Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/07 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase September 10
  • Dapɛn a Efi Ase September 17
  • Dapɛn a Efi Ase September 24
  • Dapɛn a Efi Ase October 1
Yɛn Ahenni Som—2007
km 9/07 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase September 10

Dwom 225

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biara mu no, fa nsɛmma nhoma abien no nyinaa ma, nanso ka biako pɛ ho asɛm.

15 min: Asɛmmisa Afã. Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin di ho dwuma. Monkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no na munsusuw ho sɛnea bere bɛma kwan.

20 min: “Munni Yesu Nhwɛso Akyi.”a Ma atiefo nka sɛnea wɔanya afoforo nhwɛso pa so mfaso ho asɛm.

Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 17

Dwom 60

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Dɛn na Yetumi Yɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔsom adwuma sohwɛfo ka ɔsom afe a etwaam no dwumadi ho asɛm. Twe adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran a mutumi yɛe wɔ ɔsom adwuma no mu so, na kamfo wɔn sɛnea ɛsɛ. Kyerɛ ɔsom adwuma no fã ahorow bi a ɛsɛ sɛ asafo no yere wɔn ho wom wɔ ɔsom afe a ɛreba no mu. Ka akwampaefo no dwumadi ho asɛm na kamfo wɔn wɔ adwumaden a wɔyɛe no ho. Ka adepa a afi mmɔden a mobɔe sɛ mobɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu aba no ho asɛm.

20 min: Anuanom a Wɔayɛ Biako. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 16 so.

Dwom 74 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 24

Dwom 162

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: Fa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? Kratawa no Fi Bible Adesua Ase wɔ October Mu. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Awake! na ɛbɛma wɔ October mu. Sɛ wɔkyerɛ ho anigye a, wubetumi de So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no afi Bible adesua ase. Sɛ mowɔ bi wɔ hɔ a, ma wɔn a wogye ahɔho no nkyekyɛ bi mma obiara, na ɛno akyi no, munsusuw kratawa no ho tiawa. Kyerɛkyerɛ mu sɛ yebetumi ne ofiewura no asusuw kratawa no fã bi anaa ne nyinaa ho bere a edi kan no anaa bere a yɛasan kɔ hɔ no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde September 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ɔdawurubɔfo no gyaw kratawa no ma ofiewura no bere a wannye nsɛmma nhoma no. Wɔ ɔyɛkyerɛ foforo no mu no, bere a ofiewura no agye nsɛmma nhoma no, ɔdawurubɔfo no ma no kratawa no bi, na ɔne no susuw kratafa 5 ho, na ɔka Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ho asɛm kyerɛ no, na ɔhyɛ no bɔ sɛ ɔbɛsan aba de bi abrɛ no.

Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 1

Dwom 88

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa September asɛnka akontaabu mma.

15 min: Krataa a efi Betel. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi anim no so.

20 min: “Yɛmmɔ Mmɔden sɛ Yɛbɛyɛ Pii wɔ Yɛn Som Adwuma Mu.”b Ma anuanom mmarima ne mmea a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ pii no nka sɛnea wɔkɔ so hwehwɛ akwan a wobetumi afa so ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu ho asɛm nkyerɛ. Wubetumi ne wɔn mu baako anaa baanu adi kan asusuw nea wɔbɛka ho.

Dwom 102 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena