Nsakrae a Wɔayɛ wɔ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! Nhoma no Mu
Nsakrae titiriw a wɔayɛ wɔ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma a wɔyɛɛ no afe 1991 mu no na ɛwɔ ase ha yi. Nneɛma bi te sɛ adawurubɔfo dodow ne yɛn dwumadi no ho akontaabu mu nsakrae a yebetumi ahu wɔ Yearbook ne nhoma afoforo mu no nka ho.
TI 4
kr. 19, ¶4, yi kyerɛwsɛm a etwa to a edi so yi fi mu: Mateo 25:31-33
TI 5
kr. 24, ¶3, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Sɛ wopɛ eyi ho nkyerɛkyerɛmu fefeefe a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 88-92, 215-18.
TI 6
kr. 30, ¶12, fa nea edi so yi si kasamu a ɛto so asia no ananmu: Awiei no, Roma Ɔhempɔn Konstantino maa ɔman no penee so sɛ “Kristosom” yɛ Ɔman som, na eyi na ɛde Kristoman bae, baabi a Asɔre ne Ɔman ka bom dii tumi mfirihyia apem
kr. 32, adaka, fa nea edi so yi si nkyekyɛm a edi kan no ananmu: Wɔbɔɔ Yesu asu sraa no sɛ Ɔhene a Wɔapaw no wɔ Yordan Asubɔnten ho bɛyɛ October afe 29 Y.B. mu. Ɛno akyi mfe abiɛsa ne fã, afe 33 Y.B. mu no, ɔbaa Yehowa asɔrefi bɛpam wɔn a na wɔde hɔ ayɛ adwowtwafo atu no. Ɛte sɛ nea nsɛdi bi wɔ eyi ne mfe abiɛsa ne fã bere a efi bere a wɔde Yesu traa ahengua so wɔ ɔsoro October 1914 kosi sɛ ɔba bɛhwɛɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo bere a atemmu fii ase Onyankopɔn fi no mu. (Mateo 21:12, 13; 1 Petro 4:17) Wɔ 1918 mu tɔnn no, Yehowa nkurɔfo Ahenni ho dwumadi no hyiaa ɔsɔretia kɛse. Na ɛyɛ sɔhwɛ bere wɔ asase so nyinaa, na woyii ahufo fii mu. Wɔ 1918 May mu no, Kristoman asɔfo yɛ ma wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no mu mpanyimfo koguu afiase, nanso asram akron akyi no wogyaa wɔn. Akyiri yi, wotwaa asɛm a wɔde too wɔn so no mu. Efi 1919 no, Onyankopɔn nkurɔfo ahyehyɛde a wɔasɔ ahwɛ na wɔayiyi mu no de nsi bɔɔ Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no dawuru sɛ anidaso ma adesamma.—Malaki 3:1-3.
TI 8
kr. 40, ¶8, fa mfomso 130 si “mfomso 125” ananmu
kr. 40, ¶10, fa eyi si kasamu a etwa to no ananmu: United States Asennibea Kɛse no anim nkutoo no, Yehowa Adansefo adi nkonim mpɛn 50.
TI 10
kr. 50, ¶11, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Sɛ nhwɛso no, hwɛ asɛm “Kristofo Mmea Anokwafo—Onyankopɔn Asomfo a Wɔsom Bo” a ɛwɔ November 1, 2003 Ɔwɛn-Aban no mu no.
TI 11
kr. 56, ¶9, fa eyi si nkyekyɛm no fã a etwa to no ananmu: Ɛdefa eyi ho no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no de nkuranhyɛ ama denam nsɛmti te sɛ “Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ?” ne “Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio,” ho nsɛm a ɛkae no so.” Esiane sɛ yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu mmoa a ɛte sɛɛ nti, momma yɛnhwehwɛ yɛn ankasa mu tɔnn, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde ahobrɛase ne mpaebɔ bɛnantew mudi mu wɔ Yehowa anim no.—Dwom 26:1-3; 139:23, 24.
kr. 56, ¶9, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 2005, ne March 15, 2005.
TI 12
kr. 61, ¶14, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Nsɛmma nhoma a ɛne Ɔwɛn–Aban a Yohane kuw no tintim no akɔ so asi ntɛmpɛ a egye sɛ wobeso hokwan yi mu, na wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa sɛnea wobetumi no so dua; sɛ nhwɛso no, hwɛ nsɛm “Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam”ne “Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So” wɔ January 1, 2004 de no mu. “Nhyira Ne Wɔn a Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” a epuei wɔ June 1, 2004 de no mu no, wosii “ɔpon a wɔahiɛ” no mu a wɔbɛhyɛn akɔyɛ bere nyinaa som dwuma no bi no so dua. Akwampaefo dodow a ɛsen biara 1,093,552 na wobuu ɔsom ho akontaa a ɛte saa wɔ ɔsram biako mu wɔ afe 2005 mu.
TI 13
kr. 69, ¶11, fa eyi si kasamu a etwa to no ananmu: Bɛyɛ mfe 40 ansa na 1914 reba no, wɔtwee adwene si saa afe no so sɛ afe a wɔahyɛ no agyirae wɔ Bible nkɔmhyɛ mu sɛ Amanaman no mmere awiei, a nsɛm a ɛyɛ nwonwa besisi wɔ asase so.—Adiyisɛm 1:10.
kr. 71, ¶14, fa dodow a wotintim 2006 no nkabom boro ɔpepem 59 no si “dodow a wotintim 1990 no nkabom boro ɔpepem 27 no” ananmu
kr. 73, ¶23, yi kyerɛwsɛm yi fi mu: Mateo 25:31
TI 16
kr. 90, ¶4, fa eyi si asehɔ asɛm a ɛtɔ so abien no ananmu: Sɛ wopɛ adanse fefeefe a ɛkyerɛ sɛ Yesu baa n’Ahenni mu afe 1914 mu a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa nhoma a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 215-18.
kr. 90, ¶6, fa eyi si nkyekyɛm no ananmu: Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Ɔhene a wɔde no asi agua so foforo no fi adi kodi ako? Efisɛ wɔde n’ahenni no si hɔ wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den kɛse a efi Yehowa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, ne wɔn a wɔwɔ asase so a wɔyɛ Satan apɛde—sɛ ebia wonim anaasɛ dabi no—hɔ no mu. Ahenni no awo ankasa nso hwehwɛ sɛ wɔko ɔko kɛse wɔ ɔsoro. Yesu a na edin a ɛda no so a ɛne Mikael (ase ne “Hena Na Ɔte Sɛ Nyankopɔn?”) no, di Satan ne n’adaemone so nkonim tow wɔn kyene asase so. (Adiyisɛm 12:7-12) Yesu nkonimdi no kɔ so wɔ Awurade da no mfe du du a edi kan no mu, bere a wɔreboaboa nnipa a wɔte sɛ nguanten ano no. Ɛwom sɛ wiase nyinaa da so ara “da ɔbɔne no mu” de, nanso Yesu kɔ so hwɛ ne nuanom a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no so ɔdɔ mu, na ɔboa wɔn mu biara na wadi nkonim gyidi mu.—1 Yohane 5:19.
kr. 92, ¶9, fa eyi si kasamu a etwa to no ananmu: Nkɔso no ada adi yiye wɔ Katolek nsase ne aman a na ɔtaa ahorow no ano yɛ den sen biara—te sɛ Germany, Italy ne Japan a Adansefo bɛboro 600,000 na wobu akontaa mprempren sɛ asomfo a wɔkɔ asɛnka daa no mu.—Yesaia 54:17; Yeremia 1:17-19.
kr. 94, ¶18, fa eyi si nkyekyɛm no ananmu: So yebetumi afrɛ eyi sɛ nkonimdi ma akodi ho nimdeɛ anaa? Mmom no ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ a onni ahummɔbɔ no retu mmirikaden. Saa mmirikaden no bɛba awiei wɔ he? Wiase nyansahufo bi ka sɛ asiane bi betumi ama nuklea ɔko aba—sɛ yɛrenka nuklea ɔko a wɔahyɛ da ahyehyɛ a wɔbɛma aba no ho asɛm koraa a! Nanso anigyesɛm ne sɛ ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo a ɔredi nkonim no wɔ eyi ho adwene foforo bi.
kr. 97, ¶28, fa eyi si nkyekyɛm no ananmu: Nea ehia wɔ ha mprempren ne “owuyare” no. Wɔ nneɛma a Wiase Nyinaa Ko I sɛee no akyi no, Spania infrensa kunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20 afe 1918-19 asram kakraa bi mu. Asase so baabi nkutoo a ɔhaw yi bi ankɔ hɔ ne St. Helena supɔw ketewaa no so. Mmeae a ɛhɔfo fã kɛse no ara wuwui no, wɔbɔɔ gyatannaa de hyew amu a wɔaboaboa ano akuwakuw no. Na nnɛ nso komayare ne akisikuru a ɛyɛ hu no wɔ hɔ, na tawa a ɛsɛe ade no na ɛde eyi mu dodow no ara ba. Nea wɔkaa ho asɛm sɛ afe 1980 mfe no mu “mfe du tantan” no mu no, asetra kwan a ebu Bible gyinapɛn so no de AIDS ɔyare no aka “owuyare” no ho. Wɔ afe 2000 mu no, wɔkae sɛ United States nnuruyɛfo panyin kaa AIDS ho asɛm sɛ “ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne ɔyare a wonim sɛ ayɛ nnipa pii sen biara wɔ wiase no mu.” Ɔkae sɛ nnipa ɔpepem 52 anya HIV/AIDS wɔ wiase nyinaa na wɔn mu ɔpepem 20 awu. Aseda bɛn ara na Yehowa nkurɔfo de ma sɛɛ yi sɛ N’Asɛm mu afotu a nyansa wom ama wɔatwe wɔn ho wɔn afi aguamammɔ ne mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, a ɛno so na wɔnam de nyarewa bebree san nnipa nnɛ no ho!—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; fa toto 1 Korintofo 6:9-11 ho.
TI 17
kr. 100, ¶2, fa 1 Beresosɛm 24:4 si “1 Beresosɛm 23:4” ananmu
TI 18
kr. 106, ¶7, fa eyi si nkyekyɛm no ananmu: Wiase Nyinaa Ko ll de basabasayɛ foforo a ɛtoatoa so bae. Ɔko nketenkete ne amumɔyɛsɛm a wodi wɔ aman ahorow mu kɔ so wosow asase no. Amumɔyɛfo anaa aman a wɔde akode a ebetumi akunkum nnipa pii ho hu ayɛ nnipa bebree dadwen.
kr. 106, fa nea edi so yi si asɛmmisa 7-9 (b) ananmu: Awiei koraa no, basabasayɛ bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ nnipa asetra mu bere a Yesu aba no?
kr. 107, ¶9, fa eyi si kasamu a ɛto so abiɛsa no ananmu: Ɛda adi sɛ nna bɔne a ɛbae wɔ ɛno akyi no yɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne mmae ho a ‘amanaman ho a ɛbɛyeraw wɔn asase so ne ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no a ɛbɛma nnipa atotɔ beraw’ no ka ho no mmamu fã. (Luka 21:7-9, 25-31)
kr. 107, ¶9, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Bɛboro mfe 35, fi 1895 kosi 1931 no, wɔfaa Luka 21:25, 28, 31 mu nsɛm no kae wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no akyi de kaa abantenten so kanea a wɔasɔ a ɛhyerɛn nsu a amuna ɛpo a ɛbɔ asorɔkye biribiri so no mu.
kr. 107, ¶11, fa eyi si kasamu a ɛto so anan no ananmu: Kɔkɔbɔ a wɔde rema wɔ asase so nyinaa yi ama Satan wiase nhyehyɛe no ahu sɛ ne sɛe abɛn.
kr. 109, ¶17, yi kasamu a ɛto so abien a edi Adiyisɛm 6:12b, 13 so no fi mu: Egyina hɔ ma amanehunu tebea a na Yesu adi kan ahyɛ ho nkɔm wɔ Mateo 24:29 no awiei.
TI 20
kr. 123, ¶11, fa eyi si kasamu a ɛto so anan no ananmu: Bere a yɛretintim eyi no, na wɔde MEPS ahorow ahorow redi dwuma wɔ mmeae bɛboro 125 wɔ asase so nyinaa, na eyi aboa ma atumi ayɛ yiye sɛ wobetintim wɔn nsɛmma nhoma a ɛba mprenu ɔsram biara a ɛne Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow bɛboro 130 mu wɔ bere koro mu.
kr. 128, ¶30, fa eyi si kasamu a etwa to no ananmu: Adesamma mu nnipa kakraa bi, a 144,000 a wɔasɔ wɔn ano no nkaefo no mu biara a ebia ɔda so ara wɔ ɔhonam mu ne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no na ‘wobegyina ano,’ kyerɛ sɛ, wɔne wɔn na ebenya nkwa.—Yeremia 35:19; 1 Korintofo 16:13.
TI 22
kr. 143, fa eyi si asɛmti ketewa no ananmu: Ɔhaw a Ntutummɛ De Ba Nnɛ
kr. 146, ¶16, fa eyi si nsɛm a edi Adiyisɛm 9:10 so no ananmu: Dɛn na eyi betumi akyerɛ? Bere a Yehowa Adansefo nam nsɛm a wɔka ne nhoma a wɔatintim so kɔ so yɛ wɔn Ahenni adwuma no, wɔka nsɛm a tumi wom a egyina Onyankopɔn Asɛm so. Asɛm a wɔka no wowɔ te sɛ akekantwɛre efisɛ ɛbɔ Yehowa aweredi da a ɛreba no ho kɔkɔ. (Yesaia 61:2) Ansa na honhom mu mmoadabi no mprempren awo ntoatoaso no nkwa nna tenten bɛba awie no, na wɔawie adwuma a wofi soro ahyɛ sɛ wɔnka Yehowa atemmu ahorow nkyerɛ no yɛ—ma apira abususɛnkafo a wɔasen wɔn kɔn nyinaa.
kr. 147, ¶17, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Wɔsan too nsɛmma nhoma yi din Consolation wɔ 1937 mu ne Awake! wɔ 1946 mu.
kr. 147, ¶19, fa kyerɛw nsɛm a edi so yi si nea ɛwɔ kasamu a ɛto so abien awiei no ananmu, na fa asɛm a edi so no si kasamu a ɛto so abiɛsa no ananmu: (Mateo 24:3-14; Adiyisɛm 12:1-10) Ɛno akyi no, ɛfaa asɛm a asɔfo baawɔtwe a wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔka wiase asɛnkafo akɛse a wɔsen biara” ho, de wɔn nsa ahyɛ ase a wotintim no London wɔ 1917 mu no kaa asɛm.
TI 24
kr. 160, ¶21, fa wɔn a wɔsɔre tia no si “wɔn a wɔte sɛ mpapo no” ananmu
kr. 160, ¶21, fa Filipifo 1:27, 28 si “Mateo 25:31-34, 41, 46” ananmu
kr. 160, fa nea edi so yi si asɛmmisa 21 (b) ananmu: Dɛn nti na asɛmpa no yɛ asɛmmɔne ma nnipa a wɔsɔre tia no?
TI 25
kr. 162, ¶4, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: * Sɛ wopɛ honhom fam asɔrefie kɛse yi ho nsɛm pii a, hwɛ July 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a ɛne “Yehowa Honhom Fam Asɔrefie Kɛse No” ne “Nokware Asɔredan Biako Pɛ a Ɛsɛ sɛ Wɔsom Wom” no wɔ December 1, 1972 Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu.
kr. 162, ¶5, fa eyi si kasamu a ɛto so abiɛsa no ananmu: Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow no mu no, adesusuw a ɛte saa no de adanse ma de kyerɛ sɛ wɔnam Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ no so bebu atɛn.
kr. 162, ¶7, fa eyi si kasamu a ɛto so abien a edi Adiyisɛm 11:2 so no ananmu: Sɛnea yebehu no, nea wɔka ho asɛm wɔ ha no yɛ asram 42 ankasa a efi December 1914 kosi June 1918 bere a wɔsɔɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa hwɛe denneennen no.
kr. 164, ¶12, fa eyi si kasamu a ɛto so abiɛsa no ananmu: Nea ɛka ho bio no, Awurade da no mfiase mu hɔ no, na mfe abiɛsa ne fa bere bi a wɔahyɛ no agyirae a nsɛnnennen a Onyankopɔn nkurɔfo hyiae a ɛne nsɛm a esisii a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ ha no hyiae no wɔ hɔ—na efii ase fi December 1914 na ɛtoaa so ara koduu June 1918.
kr. 165, fa eyi si asɛm a ɛwɔ mfonini no ase ananmu: Ɔdansi adwuma a Serubabel ne Yosua yɛe no kyerɛe sɛ Awurade da no mu no, nkɔso kɛse a ɛbɛba Yehowa Adansefo mu bedi mfitiase ketewaa no akyi. Ɛho behiae sɛ wɔtrɛw adan a ɛwɔ Brooklyn, New York, a ɛwɔ atifi ha no mu kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adi n’atirimpɔw ahorow no ho dwuma
kr. 165, ¶15, fa (Mateo 17:1-3) si “(Mateo 17:1-3; 25:31)” ananmu
TI 26
kr. 175, ¶12, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus bɔ amanneɛ sɛ bere a wɔko faa Yerusalem wɔ 63 A.Y.B. mu, na Cneius Pompeius kɔhyɛn asɔrefie no kronkronbea hɔ no, ohui sɛ ɛhɔ da mpan. Na apam adaka biara nni mu.—Tacitus History, 5.9.
TI 27
kr. 185, adaka, fa eyi si nkyekyɛm a ɛto so asia no ananmu: Wɔ Spain no, wɔtow hyɛɛ afie so na wɔbɔɔ Kristofo ka de wɔn koguu afiase sɛ wɔayɛ “bɔne” sɛ wɔaka Onyankopɔn ho asɛm na wɔayɛ Kristofo nhyiam. Awiei no, ɔtaa yi to twae wɔ 1970 mu na esiane sɛ aban no sakraa n’adwene wɔ asɔre afoforo a wɔnyɛ Katolekfo ho no nti, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu.
kr. 185, ¶28, fa eyi si kasamu abien a edi kan no ananmu: Ɔtaa bɔne bebrebe yi duu ne pɔmpɔn so wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu. Wɔ Europa no, wɔkyeree Adansefo bɛyɛ 12,000 koguu Nasi adwumayɛban ne afiase ahorow mu, na bɛyɛ 2,000 wuwui.
TI 28
kr. 187, ¶4, fa eyi si asehɔ asɛm no ananmu: Sɛ wopɛ nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwɛ nhoma “Tie Daniel Nkɔmhyɛ No,” a Yehowa Adansefo atintim no nkratafa 165-79.
kr. 190, ¶15, fa eyi si kasamu abiɛsa a edi kan no ananmu: Na ɔko no yɛ amanehunu kɛse ma aboa no ti a ɛto so ason a na edi tumi no. Britania ne Europa aman afoforo hweree wɔn mmerante bebree a na ɛyɛ awerɛhow. Ɔsa biako pɛ mu, Asubɔnten Somme Ɔsa wɔ 1916 mu no, Britaniafo 420,000, ne Fransefo bɛyɛ 194,000 ne Germanfo 440,000 na wowuwui—atɔfo a wɔboro 1,000,000!
kr. 192, ¶22, fa eyi si asɛm a edi (Asomafo no Nnwuma 5:29) so no ananmu: Wɔn sɔhwɛ no duu ne pɔmpɔn so wɔ June 1918 mu.
TI 29
kr. 202, ¶14, fa eyi si kasamu a edi kan ne nea ɛto so abien no ananmu: Wɔatɔ 144,000 no “afi asase so,” “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu.” Wɔagye wɔn sɛ Onyankopɔn mma, na wɔn wusɔre akyi no, wɔrenyɛ honam ne mogya nnipa ara kwa bio.
TI 30
kr. 209, ¶10, fa eyi si kasamu a edi kan no ananmu: Ebeduu 1870 mfe no mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase de animia bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew wɔn ho afi Babilon Kɛse aguamammɔ akwan no ho.
kr. 209, fa eyi si asɛmmisa a ɛto so 10 no ananmu: Ebeduu 1870 mfe no mu no, dɛn na ɛbae, na dɛn na Babilon Kɛse no yɛe wɔ eyi ho?
TI 32
kr. 231, ¶27, fa eyi si nkyekyɛm no fã a etwa to a efi “Mateo 24:42, 44” so no ananmu: (Mateo 24:42, 44; Luka 12:37, 40) Ɔsomafo Paulo reti kɔkɔbɔ yi mu aka no, ɔkae sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Satan na ɔma amanaman no ka “asomdwoe ne ahotɔ” atosɛm a ɛte saa biara no!—1 Tesalonikafo 5:2, 3.
TI 33
kr. 243, ¶21, fa eyi si kasamu a wufi so a na worekɔ nea etwa to no so ananmu: Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ Paapa no anka Yesu Kristo anaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm ahe biara wɔ ne kasa no mu.
kr. 245, ¶25, fa (Adiyisɛm 14:8; 17:4) si “(Adiyisɛm 14:8; 17:2)” ananmu
TI 34
kr. 246, ¶1, fa eyi si kasamu a wufi so a na worekɔ nea etwa to no so ananmu: Nanso anisoadehu no bɛba mu wɔ yɛn bere yi mu ma nnipa ho adwiriw wɔn.
kr. 249, ¶10, fa eyi si kasamu a ɛto so anan no ananmu: Sɛnea Amanaman Ntam Asomdwoe Nhwehwɛmu Ahyehyɛde no amanneɛbɔ kyerɛ no, 1986 nkutoo mu akodi kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem anum!
kr. 250, ¶12, asehɔ asɛm, fa 1993 si “1981” ananmu
kr. 251, ¶14, fa eyi si nkyekyɛm no ananmu: Mfe kakra ni no, amammuifo de asɛm “asomdwoe ne ahotɔ!” no atwe adwene asi nnipa nhyehyɛe ahorow so. So saa mmɔden a wiase akannifo bɔ no kyerɛ sɛ 1 Tesalonikafo 5:3 afi ase renya mmamu? Anaasɛ na Paulo retwe adwene asi asɛnkɛse pɔtee bi a ebesi a wiase no behu so? Esiane sɛ yɛtaa te Bible mu nkɔmhyɛ ase koraa wɔ bere a anya mmamu no akyi nti, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ nea ɛbɛba. Nanso, Kristofo nim sɛ asomdwoe ne ahotɔ biara a ɛbɛyɛ sɛ amanaman no anya no renyɛ nsakrae titiriw biara. Pɛsɛmenkominya, nitan, awudi, mmusua mu mpaapaemu, ɔbrasɛe, nyarewa, awerɛhow ne owu bɛkɔ so atra hɔ. Ɛno nti na ɛnsɛ sɛ woma “asomdwoe ne ahotɔ” a wɔbɛka biara no daadaa wo, bere a wuhu nea nsɛm a esisi wɔ wiase no kyerɛ na wutie Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ a ɛyɛ kɔkɔbɔ no.—Marko 13:32-37; Luka 21:34-36.
TI 36
kr. 259, ¶4, fa eyi si kasamu abien a etwa to no ananmu: Wɔ 1914 mu no, Yesu bɛyɛɛ Ɔhene wɔ soro, na efi saa bere no ɔredi asase nyinaa so tumi sɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo a ɔka Yehowa ho. Ɛnde na ɛfata sɛ ɔno na ɔka Babilon Kɛse no asehwe kyerɛ.
kr. 260, ¶9, fa eyi si kasamu anan a edi kan no ananmu: Tete Babilon asehwe wɔ 539 A.Y.B. mu no yɛ n’asehwe a ɛkyɛe a ekowiee n’amamfoyɛ mu no mfiase. Saa ara nso na efi wiase ko a edi kan no so reba yi, Babilon nyamesom nkɛntɛnso no so ahuan ara yiye wɔ wiase nyinaa. Wɔ Japan no, woguu Shinto ɔhempɔn som wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi.
kr. 265, ¶22, yi kyerɛwsɛm a etwa to no fi mu:—Fa toto Mateo 24:15, 16 ho.
kr. 266, ¶28, fa eyi si kasamu a ɛto so abiɛsa ne anan no ananmu: Obenya nea ɔde mae no mmɔho abien. Ɔrenna mmɔborohunu biara adi efisɛ Babilon Kɛse no ankyerɛ mmɔborɔhunu biara amma wɔn a ne nsa kaa wɔn no.
TI 38
kr. 277, ¶17, fa eyi si kasamu abien a etwa to no ananmu: Sɛ ɛka wɔn a wɔasra wɔn no bi wɔ asase so a, akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Kristo wie ne nkonimdi no ara pɛ a, wɔn nsa bɛka wɔn soro akatua no na wɔbɛkɔ akɔka mfɛfo ayeforo kuw no mufo no ho. Afei, wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, Oguammaa no ayeforohyia no betumi aba so!
kr. 277, ¶18, fa eyi si kasamu a edi kan no ananmu: Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 45 no kyerɛ sɛnea nsɛm no besisi nnidiso nnidiso.
TI 39
kr. 281, ¶10, fa eyi si kasamu abien a etwa to no ananmu: Bio, ‘abɔfo nyinaa’ bɛsom Yesu bere a ɔte n’anuonyam ahengua so na ofi ase bu amanaman no ne asase sofo atɛn no. (Mateo 25:31, 32) Ampa, ɔko prɛko no mu, bere a wodi Onyankopɔn atemmu ahorow ho dwuma wie koraa no, Yesu abɔfo no bɛka ne ho bio.
TI 41
kr. 296, ¶5, fa eyi si kasamu abiɛsa a edi kan no ananmu: Henanom na wɔaka a wobebu wɔn atɛn bere a asase dedaw ne ɔsoro dedaw no guan kɔ no akyi? Ɛnyɛ 144,000 a wɔasra wɔn no nkaefo no, efisɛ wɔabu eyinom atɛn asɔw wɔn ano dedaw. Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu binom da so te ase wɔ asase so wɔ Harmagedon akyi a, ɛsɛ sɛ wowuwu ɛno akyi bere tiaa bi na wokonya wɔn soro akatua denam owusɔre so. (1 Petro 4:17; Adiyisɛm 7:2-4)
TI 43
kr. 311, ¶19, fa eyi si nsɛm a edi “Adiyisɛm 11:15; 12:10” so no ananmu: Wɔ awiei bere yi mu no, honhom no ne ayeforo no ato nsa afrɛ nnipa komapafo sɛ wommegye nkwa nsu kwa. Wɔn a wɔte saa no bɛkɔ so anya asubɔnten yi mu nsu akosi nneɛma nhyehyɛe yi awiei. Ɛno akyi no, wɔbɛkɔ so anya asubɔnten yi mu nsu wɔ wiase foforo no mu, bere a Yerusalem Foforo no ‘fi soro Onyankopɔn nkyɛn sian no.’—Adiyisɛm 21:2.
kr. 312, ¶26, fa eyi si kasamu abien a edi kan no ananmu: Ɛbɛyɛ sɛ Oguammaa no yere no a wɔyɛ 144,000 no ka saa nnua a enya nsu fi asubɔnten no mu no ho. Bere a wɔwɔ asase so no, eyinom nso nom Onyankopɔn nsiesiei a ɛnam Yesu Kristo so no. Ɛyɛ anika sɛ wɔ nkɔmhyɛ mu no, wɔfrɛ Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn no sɛ “trenee nnua” akɛse. (Yesaia 61:1-3; Adiyisɛm 21:6)