Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho
1. Botae ahorow bɛn na Kristofo mmabun pii de asisi wɔn ani so?
1 Sɛ́ Kristoni babun no, akyinnye biara nni ho botae a wode asisi w’ani so wɔ asetram no gyina ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne Yesu nsɛm a ɔde maa Kristofo nyinaa a ɛne sɛ ‘yɛnhwehwɛ ahenni no kan’ no so. (Mat. 6:33) Ebia wo botae ne sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu denam ɔkwampaefo a wobɛyɛ anaasɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse no. Ebia ebinom de ayɛ wɔn botae sɛ wobetu wɔn ho ama akɔyɛ adansi adwuma a wɔreyɛ wɔ aman horow so no bi, anaa wɔbɛsom wɔ Betel, anaasɛ wɔbɛyɛ akwampaefo atitiriw. Eyinom yɛ botae horow a ɛma abotɔyam ampa!
2. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woadu wo som mu botae ahorow ho?
2 Nea ɛbɛboa wo ma woadu wo som mu botae ahorow ho ne sɛ wobɛkyerɛw nea wopɛ sɛ woyɛ no ato hɔ. July 15, 2004, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: ‘Nsusuwii a enni mu tumi bɛyɛ nea edi mu bere a yɛde nsɛm kyerɛkyerɛ mu no. Enti wubetumi ayɛ wo botae ahorow ne akwan a wobɛfa so adu ho no ho kyerɛwtohɔ.’ Bio nso, botae a wubetumi adu ho bere tiaa bi no betumi aboa wo ma woayɛ nhyehyɛe adu botae a ebegye bere tenten no ho.
3. Bere tiaa mu botae ahorow a ebetumi aboa obi ma wafata ama asubɔ no bi ne dɛn?
3 Bere Tiaa Mu Botae Ahorow: Sɛ wunnya mmɔɔ asu a, susuw nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi adu wo botae ho no ho. Ebia a ebehia sɛ wunya mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ mu ntease yiye. Sɛ saa a, fa yɛ wo botae sɛ wubesua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no yiye, na kenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wom no. (1 Tim. 4:15) Fa yɛ wo botae nso sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa fi Genesis akosi Adiyisɛm, sɛnea wɔhwehwɛ sɛ Betelfo ne Gilead adesuafo yɛ no. Ɛno akyi no, ma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛkenkan Bible no daa. (Dw. 1:2, 3) Wode fa w’adwene bu sɛnea saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma wɔanya ɔsom mu nkɔso no hwɛ! Fa mpaebɔ fi Bible akenkan no ase, na fa mpaebɔ wie. Afei bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wode nea wusua no bɛbɔ wo bra.—Yak. 1:25.
4. Bere tiaa mu botae bɛn na Kristoni a ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ Betel anaa ɔyɛ akwampaefo titiriw no betumi de asisi n’ani so?
4 Sɛ woabɔ asu a, botae bɛn bio na wubetumi de asi w’ani so? So ehia sɛ wutu mpɔn wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu? Sɛ nhwɛso no, so wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wode Onyankopɔn Asɛm bedi dwuma ahokokwaw so wɔ asɛnka mu? (2 Tim. 2:15) Wobɛyɛ dɛn atrɛw wo som dwuma mu? Fa bere tiaa mu botae pɔtẽẽ a ɛmmoro w’ahoɔden so na ebetumi aboa wo ma woadu botae ahorow a egye bere tenten ho no si w’ani so.
5. Bere tiaa mu botae horow bɛn na ɛboaa onua bi ma oduu ne botae a ɛne sɛ ɔbɛsom wɔ Betel no ho?
5 Obi a Otumi Duu Ne Botae Ho: Bere a Tony dii mfe 19 no, ɔkɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo Betel adwumayɛbea, na onyaa Betel som ho akɔnnɔ. Nanso na n’abrabɔ nye, na na onhyiraa ne ho so mmaa Nyankopɔn. Tony sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ ne bra ma ɛne Yehowa akwan ahyia, na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛyɛ nea ɛbɛma wafata ama asubɔ. Bere a ɔbɔɔ asu no, ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo aboafo ne daa akwampae adwuma no bi, na ɔkyerɛw bere a ɔpɛ sɛ ɔde fi emu biara ase wɔ ne kalenda so. Bere a ɔyɛɛ akwampae adwuma no kakra no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛsom wɔ Betel. Hwɛ sɛnea n’ani gyei!
6. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woadu wo som mu botae ahorow ho?
6 Sɛ wode Ahenni nneɛma di kan a, wo nso wubetumi adu wo som mu botae ahorow ho. Bɔ mpae na fa “wo nnwuma” hyɛ Yehowa nsa na bɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ahorow ho.—Mmeb. 16:3; 21:5.