Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 14
Dwom 163
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde August 1 anaa August 15 Ɔwɛn-Aban ne August Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wode Ɔwɛn-Aban no rema a, kyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “M’ani nnye Yehowa Adansefo ho” no. (Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So, kr. 9.) Wɔ ɔyɛkyerɛ a ɛto so abien mu no, fa Awake! no ma bere a worekɔ obi a woma no nsɛmma nhoma daa hɔ sankɔhwɛ no.
15 min: “Awake! Soronko Bi a Yɛde Bɛma wɔ September Mu.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma obi a onnii mfe 20 nyɛ sɛnea ɔde September Awake! rema ɔkyerɛkyerɛfo bi ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Sukuu Mu Nnamfo—Ɛsɛ sɛ Me ne Wɔn Bɔ Kodu He? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina April 2006 Awake! no kratafa 17-19 so. Ma atiefo a awofo a wɔyɛ Kristofo tetee wɔn nka sɛnea wɔn awofo boaa wɔn ma wogyinaa nsɛnnennen ano na wɔde Bible nnyinasosɛm bɔɔ wɔn bra wɔ sukuu mu ho asɛm. Wubetumi adi kan ne wɔn mu baako anaa baanu asusuw asɛm a wɔbɛka no ho.
Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 21
Dwom 62
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
15 min: Nya Ɔwɛn-Aban Adesua ne Baguam Nhyiam so Mfaso. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 59 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 64 so.
20 min: Yɛ Nhyehyɛe Seesei sɛ Wobɛyɛ Akwampaefo Aboafo Adwuma! Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔde ɔsram biako bɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no wɔ ɔsom afe foforo no mu. (1 Kor. 9:26) Ebia ebinom bɛpaw sɛ wɔbɛyɛ wɔ asram a wɔahyehyɛ ama dwumadi titiriw bi anaa ɔsram a dapɔnna wom anaa ɛwɔ dapɛn awiei anum. Bisa atiefo no sɛ: “Bere bi a atwam no, dɛn na woyɛ de dii nsɛnnennen bi so ansa na woretumi ayɛ akwampaefo boafo? Nhyira bɛn na wunya fii akwampaefo aboafo adwuma a woyɛe no mu? Sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nanso ɛyɛ wo sɛ worentumi nyɛ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ ho mpae? (Aso. 4:29; 2 Kor. 4:7; Yak. 1:5) Dɛn nti na eye nso sɛ wo ne w’abusua mufo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu, titiriw, wɔn a wɔn tebea te sɛ wo no susuw ho? (Mmeb. 15:22) Bere bɛn na w’ankasa woayɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo?”
Dwom 216 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 28
Dwom 17
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo na wɔmfa August asɛnka akontaabu mmra. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ sɛnea obetumi de nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 no adi dwuma de nsɛmma nhoma ama wɔ mo asasesin mu.
20 min: Wubetumi Afi Bible Adesua Ase wɔ September Mu Anaa? Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Wɔ September mu no, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ yɛde nhoma no ma ofiewura bi pɛ a, yɛbɛbɔ mmɔden ne no asusuw nkyekyɛm kakra ho. Ma wɔmfa asɛmti a ɛfata mo asasesin no nyɛ ɔyɛkyerɛ abien. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe san kɔ kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.
20 min: “Wubu Aware sɛ Ade Kronkron?”b Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm ahorow no nyinaa na munsusuw ho, na twe adwene si kyerɛw nsɛm atitiriw bi so. Kamfo anuanom sɛ wɔkyerɛ obu kɛse ma aware.
Dwom 37 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 4
Dwom 90
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.
15 min: Wubetumi Ahyɛ Afoforo Nkuran. (Rom. 1:11, 12) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma wonhu daa akwampaefo dodow a wɔwɔ mo asafo no mu. Kyerɛ akwan a yebetumi afa so ahyɛ wɔn nkuran. Munsusuw nsɛm te sɛ nkamfo a yɛde bɛma wɔn, mfaso a ɛwɔ akwampae adwuma no so a yɛbɛka ho asɛm, asɛnka a yɛne wɔn bɛkɔ, nsa a yɛbɛto afrɛ wɔn ne wɔn adidi, ne sika a yɛde bɛma wɔn aforo kar ho. Ma daa akwampaefo nkyerɛ sɛnea afoforo ahyɛ wɔn nkuran. Sɛ daa akwampaefo nni asafo no mu a, ka sɛnea yebetumi ahyɛ wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma no nkuran ho asɛm.
20 min: “Kyerɛ Afoforo ho Anigye—Denam Asɛm no a Wobɛka Akyerɛ Obiara So.”c Sɛ moresusuw Romafo 1:14 a ɛwɔ nkyekyɛm 2 no ho a, ka asɛmti “Barbarian” a ɛkyerɛ Pɔtɔfo a ɛwɔ Insight, Po 1, kratafa 255 no nkyekyɛm a edi kan no ho asɛm tiawa. Sɛ moka nkyekyɛm 3 no ho asɛm wie a, munsusuw akwan abiɛsa a yɛfa so ka asɛm no kyerɛ afoforo a ɛwɔ Good News for People of All Nations nhomawa no kratafa 2 no ho, na yɛ sɛnea mode nhomawa yi bɛka asɛm akyerɛ nnipa a ɛsono kasa a wɔka wɔ mo asasesin mu no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.