Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/06 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 6/06 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? mma. July ne August: Yɛde nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a ɛfata bɛma. September: Yɛde Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? bɛma.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ July mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma.

◼ Yebesusuw Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ September mu. Sɛ muhia bi a, ɛsɛ sɛ mofa mo asafo no so kra ntɛm ara.

◼ Wɔremmue Betel adwumayɛbea no July 3, 2006, efisɛ ɛyɛ ɔman no dapɔnna. Saa da no, wɔrenyɛ nhyehyɛe biara mma nkurɔfo mmɛhwɛ ha anaa asafo ahorow mmɛfa wɔn nhoma wɔ ha.

◼ Sɛ ɛfata sɛ mo asafo no de wɔn ho hyɛ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma ho ɔsatu no mu bi a, monhyehyɛ Congregation Application for Seldom-Worked Territory (S-90) kratasin no abien, na momfa biako mmena Betel ma wɔnyɛ ho adwuma. Mompaw asram abiɛsa a mo asafo no betumi de ayɛ adwuma yi bi. Sɛ muwie ɔsatu no a, momfa ho amanneɛbɔ mmena Betel adwumayɛbea no ntɛm ara.—Monhwɛ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa wɔ February 10, 2006 mu no.

◼ Efi September rekɔ no, yɛde ɔmantam nhyiam lapɛl baagye a ɛwɔ Borɔfo kasa mu bɛka nhoma a yɛde kɔma asafo ahorow no ho. Yɛbɛhwɛ asafo biara kɛse de ɛho baagye akɔma wɔn. Sɛ asafo bi hia baagye no bi aka ho a, ɛsɛ sɛ wɔde Literature Request Form (S-14) no kra bi. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛremfa rɔba a wɔde baagye hyem no mmena. Sɛ muhia bi a, monkra.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena