Asɛmmisa Afã
◼ So ɛfata sɛ obi boaboa nsɛm a yebesusuw ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no ano na ɔkyekyɛ ma afoforo?
Obi wɔ hokwan sɛ ɔboaboa nsɛm a ɛte saa no ano ma n’abusua ne ne nnamfo kakra a wɔbɛn no paa. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɔkyekyɛ nsɛm a ɛte saa ma obiara anaa ɔde ma obi gye ho sika, efisɛ saa a ɔbɛyɛ no tia mmara.—Rom. 13:1.
Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no bi wɔ hɔ a, asɛmti nkutoo na wɔde ma; wɔnkyerɛ baabi a asɛm no fi. So ɛbɛyɛ papa sɛ obi bɛkyerɛw baabi a wobenya asɛm no afi anaa ɔbɛboaboa nsɛm no ankasa ano ama wɔn a wonya saa dwumadi no? Dabi. Saa ara nso na ɛrenyɛ papa sɛ obi bɛboaboa Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu no ho mmuae ano ama afoforo, efisɛ eyi remmoa wɔn mma wɔnkae emu nsɛntitiriw no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya dwumadi no yɛ wɔn ankasa nhwehwɛmu. Nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ no yɛ ɔkwan titiriw a Yehowa nam sukuu no so retete yɛn ma yɛde “asuafo tɛkrɛma” akasa.—Yes. 50:4.