Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/06 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 9
  • Dapɛn a Efi Ase October 16
  • Dapɛn a Efi Ase October 23
  • Dapɛn a Efi Ase October 30
  • Dapɛn a Efi Ase November 6
Yɛn Ahenni Som—2006
km 10/06 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase October 9

Dwom 25

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 no bɛka October 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Boa Afoforo Ma Wɔmmɛyɛ Onyankopɔn Nnamfo.”a Ma atiefo nka sɛnea afoforo nhwɛso ne wɔn mpaebɔ a efi komam boaa wɔn ma wonyaa nkɔso bɔɔ asu.

20 min: Siesie Wo Ho sɛ Wobɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 No. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw nhyehyɛe a mode bɛyɛ ɔsatu no ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ September Yɛn Ahenni Som mu no. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyem yiye. Hyɛ wɔn a wɔn Bible asuafo renya nkɔso no nkuran ma wonsusuw ho nhwɛ sɛ wɔfata sɛ ebia wɔyɛ ɔsatu no bi sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu anaa. Awofo nso betumi asusuw ho ahwɛ sɛ wɔn mma fata anaa. Ka nea ɛbɛma obi afata a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 79-81 no ho asɛm tiawa.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 16

Dwom 84

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: Nya Asafo Nhoma Adesua so Mfaso. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no so fi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 69 kosi asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 72 no.

15 min: “Dɛn na Wode Di Kan?”b Ma adawurubɔfo bi a woadi kan ne wɔn asusuw ho nka sɛnea wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Ahenni nneɛma bedi kan ne nhyira a wɔanya afi so no ho asɛm.

Dwom 172 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 23

Dwom 58

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no nyɛ sɛnea obi de October 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “Adɛn nti na motaa ba ha saa?” de siw nkɔmmɔbɔ kwan wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, kr. 12.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa September 2001 Yɛn Ahenni Som, Asɛmmisa Afã, nkyekyɛm 4, a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi nneɛma ho dwuma bere a onuabarima a ɔfata biara nni hɔ a ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam no so no ka ho.

Dwom 143 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 30

Dwom 207

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mmra, na kyerɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛw Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 no dodow a wɔde ama ngu wɔn asɛnka akontaabu kratasin no akyi.

15 min: Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm no Akyerɛ Me Mfɛfo Sukuufo? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina April 8, 2002, Nyan! kratafa 14-16 so. Ma atiefo nka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wɔreka asɛm no akyerɛ wɔn mfɛfo sukuufo no.

20 min: Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 Ho Osuahu Ahorow. Bisa adawurubɔfo ma wɔnka osuahu a ɛyɛ anigye a wonyae bere a wɔrekyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 no. Ka baabi a ɛde besi saa bere yi moakyekyɛ akodu wɔ asasesin no mu, ne nea ebehia sɛ moyɛ na moatumi awie wɔ November 12. Yɛ sɛnea wɔde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no yɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa Ahenni Asɛm no dodow biara a wɔrentumi nkyekyɛ nwie ansa na bere no aso no mmra na ama afoforo atumi akɔkyekyɛ.

Dwom 136 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 6

Dwom 146

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ January 2005 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3-4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no bɛma wɔ November dapɛn abien a etwa to no mu ho ɔyɛkyerɛ.

22 min: Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina October 15, 2006, Ɔwɛn-Aban, kratafa 28-31 so.

15 min: Sɛ Yɛka Asɛm no a, Yɛn Ho Tɔ Yɛn. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina January 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 8-9 so. Ma atiefo nka sɛnea asɛnka ma wonya ahotɔ no ho asɛm. Wubetumi ama onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asiesie wɔn ho.

Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena