Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/06 kr. 4
  • Wubu Aware sɛ Ade Kronkron?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubu Aware sɛ Ade Kronkron?
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 8/06 kr. 4

Wubu Aware sɛ Ade Kronkron?

1, 2. (a) Dɛn ne “aware a wɔde pɛ nkrataa” yi? (b) Dɛn nti na ebinom de wɔn ho ahyɛ nhyehyɛe a ɛte saa mu? (d) Anuanom binom abu saa nhyehyɛe yi dɛn?

1 Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ nnipa dodow no ara kyerɛ sɛ wogye di sɛ aware yɛ ade kronkron. Nanso ebinom nam wɔn nneyɛe so kyerɛ sɛ wobu aware sɛ ɔbarima ne ɔbea ntam nkitahodi ne mmara kwan so nhyehyɛe bi kɛkɛ. Dɛn na ebinom a wɔwɔ asafo no mu ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ wiase adwene a ɛfa aware ho yi bi?

2 Wɔ mmeae bi no, nnipa pii nam aware so hwehwɛ nkrataa a ɛbɛma wɔatumi atra ɔman foforo so. Mpɛn pii no nnipa a wɔte saa no ne obi a ofi saa ɔman no mu anaa obi a ɔwɔ saa ɔman no mu nkrataa yɛ nhyehyɛe sɛ obetua no ka na waware no. Nea ɛtaa ba ne sɛ, sɛ saafo yi ware wie a, wɔntra mmom, ebi mpo a wonnya ayɔnkofa biara. Sɛ wonya nya nkrataa a ɛma wɔn kwan de tra ɔman no mu pɛ a, na wɔagyae aware. Ebinom aka sɛ mmere dodow a wonnyaa nna mu nkitahodi biara no, wobu “aware a wɔde pɛ nkrataa” yi sɛ aguadi ho nhyehyɛe bi ara kwa. Ɛsɛ sɛ yebu eyi dɛn?

3. (a) Dɛn nti na aware nhyehyɛe a ɛte saa no nkyerɛ obu koraa mma Yehowa ne kronkron a aware yɛ no? (b) Sɛ nnipa baanu no fa mmara kwan so gyae aware mpo a, dɛn nti na Kyerɛwnsɛm mma wɔn kwan sɛ wɔsan ware?

3 Bible nhyɛ aware ho adwene a ɛmfata saa no ho nkuran. Aware a obi de hwehwɛ nea n’ankasa pɛ no nkyerɛ obu koraa mma Yehowa ne kronkron a aware yɛ no. Ɛmfa ho botae a nnipa a wɔware kura no, wɔde wɔn ho hyɛ nhyehyɛe kronkron a Onyankopɔn bu no sɛ ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa mu. Sɛ akyiri yi mpo wɔfa mmara kwan so gyae aware a, nnipa baanu a wɔayɛ saa nhyehyɛe no da so ara yɛ okunu ne ɔyere wɔ Yehowa anim, na Kyerɛwnsɛm no mma wɔn kwan sɛ wɔsan ware. Bible ahwehwɛde a wogyina so gyae aware no nsesae.—Mat. 19:5, 6, 9.

4. (a) Dɛn nti na awarefo binom asi gyinae sɛ wɔbɛma wɔn mu baako atu kwan akɔtra baabi kakra? (b) Ɔkwan bɛn so na adwene a ɛte saa betumi de ɔhaw aba aware no so? (d) Dɛn na Kristofo awarefo pii asi gyinae sɛ wɔbɛyɛ ma ɛne Hebrifo 13:5 ahyia?

4 Wɔ awarefo afoforo fam no, wosusuw sɛ ɛho hia sɛ okunu anaa ɔyere no tu kwan kɔtra baabi kakra sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika pii aba fie anaasɛ ɔkɔtoa ne nhomasua so. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn ani bɛba wɔn ho so no na ntetewmu no abɛyɛ bere tenteenten. Mpɛn pii no, eyi de ɔhaw a emu yɛ den ba aware no so, na ɛtaa kowie awaresɛe ne awaregu. (1 Kor. 7:2, 5; 1 Tim. 6:9, 10) Ɛno nti, Kristofo awarefo pii asi gyinae sɛ wobegyae honam fam nneɛma akyi di na wɔamfa asiane amma aware a wobu no sɛ ade kronkron no so.—Heb. 13:5.

5. Dɛn na aware a yɛbɛma ho aba “nyam” no kyerɛ?

5 Hebrifo 13:4 ka sɛ: “Mo nyinaa mma aware ho mmra nyam.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nyam” no kyerɛ biribi a ɛsom bo na wobu no kɛse. Sɛ biribi som bo ma yɛn a, yɛde ahwɛyiye kora so na amfi yɛn nsa. So ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yebu aware nhyehyɛe no? Momma yɛn nyinaa mmu aware sɛ ade a ɛho wɔ nyam—biribi a ɛsom bo a yɛyere yɛn ho bɔ ho ban, na yɛhwɛ so yiye de hyɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔhyehyɛɛ aware no anuonyam.—Efe. 3:14, 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena