Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase September 11
Dwom 20
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no mfa nsiesie ne ho mma Ɔsom Nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ no September 25 dapɛn no mu no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ne September Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “Mewɔ m’asɔre a mekɔ.”—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kr. 10.
20 min: Nya Ɔsom Nhyiam ne Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no so, fi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 64 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 69.
15 min: Krataa a efi Betel. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi anim no so. Fa Asɛmmisa Afã a ɛwɔ January 2005 de no mu no ka ho.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 18
Dwom 213
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: Dɛn na Yetumi Yɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔsom adwuma sohwɛfo ka ɔsom afe a etwaam no dwumadi ho asɛm. Twe adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran a mutumi yɛe wɔ ɔsom adwuma no mu so na kamfo wɔn sɛnea ɛsɛ. Kyerɛ ɔsom adwuma no fã bi a ɛsɛ sɛ asafo no yere wɔn ho wom wɔ afe a ɛda yɛn anim no mu. Ka akwampaefo no dwumadi ho asɛm na kamfo wɔn wɔ adwumaden a wɔyɛe no ho. Ka adepa a afi mmɔden a mobɔe sɛ mobɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu aba no ho asɛm.
25 min: “Ɔsatu Soronko a Efi Ase October 16 Kosi November 12!” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin de anigye susuw ho. Bere a woakan krataa a wɔkyerɛw no July 6, 2006, de kɔmaa mpanyimfo kuw no awie no, ma atiefo no mu biara Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 no biako. Afei fa asɛmmisa ne mmuae toa so fa susuw asɛm no ho. Ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛyɛ mo asasesin no nyinaa mu adwuma no ho asɛm. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔsatu no mu bi. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
Dwom 50 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 25
Dwom 94
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kae adawurubɔfo na wɔmfa September asɛnka akontaabu mmra. Ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no nyɛ sɛnea obi de September 15 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ bere a ɔredi adanse wɔ abɔnten so no.
25 min: “Video a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho Anibere So.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 1 no ho a, bisa asafo no mufo ma wɔnka nea wohui wɔ Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no ho asɛm tiawa. Ɛno akyi no, munsusuw asɛmmisa biara a ɛwɔ nkyekyɛm 2-7 no ho. Hyɛ mmusua nso nkuran na akyiri yi wɔnhwɛ Young People Ask—What Will I Do With My Life? video a ɛwɔ DVD so no fa wie.
10 min: Asafo mu osuahu ahorow. Ma atiefo nka osuahu ahorow a wonyae bere a wɔrekyekyɛ Awake! soronko no anaa bere a wɔde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no fii Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no nkyerɛ. Wobetumi ayɛ osuahu no biako anaa abien a ɛhyɛ nkuran ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 2
Dwom 36
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw Asɛmmisa Afã no ho.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Afie Afie Adansedi.”b Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.