Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/06 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 8/06 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a ebi wɔ hɔ. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn. November: Yɛde Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no bɛma. Sɛ afiewuranom ka sɛ wonni mma a, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa anaa kratawa foforo a ɛfata mma wɔn.

◼ Sɛ obi ba Betel anaa ɔfrɛ wɔ telefon so bisa biribi ho asɛm a, yɛsrɛ sɛ ma ɔmmɔ nipa pɔtee bi din, gye sɛ ɔpɛ sɛ ɔne saa nipa no susuw n’ankasa asɛm bi ho. Mmom no, ɔnkyerɛ dwumadibea a ɔrehwehwɛ wɔn hɔ mmoa no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ ama no ntɛm.

◼ Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no twɛn kosi sɛ ɔmantam anaa ɔmansin nhyiam bedu so ansa na wɔaka ho asɛm akyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no. Sɛ wɔka ho asɛm ntɛm a, ɛbɛma mpanyimfo no atumi ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no asusuw nsɛm ho yiye koraa ansa na wɔabɔ asu.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ mowɔ sika foforo bi a mode siesie dan no anaa adansi ho foto bi a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ sika yi mu nso. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no, na momfa sika a wɔhwehwɛɛ mu no ho kyerɛwtohɔ biako mma mpanyimfo no.

◼ Efi dapɛn a efi ase January 8, 2007 no, yebesua Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Wɔreyɛ nea ne nkyerɛwee yɛ akɛseakɛse no. Ɛsɛ sɛ asafo horow no nya nea ne nkyerɛwee yɛ nketewa ne nea ɛyɛ akɛse no dodow a wohia ntɛm na wɔde ayɛ adesua no.

◼ Yɛamfa beae a edi so yi a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam no anhyɛ June Yɛn Ahenni Som no mu: Beae: Assin Akonfode. Kasa: Twi. Amansin a Wɔbɛkɔ: 42, 43 (Anhwiaso mpɔtam), ne 64. Address: Box AF 121, Assin Foso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena