Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ June 26, 2006 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina May 1 kosi June 26, 2006 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Dɛn ne ɛnne nsakrae, na dɛn nti na ɛho hia? [be-TW kr. 111, nnaka]
2. Sɛ yɛrema ɔkasa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi asakra sɛnea yɛn kasa kɔ brɛoo anaa ntɛmntɛm no mu? [be-TW kr. 112 nky. 3-113 nky. 1, adaka]
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama nea yɛreka ho asɛm no akanyan anigye, na dɛn nti na eyi ho hia? [be-TW kr. 115 nky. 1–kr. 116 nky. 2, nnaka]
4. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛda ɔhyew adi, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa? [be-TW kr. 118 nky. 2-kr. 119 nky. 5]
5. Kyerɛkyerɛ sɛnea nipadua a wɔde si asɛm so dua ne anim yɛbea ho hia wɔ nkɔmmɔbɔ mu no mu. (Mat. 12:48, 49) [be-TW kr. 121, nnaka]
DWUMADI 1
6. Ɔkwan bɛn so na Hiob nhoma no kamfo Yehowa na esi ne trenee gyinapɛn ahorow a nnipa de bɔ wɔn bra so dua? [si-E kr. 100 nky. 39, 41]
7. Dɛn na edi adanse sɛ Nnwom nhoma no yɛ nokware? [si-E kr. 102 nky. 10-11]
8. Bere a Mmebusɛm 13:16 reka onitefo ho asɛm no, so na ɛyɛ ɔdaadaafo bi ho asɛm na ɛreka? Kyerɛkyerɛ mu. [w04-TW 7/15 kr. 28 nky. 3-4]
9. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron yɛ ɔboafo, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi a yenim no hyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ? (Yoh. 14:25, 26) [be-TW kr. 19 nky. 2-3]
10. Sɛ yɛka Yesu mmae a, dɛn na ɛkyerɛ, na Yesu ‘mmae’ bɛn na na ɔreka ho asɛm wɔ Mateo 16:28 no? [w04-TW 3/1 kr. 16 adaka]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn na yebetumi asua fi Hiob mmuae a ɔde maa Yehowa a wɔaka ho asɛm wɔ Hiob 42:1-6 no mu?
12. “Ade hunu” bɛn na amanaman no kɔ so ka? (Dw. 2:1, 2)
13. Nnyinaso bɛn na wɔsɛe no no? (Dw. 11:3)
14. Ɔkwan bɛn so na ‘wotua’ obi a ɔyɛ ahantan ‘ka ma ɛboro so’? (Dw. 31:23)
15. Awerɛkyekyesɛm bɛn na yebetumi anya afi Dwom 40 mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sintɔ a ɔhonam mmerɛwyɛ de ba ne wiase yi mu bɔne ahorow no ano? (Dw. 40:1, 2, 5, 12)