Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, monkyerɛ wɔn sɛnea yɛyɛ Bible adesua tiawa ne sɛnea wobenya so mfaso. October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mma wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ mo ne wɔn befi Bible adesua ase. November: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ afiewuranom ka sɛ wonni mma a, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaa mubetumi de Bɛn Yehowa anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ama.
◼ Esiane sɛ adapɛn awiei anum na ɛwɔ September mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 2007 Ɔwɛn-Aban ne Awake! “bound volume” ahorow, Watch Tower Publications Index 2007, ne Watchtower Library—2007 Edition a ɛwɔ CD-ROM so no ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔabɔ asu wɔ asafo no mu na mubetumi akra Watchtower Library—2007 Edition no ama wɔn, na wɔde fa asafo no nkutoo so.
◼ Yebesusuw Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News video no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ December mu. Eyi wɔ DVD so nkutoo. Sɛ obi behia bi a, ɛsɛ sɛ ɔfa asafo no so kra bi ntɛm ara.
◼ Yɛde Kingdom Hall Maintenance Checklist (CN-14) no amena asafo ahorow nyinaa. Yɛsrɛ sɛ montɔ mo bo ase nhyehyɛ kratasin no. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn din da Ahenni Asa no so no de krataa a wɔahyehyɛ awie no mena Betel ansa na September 10 atwam.
◼ Wɔbɛma afe 2008 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, March 31, 2008. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na March 31, dapɛn no adu.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm ma June, July, ne August asram no mu. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no. Sɛ mowɔ boayikuw a ɛhwɛ Ahenni Asa no so a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wohyiam wɔ asa no so no hwɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn sikasɛm mu saa bere no ara mu.—Hwɛ Instructions for Congregation Accounting (S-27).