Ɛnyɛ Wo Aniwu Da sɛ Wode Bible Gyinapɛn Bɛbɔ Wo Bra
Jan. 16 Bible akenkan: Esra 1–5 Dwom 137
Ɔkasa Su: Sɛnea Wobɛkenkan Ma Emu Ada Hɔ (be-TW kr. 84 ¶1–kr. 85 ¶3)
No. 1: Esra Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 85 ¶1-7)
No. 2: Esra 1:1-11
No. 3: Mfaso a Ɛwɔ Ahonim Pa a Wubenya So
No. 4: Mmoa Yɛ Akra (rs-E kr. 376 ¶5–kr. 377 ¶3)
Jan. 23 Bible akenkan: Esra 6-10 Dwom 106
Ɔkasa Su: Nsɛm a Wɔka Ma Emu Da Hɔ (be-TW kr. 86 ¶1-6)
No. 1: Esra Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 87 ¶14-18)
No. 2: Esra 6:1-12
No. 3: Sɛ Obi Wu a, Ne Kra Anaa Ne Honhom Nkɔ So Ntra Ase (rs-E kr. 377 ¶4–kr. 379 ¶6)
No. 4: a Sɛnea Onyankopɔn Bu Aware
Jan. 30 Bible akenkan: Nehemia 1-4 Dwom 161
Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔkasa Ma Emu Da Hɔ (be-TW kr. 87 ¶1–kr. 88 ¶3)
No. 1: Nehemia Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 88 ¶1-5)
No. 2: Nehemia 2:1-10
No. 3: Ahobammɔ a Mfaso Wɔ So Sen Biara
No. 4: Dɛn Ne Honhom Kronkron? (rs-E kr. 380 ¶2–kr. 381 ¶1)
Feb. 6 Bible akenkan: Nehemia 5–8 Dwom 40
Ɔkasa Su: Nsɛmfua Din a Wɔbobɔ no Yiye—Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho (be-TW kr. 89 ¶1–kr. 90 ¶2)
No. 1: Kenkan Bible no Da Biara (be-TW kr. 10 ¶1–kr. 12 ¶3)
No. 2: Nehemia 5:1-13
No. 3: Dɛn na Ɛma Yehu sɛ Obi Wɔ Honhom Kronkron? (rs-E kr. 381 ¶3–kr. 382 ¶1)
No. 4: “Kora Wo Koma So” (Mmeb. 4:23)
Feb. 13 Bible akenkan: Nehemia 9-11 Dwom 159
Ɔkasa Su: Akwan a Wobɛfa So Ama Sɛnea Wobobɔ Nsɛmfua Din Atu Mpɔn (be-TW kr. 90 ¶3–kr. 92)
No. 1: Wɔresua Asomdwoe Ɛnyɛ Akodi (w04-TW 1/1 kr. 6 ¶8–kr. 7 ¶5)
No. 2: Nehemia 10:28-37
No. 3: Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Dɔ Yɛn
No. 4: Onipa Nni Honhom Bi a Ɛkɔ So Tra Ase Bere a Wawu No (rs-E kr. 382 ¶5–kr. 383 ¶2)
Feb. 20 Bible akenkan: Nehemia 12–13 Dwom 118
Ɔkasa Su: Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ (be-TW kr. 93 ¶1–kr. 94 ¶3)
No. 1: Nehemia Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 90-1 ¶16-19)
No. 2: Nehemia 13:1-14
No. 3: Nea Enti a Yentumi ne Awufo Nni Nkitaho (rs-E kr. 384 ¶3–kr. 385 ¶4)
No. 4: b Ɛnyɛ Papa sɛ Kristofo Bɛhwɛ Video So Agodie a Basabasayɛ Wom
Feb. 27 Bible akenkan: Ester 1–5 Dwom 215
Ɔkasa Su: Sɛnea Wubetumi Akasa Ma Akɔ Yɔɔ (be-TW kr. 94 ¶4–kr. 96 ¶2, adaka a ɛwɔ kr. 95 no nka ho)
Ntimu
Mar. 6 Bible akenkan: Ester 6–10 Dwom 74
Ɔkasa Su: Sɛnea Wubedi Dodow Po So (be-TW kr. 95, adaka no)
No. 1: Ester Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 91-4 ¶1-6, 16-18)
No. 2: Ester 6:1-10
No. 3: Mmuae Bɔkɔɔ Betumi Asianka Anibere
No. 4: Nea Enti a Nokware Kristofo Kwati Ahonhonsɛmdi Biara (rs-E kr. 385 ¶5–kr. 387 ¶3)
Mar. 13 Bible akenkan: Hiob 1–5 Dwom 160
Ɔkasa Su: Home Fa Hyɛ Wo Kasa Mu Agyirae Anaa Fa Dan Adwene Kɔ Asɛm Foforo So (be-TW kr. 97 ¶1–kr. 98 ¶5)
No. 1: Hiob Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 95-6 ¶1-6)
No. 2: Hiob 2:1-13
No. 3: Nkyerɛ Adaemone Tumi Ho Anigye (rs-E kr. 387 ¶4–kr. 388 ¶2)
No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Nokware Kristofo Kwati Anwiinwii
Mar. 20 Bible akenkan: Hiob 6–10 Dwom 214
Ɔkasa Su: Home Fa Si Asɛm so Dua, Home Fa Tie Afoforo (be-TW kr. 99 ¶1–kr. 100 ¶4)
No. 1: Sɛnea Honhom Fam Nneɛma Som Bo (w04-TW 10/15 kr. 4 ¶2–kr. 5 ¶3)
No. 2: Hiob 7:1-21
No. 3: Nea Ɛkyerɛ sɛ Obi Komam Tew
No. 4: Sɛnea Yebetumi Ade Yɛn Ho Afi Ahonhommɔne Nkɛntɛnso Ase (rs-E kr. 388 ¶3–kr. 389 ¶4)
Mar. 27 Bible akenkan: Hiob 11-15 Dwom 8
Ɔkasa Su: Adwene a Ɛwom a Wosi So Dua Yiye (be-TW kr. 101 ¶1–kr. 102 ¶3)
No. 1: ‘Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye’ (be-TW kr. 13 ¶1–kr. 14 ¶4)
No. 2: Hiob 12:1-25
No. 3: Hwɛ Yiye na Woanyɛ Obi a Ɔyɛ Nea Ɔpɛ Nkutoo (rs-E kr. 390 ¶1-4)
No. 4: Nea Enti a Ɔsom Adwuma no Ma Yɛn Ani Gye
Apr. 3 Bible akenkan: Hiob 16-20 Dwom 50
Ɔkasa Su: Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Adwene a Ɛwɔ Asɛm Mu So Duasi Mu (be-TW kr. 102 ¶4–kr. 104 ¶3)
No. 1: Sɛnea Yɛda no Adi sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn (w04-TW 3/1 kr. 19-21)
No. 2: Hiob 16:1-22
No. 3: Sɛnea Yehowa Twe Nkurɔfo Ma Wɔbɛsom No
No. 4: c Asiane a Ɛwɔ Ahantan ne Atuatew Mu (rs-E kr. 391 ¶1-2)
Apr. 10 Bible akenkan: Hiob 21-27 Dwom 119
Ɔkasa Su: Nsɛntitiriw a Wosi so Dua (be-TW kr. 105 ¶1–kr. 106 ¶2)
No. 1: Honhom Fam Nneɛma De Nhyira Ba (w04-TW 10/15 kr. 5 ¶4–kr. 7 ¶3)
No. 2: Hiob 24:1-20
No. 3: Yehowa Ma Tumi a Ɛboro Nnipa De So
No. 4: d Hwɛ Yiye Wɔ Honam Akɔnnɔ Ho (rs-E kr. 391 ¶3)
Apr. 17 Bible akenkan: Hiob 28-32 Dwom 100
Ɔkasa Su: Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata W’atiefo (be-TW kr. 107 ¶1–kr. 108 ¶4)
No. 1: Asɛm a Wubetie Wɔ Asafo Nhyiam ne Nhyiam Akɛse Ase (be-TW kr. 15 ¶1–kr. 16 ¶5)
No. 2: Hiob 29:1-25
No. 3: Mma Aniwa Akɔnnɔ Nnye W’adwene (rs-E kr. 392 ¶1-2)
No. 4: Nea Enti a Yesu Nkyerɛkyerɛ Maa Nkurɔfo Akuwakuw no Ho Dwiriw Wɔn
Apr. 24 Bible akenkan:: Hiob 33-37 Dwom 94
Ɔkasa Su: Sɛnea Wobɛma Wo Nne Agyigye Yiye (be-TW kr. 108 ¶5–kr. 110 ¶1)
Ntimu
May 1 Bible akenkan: Hiob 38-42 Dwom 154
Ɔkasa Su: Ɛnne Nsakrae—Siesie Wo Nne (be-TW kr. 111 ¶1–kr. 112 ¶2)
No. 1: Hiob Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 100 ¶39-43)
No. 2: Hiob 38:1-24
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yesaia 60:22 Renya Mmamu Nnɛ?
No. 4: e Kasatia ne Basabasayɛ Yɛ Ɔhonam Nnwuma (rs-E kr. 392 ¶3)
May 8 Bible akenkan: Dwom 1–10 Dwom 168
Ɔkasa Su: Ɛnne Nsakrae—Sakra Sɛnea Wo Kasa Kɔ Bɔkɔɔ Anaa Ntɛmntɛm No Mu (be-TW kr. 112 ¶3-kr 113 ¶1)
No. 1: Nnwom Nhoma no Nnianim Nsɛm—Ɔfã 1 (si-E kr. 101 ¶1-5)
No. 2: Dwom 4:1–5:12
No. 3: Fa Wo Ho To Onyankopɔn So, na Ɛnyɛ Onipa So (rs-E kr. 392 ¶4–kr. 393 ¶1)
No. 4: Nsɛm a Eye no a Yebekura Mu
May 15 Bible akenkan: Dwom 11–18 Dwom 217
Ɔkasa Su: Ɛnne Nsakrae—Sakra Sɛnea Wo Nne Ano Yɛ Den Mu (be-TW kr. 113 ¶2–kr. 114 ¶3)
No. 1: Nnwom Nhoma no Nnianim Nsɛm—Ɔfã 2 (si-E kr. 102 ¶6-11)
No. 2: Dwom 14:1–16:6
No. 3: Akwan Bɛn So na Nokware Kristofo Nyɛ Wiase no Fã?
No. 4: Hena na Ɛsɛ sɛ Yɛde Adesamma Amanehunu Ho Asodi To no So? (rs-E kr. 393 ¶2–kr. 394 ¶1)
May 22 Bible akenkan: Dwom 19–25 Dwom 23
Ɔkasa Su: Fa Nkate Kasa (be-TW kr. 115 ¶1–kr. 116 ¶4)
No. 1: Nimdeɛ Pa Ma Obi Anim Ba Nyam (w04-TW 7/15 kr. 27 ¶3–kr. 28 ¶4)
No. 2: Dwom 22:1-22
No. 3: Dɛn na Ɛkɔfaa Amanehunu Bae? (rs-E kr. 394 ¶2-3)
No. 4: f Dɛn ne Onyankopɔn Nkaesɛm, na Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yetie?
May 29 Bible akenkan: Dwom 26–33 Dwom 203
Ɔkasa Su: Anigye a Ɛfata Asɛm No (be-TW kr. 116 ¶5–kr. 117 ¶3)
No. 1: Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade no Atu Mpɔn (be-TW kr. 17 ¶1–kr. 19 ¶1)
No. 2: Dwom 30:1–31:8
No. 3: Akwan Bɛn So na Nokware no Ma Obi De Ne Ho?
No. 4: Sɛnea Yebetumi Akwati Amanehunu Pii? (rs-E kr. 395 ¶1-2)
June 5 Bible akenkan: Dwom 34–37 Dwom 167
Ɔkasa Su: Ɔhyew a Yɛbɛda no Adi (be-TW kr. 118 ¶1–kr. 119 ¶4)
No. 1: Tumi a Mpaebɔ Wɔ (w04-TW 8/15 kr. 18 ¶6–kr. 19 ¶10)
No. 2: Dwom 34:1-22
No. 3: Nea Enti a Onyankopɔn a Ɔwɔ Ɔdɔ Ama Amanehunu Ho Kwan Bere Tenten Saa (rs-E kr. 395 ¶4)
No. 4: Abosonsom Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yeguan Fi Ho?
June 12 Bible akenkan: Dwom 38–44 Dwom 216
Ɔkasa Su: Nkate a Yɛbɛda no Adi (be-TW kr. 119 ¶5–kr. 120 ¶4)
No. 1: Dwuma a Onyankopɔn Honhom Di Wɔ Sɛnea Yɛkae Ade Mu (be-TW kr. 19 ¶2–kr. 20 ¶3)
No. 2: Dwom 40:1-17
No. 3: Nokware Nyansahu ne Bible Hyia
No. 4: Onyankopɔn Beyi Ne Nkoa Amanehunu Nyinaa Afi Hɔ (rs-E kr. 396 ¶1-4)
June 19 Bible akenkan: Dwom 45-51 Dwom 104
Ɔkasa Su: Nea Enti a Nipadua ne Anim Yɛbea a Wɔde Si Asɛm So Dua Ho Hia (be-TW kr. 121 ¶1-4)
No. 1: Bere Bɛn na Yesu Ba? (w04-TW 3/1 kr. 16, adaka)
No. 2: Dwom 46:1–47:9
No. 3: Nea Enti a Onyankopɔn Ammu N’ani Angu Adam Bɔne no So Kɛkɛ (rs-E kr. 396 ¶5–kr. 397 ¶1)
No. 4: Ɛbɛyɛ Dɛn na Kristoni Yɛ Mmerɛw Mmom a Ɛnna Onya Ahoɔden? (2 Kor. 12:10)
June 26 Bible akenkan: Dwom 52-59 Dwom 103
Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔde Nipadua ne Anim Yɛbea Si Asɛm So Dua (be-TW kr. 122 ¶1–kr. 123 ¶3)
Ntimu
July 3 Bible akenkan: Dwom 60-68 Dwom 45
Ɔkasa Su: Atiefo Anim a Wobɛhwɛ Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 124 ¶1–kr. 125 ¶4)
No. 1: Sɛnea Yehowa Ahobrɛase Boa Yɛn (w04-TW 11/1 kr. 29-30)
No. 2: Dwom 60:1–61:8
No. 3: So Kristofo Nnwuma a Yɛyɛ no Kyerɛ sɛ Yebetumi Abu Yɛn Ani Agu Onyankopɔn Mmara So?
No. 4: Ɛnyɛ Onyankopɔn na Ɔma Nkurɔfo Di Dɛm Wɔ Nipaduam ne Adwenem (rs-E kr. 397 ¶2-4)
July 10 Bible akenkan: Dwom 69–73 Dwom 225
Ɔkasa Su: Atiefo Anim a Wobɛhwɛ Bere a Worema Ɔkasa (be-TW kr. 125 ¶5–kr. 127 ¶1)
No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobata Akenkan Ho? (be-TW kr. 21 ¶1–kr. 23 ¶3)
No. 2: Dwom 71:1-18
No. 3: Yehowa Fi Ɔdɔ Mu Ma Mmofra Nya Kristo Agyede Afɔre no So Mfaso (rs-E kr. 397 ¶5)
No. 4: g Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Hwɛ Nnipa Anim
July 17 Bible akenkan: Dwom 74–78 Dwom 28
Ɔkasa Su: Wo Nne Ankasa a Wode Bɛkasa Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 128 ¶1–kr. 129 ¶1)
No. 1: Fa Adwempa Kenkan (be-TW kr. 23 ¶4–kr. 26 ¶5)
No. 2: Dwom 75:1–76:12
No. 3: Dɛn na Yehowa a Yɛbɛhwehwɛ No no Kyerɛ? (Sef. 2:3)
No. 4: Onyankopɔn Mfa Asiane Mma Nkurɔfo So Mfa Ntwe Wɔn Aso (rs-E kr. 398 ¶1-3)
July 24 Bible akenkan: Dwom 79–86 Dwom 112
Ɔkasa Su: Wo Nne Ankasa a Wode Bɛkasa Wɔ Asɛnka Agua So (be-TW kr. 129 ¶2–kr. 130 ¶1)
No. 1: ‘Teefo Ntamadan Mu Bɛtrɛw’ (w04-TW 11/15 kr. 26 ¶1–kr. 28 ¶2)
No. 2: Dwom 82:1–83:18
No. 3: Sɛ Amanehunu To Obi a Ɛnkyerɛ sɛ Wayɛ Biribi a Onyankopɔn Mpɛ (rs-E kr. 398 ¶4–kr. 399 ¶1)
No. 4: So Nnipa a Wɔnyɛ Pɛ Betumi Asɔ Onyankopɔn Ani?
July 31 Bible akenkan: Dwom 87–91 Dwom 57
Ɔkasa Su: Wo Nne Ankasa a Wode Bɛkasa Bere a Worekenkan Ade Wɔ Baguam (be-TW kr. 130 ¶2-4)
No. 1: Bere a ‘Nimdeɛ Nyɛ Nyanã’ Anaa ne Nya Nyɛ Den na Nyansa Kyerɛ Yɛn Kwan No (w04-TW 11/15 kr. 28 ¶3–kr. 29 ¶7)
No. 2: Dwom 89:1-21
No. 3: Bible Sua Ka Yɛn Som Ho
No. 4: Ɛnsɛ sɛ Yebu Ahonyade a Obi Wɔ sɛ Ɛyɛ Onyankopɔn Nhyira (rs-E kr. 399 ¶2-3)
Aug. 7 Bible akenkan: Dwom 92–101 Dwom 190
Ɔkasa Su: Ahotew Ma Yɛn Asɛnka Ho Ba Nyam (be-TW kr. 131 ¶1-3)
No. 1: Sɛnea Wosua Ade (be-TW kr. 27 ¶1–kr. 31 ¶2)
No. 2: Dwom 92:1–93:5
No. 3: So Kasa Foforo a Obi Ka no Kyerɛ sɛ Onyankopɔn Honhom Wɔ No So? (rs-E kr. 400 ¶3–kr. 401 ¶2)
No. 4: Ɔbra Pa So Wɔ Mfaso
Aug. 14 Bible akenkan: Dwom 102-105 Dwom 1
Ɔkasa Su: Sɛnea Ani a Ewu Ade ne Adwenemtew Ka Obi Ahosiesie ne Ne Ntadehyɛ (be-TW kr. 131 ¶4–kr. 132 ¶3)
No. 1: ‘Yehowa, Wo Nnwuma Dɔɔso Dɛn Ara!’ (w04-TW 11/15 kr. 8-9)
No. 2: Dwom 104:1-24
No. 3: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Wɛn
No. 4: Dɛn Nti na Nsonsonoe Wɔ Kasa Foforo a Wɔka no Nnɛ ne Afeha a Edi Kan no Mu Kristofo no De no Mu? (rs-E kr. 401 ¶3–kr. 402 ¶1)
Aug. 21 Bible akenkan: Dwom 106-109 Dwom 201
Ɔkasa Su: Mfaso a Ɛwɔ Ahosiesie a Ɛfata So (be-TW kr. 132 ¶4–kr. 133 ¶1)
No. 1: Mmabun—Munnni Mo Atipɛnfo Akyi Sɛnea Ɛnsɛ (w04-TW 10/15 kr. 22 ¶4–kr. 24 ¶4)
No. 2: Dwom 107:20-43
No. 3: Onyankopɔn Asɛm Boa Yɛn Ma Yetumi ne Afoforo Susuw Ka a Ebinom Ka sɛ Onyankopɔn Honhom Wɔ Wɔn So no Ho (rs-E kr. 402 ¶3-6)
No. 4: Akwan Bɛn So na Yebetumi Asuasua Onyankopɔn?
Aug. 28 Bible akenkan: Dwom 110-118 Dwom 125
Ɔkasa Su: Ahosiesie Pa Nto Afoforo Hintidua (be-TW kr. 133 ¶2-4)
Ntimu
Sept. 4 Bible akenkan: Dwom 119 Dwom 59
Ɔkasa Su: Sɛnea Wogyina Hɔ Yiye ne Nnwinnade a Ɛho Tew (be-TW kr. 133 ¶5–kr. 134 ¶4)
No. 1: Adesua So Wɔ Mfaso (be-TW kr. 31 ¶3–kr. 32 ¶4)
No. 2: Dwom 119:25-48
No. 3: Nea Enti a Yɛkyerɛ Obu Ma Wiase Atumfoɔ
No. 4: Ɛnyɛ Kasa Foforo a Wɔka na Wɔde Hu Nokware Kristofo Nnɛ (rs-E kr. 403 ¶1-3)
Sept. 11 Bible akenkan: Dwom 120-134 Dwom 65
Ɔkasa Su: Sɛnea Wobɛbrɛ Kasa Mu Ahoyeraw Ase (be-TW kr. 135 ¶1–kr. 137 ¶2)
No. 1: Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu (be-TW kr. 33 ¶ 1-kr 35 ¶2)
No. 2: Dwom 121:1–123:4
No. 3: Ná Wɔbɛka Kasa Foforo Akosi Bere Bɛn? (rs-E kr. 403 ¶4–kr. 404 ¶1)
No. 4: Dɛn ne Nsɛm a Wogugu Mu, na Yesu De Dii Dwuma Dɛn?
Sept. 18 Bible akenkan: Dwom 135-141 Dwom 97
Ɔkasa Su: Sɛnea Wubenya Akokoduru (be-TW kr. 137 ¶3–kr. 138 ¶5)
No. 1: Nnwom Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 1 (si-E kr. 104-5 ¶23-7)
No. 2: Dwom 136:1-26
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Nkaedi no Yɛ Asomdwoe Anaa Ayɔnkofa Adidi?
No. 4: # Baasakoro Nkyerɛkyerɛ no Nyɛ Bible Nkyerɛkyerɛ (rs-E kr. 405 ¶1–kr. 411 ¶4)
Sept. 25 Bible akenkan: Dwom 142-150 Dwom 5
Ɔkasa Su: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Woma Wo Nne Gyigye Yiye (be-TW kr. 139 ¶1–kr. 140 ¶2)
No. 1: Nnwom Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 2 (si-E kr. 105-6 ¶28-32)
No. 2: Dwom 142:1–143:12
No. 3: # Bere a Obi Abisa Wo sɛ, ‘Wugye Baasakoro Di?’ (rs-E kr. 425 ¶3–kr. 426 ¶4)
No. 4: Akwan Bɛn So na Yebetumi De Afoforo Ahiade Adi Yɛn De Kan?
Oct. 2 Bible akenkan: Mmebusɛm 1-6 Dwom 111
Ɔkasa Su: Fa Akasam Di Dwuma Yiye (be-TW 140 ¶3–kr. 142 ¶1)
No. 1: Mmebusɛm Nhoma no Nnianim Nsɛm—Ɔfã 1 (si-E kr. 106-7 ¶1-5)
No. 2: Mmebusɛm 5:1-23
No. 3: Dɛn Nti na Abɔnefosɛm Abu So Saa (rs-E kr. 427 ¶1-4)
No. 4: h Ntrɛw Atosɛm Mu (2 Tim. 4:4)
Oct. 9 Bible akenkan: Mmebusɛm 7-11 Dwom 73
Ɔkasa Su: Bible a Wɔde Bua Asɛm (be-TW kr. 143 ¶1-3)
No. 1: Mmebusɛm Nhoma no Nnianim Nsɛm—Ɔfã 2 (si-E kr. 107-8 ¶6-11)
No. 2: Mmebusɛm 7:1-27
No. 3: Ɔfã Biara a Kristofo Nnyina no Boa Ma Biakoyɛ Ba Yɛn Mu sɛ Anuanom
No. 4: Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Abɔnefosɛm Ho Kwan? (rs-E kr. 428 ¶1–kr. 429 ¶1)
Oct. 16 Bible akenkan: Mmebusɛm 12-16 Dwom 180
Ɔkasa Su: Sɛnea Yebetu Mpɔn Wɔ Bible no a Yɛde Bedi Dwuma Mu (be-TW kr. 144 ¶1-4)
No. 1: Sɛnea Wubesua sɛ Wode Nnwinnade a Wɔde Yɛ Nhwehwɛmu Bedi Dwuma (be-TW kr. 35 ¶3–kr. 38 ¶4)
No. 2: Mmebusɛm 14:1-21
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Abɔnefosɛm a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no So Aba Yɛn Mfaso? (rs-E kr. 429 ¶2-3)
No. 4: Dɛn na Ebetumi Aboa Yɛn ma Yɛatie Asɛm Yiye Wɔ Asafo Nhyiam Ase
Oct. 23 Bible akenkan: Mmebusɛm 17-21 Dwom 131
Ɔkasa Su: Bible a Wɔhyɛ Nkuran Ma Wɔde Di Dwuma (be-TW kr. 145-6)
No. 1: Mmebusɛm Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 1 (si-E kr. 109-10 ¶19-28)
No. 2: Mmebusɛm 17:1-20
No. 3: Sɛnea Kristofo Bu Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim No
No. 4: i Adwene Bɛn na Bible Ma Yenya Wɔ Mmea Ho? (rs-E kr. 431 ¶2-3)
Oct. 30 Bible akenkan: Mmebusɛm 22-26 Dwom 9
Ɔkasa Su: Mfaso a Ɛwɔ Kyerɛwnsɛm a Wɔda no Adi Ɔkwampa So So (be-TW kr. 147 ¶1–kr. 148 ¶2)
Ntimu
Nov. 6 Bible akenkan: Mmebusɛm 27-31 Dwom 51
Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛfata a Wobɛka De Ada Kyerɛwnsɛm Adi (be-TW kr. 148 ¶3–kr. 149 ¶2)
No. 1: Mmebusɛm Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 2 (si-E kr. 110-11 ¶29-38)
No. 2: Mmebusɛm 28:1-18
No. 3: So Tiyɛ a Wɔde Ama Mmarima no Brɛ Mmea Ase? (rs-E kr. 432 ¶1-3)
No. 4: Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yɛhwɛ Sɛnea Nnipa a Yehyia Wɔn Wɔ Asɛnka Mu Ahosiesie Te Ansa Yɛaka Asɛm no Akyerɛ Wɔn
Nov. 13 Bible akenkan: Ɔsɛnkafo 1-6 Dwom 25
Ɔkasa Su: Wɔda Nkate Adi Wɔ Asɛm a Wosi So Dua Yiye Mu (be-TW kr. 150 ¶1-2)
No. 1: Ɔsɛnkafo Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 112-13 ¶1-8)
No. 2: Ɔsɛnkafo 5:1-15
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Wɔde Bible Mu Nokwasɛm no Asuma Anyansafo ne Animdefo? (Mat. 11:25)
No. 4: So Ɛsɛ sɛ Mmea Yɛ Asomfo? (rs-E kr. 432 ¶4–kr. 433 ¶1)
Nov. 20 Bible akenkan: Ɔsɛnkafo 7-12 Dwom 37
Ɔkasa Su: Si Nsɛmfua a Ɛfata So Dua (be-TW kr. 150 ¶3–kr. 151 ¶2)
No. 1: Ɔsɛnkafo Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 114 ¶15-19)
No. 2: Ɔsɛnkafo 9:1-12
No. 3: Dɛn Nti na Mmere Bi Wɔ Hɔ a Kristofo Mmea Kata Wɔn Ti So? (rs-E kr. 433 ¶2–kr. 434 ¶1)
No. 4: Dɛn na Enye Wɔ Ninkuntwe Ho?
Nov. 27 Bible akenkan: Nnwom Mu Dwom 1–8 Dwom 11
Ɔkasa Su: Akwan a Wɔfa So Si Nsɛm So Dua (be-TW kr. 151 ¶3–kr. 152 ¶5)
No. 1: Nnwom Mu Dwom Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 115-17 ¶1-4, 16-18)
No. 2: Nnwom Mu Dwom 7:1–8:4
No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Kristofo Ma Wɔn Ho Tew na Wɔde Ani a Ewu Ade Siesie Wɔn Ho?
No. 4: So Ɛyɛ Papa sɛ Mmea De Nneɛma Bɛkeka Wɔn Anim Anaasɛ Wɔde Agude Bɛhyehyɛ Wɔn Ho? (rs-E kr. 435 ¶1-3)
Dec. 4 Bible akenkan: Yesaia 1-5 Dwom 90
Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So (be-TW kr. 153 ¶1–kr. 154 ¶3)
No. 1: Yesaia Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 118-19 ¶1-8)
No. 2: Yesaia 3:1-15
No. 3: So Ogya na Wɔde Bɛsɛe Wiase (rs-E kr. 436 ¶1-2)
No. 4: j Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ “Nyaa Abufuw Ho” (Yak. 1:19)
Dec. 11 Bible akenkan: Yesaia 6-10 Dwom 204
Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm Mu Nkyerɛkyerɛmu a Wobɛma Emu Ada Hɔ (be-TW kr. 154 ¶4–kr. 155 ¶3)
No. 1: Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ (be-TW kr. 39-42)
No. 2: Yesaia 10:1-14
No. 3: Dɛn Nti na Ɛho Hia Paa sɛ Yɛyɛ Nnipa a Yetumi De Bɔne Kyɛ?
No. 4: Hena na Odi Wiase Yi So—Onyankopɔn Anaa Satan? (rs-E kr. 436 ¶3–kr. 437 ¶2)
Dec. 18 Bible akenkan: Yesaia 11-16 Dwom 47
Ɔkasa Su: Fi Kyerɛwnsɛm Mu Susuw Nsɛm Ho (be-TW kr. 155 ¶4–kr. 156 ¶4)
No. 1: Mmabun—Momma Mo Awofo Mmoa Mo Mma Mommɔ Mo Koma Ho Ban (w04-TW 10/15 kr. 20 ¶1–kr. 22 ¶4)
No. 2: Yesaia 11:1-12
No. 3: Nokware Kristofo Bu Wiase no ne Emu Nnipa no Dɛn? (rs-E kr. 437 ¶3–kr. 438 ¶4)
No. 4: Nokware Kristofo Renko Harmagedon Ko no Bi
Dec. 25 Bible akenkan: Yesaia 17-23 Dwom 53
Ɔkasa Su: Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi (be-TW kr. 157 ¶1–kr. 158 ¶1)
Ntimu
a Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
b Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
c Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
d Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
e Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
f Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
g Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
h Munsusuw dwumadi no mu nsɛntitiriw a ɛso bɛba mo asasesin no so mfaso yiye no kakra ho.
i Munsusuw dwumadi no mu nsɛntitiriw a ɛso bɛba mo asasesin no so mfaso yiye no kakra ho.
j Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
Fa ma anuanom mmarima nkutoo.