Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ August 28, 2006 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina July 3 kosi August 28, 2006 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Ɔkwan bɛn so na atiefo anim a yɛbɛhwɛ no bɛboa yɛn ma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo pa? (Mat. 19:25, 26; Aso. 14:9, 10) [be-TW kr. 124 nky. 3–kr. 125 nky. 3]
2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛn nne ankasa a yɛde kasa daa no bɛkasa, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa bere a yɛwɔ asɛnka mu? [be-TW kr. 128 nky. 1-5, adaka]
3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ahotew ho hia yɛn? [be-TW kr. 131 nky. 1-3]
4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛma “fɛre ne adwenemtew” ka yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie? (1 Tim. 2:9) [be-TW kr. 131 nky. 4–kr. 132 nky. 1]
5. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma na amma yɛn ahosiesie ankyerɛ sɛ yɛdɔ wiase no? [be-TW kr. 133 nky. 2-3]
DWUMADI 1
6. Mfaso kɛse bɛn na yenya fi akenkan mu? [be-TW kr. 21 nky. 3]
7. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ onyansafo anaa ɔkwasea? (Mmeb. 14:2) [w04-TW 11/15 kr. 26 nky. 5]
8. Dɛn nti na ‘nimdeɛ nyɛ nyanã’ mma obi a ɔwɔ ntease? (Mmeb. 14:6) [w04-TW 11/15 kr. 28 nky. 4-5]
9. Dɛn ne adesua? [be-TW kr. 27 nky. 3]
10. Ɛsɛ sɛ Yehowa abɔde a yedwennwen ho no ka yɛn dɛn? [w04-TW 11/15 kr. 8 nky. 4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Wɔ tete mmere mu no, Yehowa ‘anom asɛm’ bɛn na ɛma wonyaa ‘mmea a wɔka asɛmpa no’ asafo kɛse, na ɔkwan bɛn so na saa asɛm no abam wɔ yɛn bere yi so? (Dw. 68:11)
12. Dɛn na anka ɛreyɛ ama Asaf agyae adetreneeyɛ, na ɛyɛɛ dɛn na ɔsesaa n’adwene? (Dw. 73:2, 3, 17)
13. Adɛn nti na wɔfrɛɛ mana a wɔde maa Israelfo no “soro aduan” ne “atumfo aduan”? (Dw. 78:24, 25)
14. Dɛn ne “ɔsorosoroni no hintabea,” na yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘atra’ hɔ? (Dw. 91:1, 2)
15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahotefo anaa n’anokwafo wu bo yɛ den wɔ n’anim? (Dw. 116:15)