Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/07 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 10/07 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mma wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ mo ne wɔn befi Bible adesua ase. November: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ afiewuranom ka sɛ wonni mma a, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaa mubetumi de Bɛn Yehowa anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a ne krataa no adodow anaa nhoma biara a wotintimii ansa na 1991 reba. Asafo ahorow a wonni nhoma a ɛte saa bi no betumi de Nimdeɛ nhoma no (sɛ wɔwɔ bi a) ama anaa wobetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama.

◼ Esiane sɛ adapɛn awiei anum na ɛwɔ December mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Yebesusuw Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video no ho wɔ January Ɔsom Nhyiam ase. Sɛ wuhia bi a, ɛsɛ sɛ wofa w’asafo no so kra bi ntɛm ara.

◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe ma Afe 2008,” na ɛsɛ sɛ wode to baabi pa na wode adi dwuma wɔ afe 2008 nyinaa mu.

◼ Monhyɛ no nsow sɛ, onua a ɔbɛyɛ dwumadi a etwa to wɔ Ɔsom Nhyiam ase no na ɛsɛ sɛ ɔfrɛ dwom a yɛde pɔn no. Ɛno akyi no, ɔno anaa onuabarima a ɔfata a wɔadi kan aka akyerɛ no na ɔbɛbɔ mpae a yɛde pɔn no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena