Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/06 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 9/06 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mode befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Ɛsɛ sɛ mokɔ obiara a mobɛma no nhoma no nkyɛn sankɔhwɛ a mo botae ne sɛ mo ne no befi ofie Bible adesua ase. October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn. November: Yɛde Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no bɛma. Baabi a afiewuranom bɛka sɛ wonni mma no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa anaa kratawa foforo a ɛfata mma wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de The Bible—God’s Word or Man’s?, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a mo asafo no wɔ bi nso ama.

◼ Yɛrekae mo sɛ nnipa a wɔabɔ asu wɔ asafo no mu na mubetumi akra Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so no ama wɔn, na wɔde fa asafo no nkutoo so.

◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni obiara a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-23 no akyi.

◼ Yɛde Kingdom Hall Maintenance Checklist (CN-14) no amena asafo ahorow a wɔn din da Ahenni Asa so nyinaa. Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase hyehyɛ kratasin no na mode mena Betel ansa na September 10, 2006 atwam. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn din da Ahenni Asa no so no de krataa a wɔahyehyɛ awie no bi ma asafo a wohyiam wɔ Ahenni Asa no so nyinaa mu mpanyimfo. Sɛ ebehia sɛ wosiesie nneɛma bi a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo a wohyiam wɔ asa no so no nyinaa susuw ho na wɔyɛ ho nhyehyɛe. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɔbɛhwehwɛ asafo no asase ho nkrataa ne Kingdom Hall Maintenance Checklist (CN-14) no mu.

◼ Wɔde S-205 kratasin foforo a wɔde bɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ daa akwampaefo no amema asafo ahorow nyinaa. Date a ɛwɔ kratasin foforo yi so ne S-205 5/06. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ ma wɔsɛe dedaw biara a ɛwɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ daa akwampaefo no hyehyɛ kratasin foforo yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena