Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/05 kr. 1
  • Nkyerɛkyerɛ a Ɛkɔ Nkwa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkyerɛkyerɛ a Ɛkɔ Nkwa Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
    Nyan!—1998
  • Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Kyɛn So Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 12/05 kr. 1

Nkyerɛkyerɛ a Ɛkɔ Nkwa Mu

1 Hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware a nkurɔfo hu no ma wɔn ani gye! Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a wobɛka akyerɛ afoforo no ma abotɔyam ampa. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no betumi ama obi anya daa nkwa.—Yoh. 17:3.

2 Nea Enti a Edi Mu Sen Biara: Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ wɔnam akwan horow so kyerɛ ade, na biribiara nni hɔ a wonsua ho ade. (Ɔsɛnk. 12:12) Nanso wɔrentumi mfa nimdeɛ a ɛte saa no ntoto “Onyankopɔn nneɛma akɛse no ho.” (Aso. 2:11) So wiase yi nhomasua aboa adesamma ma wɔabɛn Ɔbɔadeɛ no na ama wɔahu n’atirimpɔw? Aboa nkurɔfo ma wɔate nea ɛba yɛn so wɔ owu mu no ase, anaa nea enti a amanehunu abu so no? Ama nkurɔfo anya anidaso? So aboa ma abusua nhyehyɛe atu mpɔn? Dabida. Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ nkutoo na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya asetra mu nsɛmmisa a ɛho hia sen biara yi ho mmuae.

3 Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ ma yɛnya biribi a ebi nni wiase mu nnɛ—abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn. Onyankopɔn Asɛm boa wɔn a wogye ne nkyerɛkyerɛ tom na wɔde bɔ wɔn bra no ma woyi nneɛma bi te sɛ nnipa mu nyiyim, abusua mu mpaapaemu ne ɔmampɛ fi wɔn koma mu. (Heb. 4:12) Aka nkurɔfo ma wɔakwati awudisɛm biara na ‘wɔahyɛ nipasu foforo.’ (Kol. 3:9-11; Mika 4:1-3) Bio nso, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ama nnipa ɔpepem pii anya ahoɔden de ako atia nneyɛe ne suban a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyae nanso ɛnsɔ Onyankopɔn ani no.—1 Kor. 6:9-11.

4 Dɛn Nti na Egye Ntɛmpɛ Seesei: Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no ama yɛahu nea mmere a yɛwɔ mu yi kyerɛ. Nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de wɔ n’atemmusɛm a wɔahyɛ ho nkɔm no mu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho dawuru wɔ wiase nyinaa. (Adi. 14:6, 7) Kristo afi ase redi hene wɔ soro dedaw. Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe wiase atorosom ahemman no pasaa. Na Onyankopɔn Ahenni ayɛ krado sɛ ɛbɛsɛe asase yi so ahenni nyinaa ma asa. (Dan. 2:44; Adi. 11:15; 17:16) Ne saa nti, ehia paa sɛ nkurɔfo hu Onyankopɔn Hene a ɔredi tumi nnɛ no, na woguan fi Babilon Kɛse no mu, na wɔde gyidi bɔ Yehowa din. (Dw. 2:11, 12; Rom. 10:13; Adi. 18:4) Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔanya nkwa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena