Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/07 kr. 3-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe Ma Afe 2008

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe Ma Afe 2008
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Akwankyerɛ
  • NHYEHYƐE
Yɛn Ahenni Som—2007
km 10/07 kr. 3-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe Ma Afe 2008

Akwankyerɛ

Nhyehyɛe a edidi so yi na yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ afe 2008 mu.

NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible (Akuapem), Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase [bi7-TW], Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso [be-TW] “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So [bsi08-TW Po 1 ne 2]a, ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E].

Sɛ Reasoning From the Scriptures no mu na wobeyi dwumadi bi afi a, wɔakyerɛ beae foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no benya nsɛm a wɔde bɛyɛ wɔn dwumadi no bi afi.

Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nsɛm tiawa a wɔde ma akwaaba fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔde sɛnea wɔahyehyɛ dwumadi no wɔ ase hɔ no atoa so. Sɛ wowie dwumadi biara a, sukuu sohwɛfo no bɛfrɛ nea ɔwɔ dwumadi a edi hɔ no.

ƆKASA SU: Simma 5. Sukuu sohwɛfo no, ɔfotufo boafo, anaa ɔpanyin foforo a ɔfata begyina Ɔsom Sukuu nhoma no so akyerɛkyerɛ ɔkasa su bi mu. (Wɔ asafo ahorow a mpanyimfo kakraa bi na wɔwom mu no, wobetumi de ama asafo mu ɔsomfo a ɔfata.)

DWUMADI 1: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata yɛ, na ebegyina Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso, anaasɛ “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So [*bsi08-TW Po 1 ne 2] nhomawa no so. Ɛsɛ sɛ wɔde simma du ma no sɛ ɔkyerɛkyerɛ kasa. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ wɔbɛkenkan nsɛm no nyinaa akyerɛ kɛkɛ na mmom sɛ wɔbɛtwe adwene asi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no kɛse so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi bɛma wɔn no bɛhwɛ adi wɔn bere so. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de afotu ama wɔn wɔ kokoam.

BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata de Bible akenkan no di asafo no ahiade ho dwuma wɔ simma anum a edi kan no mu. Obetumi aka dapɛn no mu Bible akenkan a wɔde ama no fã biara ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Botae titiriw no ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti a asɛm no ho hia ne sɛnea ebetumi aboa wɔn. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye na wanni ammoro simma anum a wɔde ama ɔfã a edi kan no so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ obegyaw simma anum ama atiefo no ma wɔde anya dwumadi no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔfrɛ atiefo no ma wɔde bere tiaa (anibu 30 anaa nea ennu saa) ka nneɛma a wɔn ani gyee ho wɔ Bible akenkan no mu ne ɛso mfaso ahorow ho asɛm. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo a wɔwɔ dwumadi wɔ asa a ɛto so abien so no akɔ.

DWUMADI 2: Simma 4 anaa nea ennu saa. Eyi yɛ akenkan a ɛsɛ sɛ wɔde ma onuabarima. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan asɛm no a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ma ntease abam, akɔ yɔɔ, asi adwene a ɛwom so dua yiye, asakra wɔn nne, ahome wɔn kasa mu wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.

DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi bɛma asuafo no anaasɛ wɔbɛma wɔapaw bi afi nea ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 82 no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔyɛ ma ɛfata asafo no asasesin mu dwumadi. Sɛ wɔankyerɛ baabi a asɛm no fi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔma asuafo a wɔyɛ foforo no dwumadi a wɔakyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho na ɔma ɔte kasa no mu nsɛntitiriw ase. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔboafo biako.

DWUMADI 4: Simma 5. Ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de di ɔfã yi ho dwuma. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa a ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Sukuu sohwɛfo no betumi de Dwumadi 4 no ama onuabarima bere biara a ɔte nka sɛ ɛfata. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde [*] yi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima ma wɔma no sɛ ɔkasa bere nyinaa. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔwɔ mo asafo no mu dɔɔso sɛ wobetumi ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no mu dwumadi ahorow a, ɛnde na ɛbɛyɛ papa sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde [*] yi ahyɛ ho no ma asafo mu ɔpanyin anaa ɔsomfo.

AFOTU: Simma 1. Sukuu sohwɛfo no renni kan nka ɔkasa su a osuani no bedi ho dwuma no. Sɛ wowie Dwumadi a ɛto so 2, 3, ne 4 no a, sukuu sohwɛfo no bɛka ɔkasa no fã bi a wodii ho dwuma yiye ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Ɛnyɛ ne botae ne sɛ ɔbɛma no “mo” kɛkɛ, na mmom, sɛ ɔbɛtwe adwene asi nea enti a saa dwumadi no fã no tu mpɔn so. Sɛ ehia sɛ osuani bi di kasa su bi ho dwuma a, obetumi de afotu foforo a mfaso wɔ so ama no wɔ kokoam wɔ nhyiam no akyi anaa bere foforo mu.

BERE SODI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa ɔfotufo no nsɛm no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 2 kosi 4 no sõ a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔrema ɔkasa a wɔde fi ase a ɛne ɔkasa su no, Dwumadi 1, anaa Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no so a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔn wɔ kokoam. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne bere yiye. Dwumadi no nyinaa si simma 45, dwom ne mpaebɔ nka ho.

AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ nhoma no mu.

ƆFOTUFO BOAFO: Sɛ ɔpanyin a ɔfata wɔ hɔ a, mpanyimfo kuw no betumi apaw no aka sukuu sohwɛfo no ho ma wasom sɛ ɔfotufo boafo. Sɛ mpanyimfo pii wɔ asafo no mu a, ɛnde afe biara ɔpanyin foforo a ɔfata betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma. Ɔfotufo boafo no asɛyɛde ne sɛ, bere a ehia no, ɔde afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Dwumadi 1 ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no wɔ kokoam. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi.

TEOKRASE ƆSOM SUKUU NTIMU: Simma 30. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no mu ntimu. Yebedi kan asusuw ɔkasa su bi ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no so, a dapɛn no ara mu de nso ka ho. Sɛ mo asafo no wɔ ɔmansin nhyiam bere a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde monyɛ ntimu (ne saa dapɛn no mu sukuu) no wɔ dapɛn a edi ɔmansin nhyiam no akyi no mu, na monyɛ saa dapɛn no sukuu no wɔ dapɛn a mokɔ ɔmansin nhyiam no mu. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no wɔ dapɛn a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde monto dwom a ɛwɔ sukuu dwumadi no ho nhyehyɛe no mu no, na monyɛ ɔkasa su ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no sɛnea wɔayɛ ho nhyehyɛe ama saa dapɛn no. Nanso, ɛsɛ sɛ woyi ɔkyerɛkyerɛ kasa (a wɔma wɔ ɔkasa su no akyi) no fi dapɛn a edi hɔ ho nhyehyɛe no mu. Afei dapɛn a edi hɔ no, yɛde saa dapɛn no mu ɔkasa su ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no befi Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no ase na yɛde ntimu no atoa so.

a [* Monhyɛ no Nsow: bsi08 no yɛ nhomawa a si-E nhoma no mu dwumadi nyinaa wom wɔ Ewe, Ga ne Twi mu.]

NHYEHYƐE

Jan. 7 Bible akenkan: Mateo 1-6 Dwom 62

Ɔkasa Su: Fa Nkyerɛkyerɛmu a Ehia Ma (be-TW kr. 228 ¶2-3)

No. 1: Mateo Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW Mateo ¶1-10)

No. 2: Mateo 5:1-20

No. 3: Dɛn Nti na Nnipa Wu? (rs-E kr. 98-99 ¶6) [+bh-TW kr. 61 ¶9-14]

No. 4: Akwan a Onyankopɔn Honhom Kronkron Fa so Boa Yɛn

Jan. 14 Bible akenkan: Mateo 7-11 Dwom 224

Ɔkasa Su: Sɛnea Ɛfa Koma no Ho (be-TW kr. 228 ¶4–kr. 229 ¶1)

No. 1: Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Anisɔ (be-TW kr. 9 ¶1-5)

No. 2: Mateo 10:1-23

No. 3: Nea Enti a Nokwaredi so Wɔ Mfaso

No. 4: Ɛhe na Awufo Wɔ, na Tebea Bɛn Mu na Wɔwɔ? (rs-E kr. 99 ¶7–kr. 101 ¶4) [+bh-TW kr. 57 ¶1-8]

Jan. 21 Bible akenkan: Mateo 12-15 Dwom 133

Ɔkasa Su: W’atiefo Fa Mu Aba (be-TW kr. 230 ¶1-6)

No. 1: Kenkan Bible no Da Biara (be-TW kr. 10 ¶1–kr. 12 ¶3)

No. 2: Mateo 14:1-22

No. 3: Dɛn Nti na Yehowa Adansefo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Tete Ayiyɛ Ho Amanne Mu? (rs-E kr. 102 ¶1–kr. 103 ¶2) [+w98-TW 7/15 20-24]

No. 4: Dɛn anaa Hena Ne Nea Otia Kristo No?

Jan. 28 Bible akenkan: Mateo 16-21 Dwom 176

Ɔkasa Su: Nhwehwɛmu a Wobɛyɛ ma Atiefo Afa Wo Kasa mu Aba (be-TW kr. 231 ¶1-3)

No. 1: ‘Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye’ (be-TW kr. 13 ¶1–kr. 14 ¶4)

No. 2: Mateo 17:1-20

No. 3: Sɛnea Yebebua Wɔn a Wokura Owu Ho Adwene a Ɛnteɛ (rs-E kr. 103 ¶3–kr. 104 ¶1)

No. 4: Nneɛma a Kristofo Bu no sɛ Ɛyɛ Kronkron

Feb. 4 Bible akenkan: Mateo 22-25 Dwom 151

Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 231 ¶4-5)

No. 1: Asɛm a Wubetie Wɔ Asafo Nhyiam ne Nhyiam Akɛse Ase (be-TW kr. 15 ¶1–kr. 16 ¶5)

No. 2: Mateo 23:1-24

No. 3: Daa Nkwa Renyɛ Mfonoe

No. 4: Adaeso—Nea Efi Onyankopɔn ne Nea Emfi No (rs-E kr. 104-106 ¶3) [+w96-TW 10/1 3-7]

Feb. 11 Bible akenkan: Mateo 26-28 Dwom 110

Ɔkasa Su: Nsɛmfua a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 232 ¶1)

No. 1: Mateo Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Mateo ¶29-33)

No. 2: Mateo 27:1-22

No. 3: Nea Enti a Gyidi a Obi wɔ Kɔ Akyiri Sen sɛ Ɔbɛka sɛ Ogye Onyankopɔn Di Kɛkɛ

No. 4: Nnuru—Bere a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Nom (rs-E kr. 106-108 ¶1)

Feb. 18 Bible akenkan: Marko 1-4 Dwom 167

Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wosusuw Ho (be-TW kr. 232 ¶2-4)

No. 1: Marko Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW Marko ¶1-11)

No. 2: Marko 2:1-17

No. 3: Nea Enti a Kristofo Nnom Wii (rs-E kr. 108 ¶2–kr. 109 ¶2)

No. 4: Sɛnea Ɔdɔ Ma Yenya Akokoduru Kɛse

Feb. 25 Bible akenkan: Marko 5-8 Dwom 72

Ɔkasa Su: Paw a Nsɛm a W’atiefo Benya So Mfaso (be-TW kr. 233 ¶1-5)

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Mar. 3 Bible akenkan: Marko 9-12 Dwom 195

Ɔkasa Su: Fa Asɛm a Wɔde Ama no Di Dwuma (be-TW kr. 234 ¶1–kr. 235 ¶3)

No. 1: Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade no Atu Mpɔn (be-TW kr. 17 ¶1–kr. 19 ¶1)

No. 2: Marko 11:1-18

No. 3: Nea Enti a Onyankopɔn Ntumi Nni Atoro

No. 4: Nea Enti a Kristofo Nnom Tawa (rs-E kr. 109 ¶3–kr. 111 ¶3) [+rq-TW kr. 25 ¶4]

Mar. 10 Bible akenkan: Marko 13-16 Dwom 87

Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So (be-TW kr. 236 ¶1-5)

No. 1: Marko Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Marko ¶31-33)

No. 2: Marko 14:1-21

No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Adi Subammɔne So? (rs-E kr. 111 ¶4–kr. 112 ¶3)

No. 4: Nea Enti a “Onipa Abufuw Nyɛ Nyankopɔn Trenee Ho Adwuma” (Yak. 1:20)

Mar. 17 Bible akenkan: Luka 1-3 Dwom 13

Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Da Nsɛntitiriw Adi (be-TW kr. 237 ¶1-2)

No. 1: Luka Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW Luka ¶1-9)

No. 2: Luka 1:1-23

No. 3: Nea Enti a “Gyidi a Nnwuma Nka Ho Yɛ Gyidi Hunu” (Yak. 2:20)

No. 4: Amanaman Ntumi Nsɛe Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase No (rs-E kr. 112-113 ¶5) [+w90-TW 7/1 kr. 5 ¶5-kr. 6 ¶3]

Mar. 24 Bible akenkan: Luka 4-6 Dwom 156

Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Susuw Asɛm Bi Ho (be-TW kr. 237 ¶3–kr. 238 ¶2)

No. 1: Sɛnea Onyankopɔn Honhom Boa Ma Yɛkae Nea Yɛasua (be-TW kr. 19 ¶2–kr. 20 ¶3)

No. 2: Luka 4:1-21

No. 3: So Yehowa De Ogya na Ɛbɛsɛe Asase? (rs-E kr. 113 ¶6–kr. 115 ¶1)

No. 4: Onyankopɔn Suro Remma Yɛnyɛ Bɔne

Mar. 31 Bible akenkan: Luka 7-9 Dwom 122

Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Ɛma Wɔda Nkate Adi (be-TW kr. 238 ¶3-5)

No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobata Akenkan Ho? (be-TW kr. 21 ¶1–kr. 23 ¶3)

No. 2: Luka 7:1-17

No. 3: Nea Ɛma Yehu sɛ Onyankopɔn Dɔ Yɛn na Ɔpɛ sɛ Yɛn Ani Gye

No. 4: Wɔsɛe Abɔnefo Wie a, Yerusalem Foforo no Mufo Rensan Mma Asase So (rs-E kr. 115 ¶2–kr. 116 ¶1)

Apr. 7 Bible akenkan: Luka 10-12 Dwom 68

Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Wɔde Si Asɛm So Dua (be-TW kr. 239 ¶1-2)

No. 1: Sɛnea Wobɛbata Akenkan Ho (be-TW kr. 23 ¶4–kr. 26 ¶5)

No. 2: Luka 11:37-54

No. 3: So Onyankopɔn Atirimpɔw ma Asase no Asakra? (rs-E kr. 116 ¶2–kr. 117 ¶2) [+bh-TW kr. 27 ¶1-2]

No. 4: Adiyisɛm 17:17 Kyerɛ Dɛn?

Apr. 14 Bible akenkan: Luka 13-17 Dwom 86

Ɔkasa Su: Nsɛmmisa a Ɛma Nsusuwii Bɔne Da Adi (be-TW kr. 239 ¶3-5)

No. 1: Sɛnea Wosua Ade (be-TW kr. 27 ¶1–kr. 31 ¶2)

No. 2: Luka 16:1-15

No. 3: Nea Yesua Fi Onyankopɔn Mmara a Ɛfa Mpɛpɛwadi Ho no Mu (Lev. 19:9, 10)

No. 4: Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahyɛ Ayarefo Nkuran? (rs-E kr. 117-118 ¶1)

Apr. 21 Bible akenkan: Luka 18-21 Dwom 182

Ɔkasa Su: Mfatoho ne Nhwɛso Ahorow a Ɛkyerɛkyerɛ (be-TW kr. 240 ¶1–kr. 241 ¶1)

No. 1: Luka Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Luka ¶30-35)

No. 2: Luka 18:1-17

No. 3: Sɛnea Yebetumi Ahyɛ Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Nkuran (rs-E kr. 118 ¶2-6) [+w03-TW 5/1 23-24]

No. 4: Nea ‘Anwiinwii Biara a Yɛbɛkwati’ no Kyerɛ (Filip. 2:14)

Apr. 28 Bible akenkan: Luka 22-24 Dwom 218

Ɔkasa Su: Fa Mfatoho Ahorow Di Dwuma (be-TW kr. 241 ¶2-kr. 242 ¶1)

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

May 5 Bible akenkan: Yohane 1-4 Dwom 31

Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm mu Nhwɛso Ahorow (be-TW kr. 242 ¶2-3)

No. 1: Yohane Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW Yohane ¶1-9)

No. 2: Yohane 3:1-21

No. 3: Nea Yesua Fi Kum a Dawid Ankum Ɔhene Saul no Mu

No. 4: Nkuranhyɛ ma Wɔn a Onyankopɔn Apɛde a Wɔyɛ Nti Wɔtaa Wɔn (rs-E kr. 118 ¶7–kr. 119 ¶4) [+w03-TW 5/1 18-19]

May 12 Bible akenkan: Yohane 5-7 Dwom 150

Ɔkasa Su: So Wɔbɛte Ase? (be-TW kr. 242 ¶4–kr. 243 ¶1)

No. 1: Adesua So Wɔ Mfaso (be-TW kr. 31 ¶3–kr. 32 ¶4)

No. 2: Yohane 6:1-21

No. 3: Nea Yesua Fi Anania ne Safira Asɛm no Mu

No. 4: Wobɛyɛ Dɛn Ahyɛ Wɔn a Atɛnkyea Ama Wɔn Abam Abu no Nkuran? (rs-E kr. 119 ¶5–kr. 120 ¶2)

May 19 Bible akenkan: Yohane 8-11 Dwom 102

Ɔkasa Su: Fa Nneɛma a Wonim Yɛ Mfatoho (be-TW kr. 244 ¶1-2)

No. 1: Sɛnea Wɔde Bible Yɛ Nhwehwɛmu (be-TW kr. 33 ¶1–kr. 35 ¶2)

No. 2: Yohane 11:38-57

No. 3: Nkuranhyɛ Bɛn na Yebetumi De Ama Wɔn a Wɔwɔ Sikasɛm mu Ahokyere Mu? (rs-E kr. 120 ¶3-7) [+w03-TW 5/1 kr. 22 ¶12, 13]

No. 4: Esiane sɛ sɛ Obi Bu Mmara Nsɛm a Ɛto So Du no So a na Wontumi Ntwe N’aso Nti, Dɛn Nti na Wɔhyɛe?

May 26 Bible akenkan: Yohane 12-16 Dwom 3

Ɔkasa Su: Mfatoho a Ɛfata W’atiefo (be-TW kr. 244 ¶3–kr. 245 ¶4)

No. 1: Sua Sɛnea Wode Nnwinnade Afoforo Bɛyɛ Nhwehwɛmu (be-TW kr. 35 ¶3–kr. 38 ¶4)

No. 2: Yohane 12:1-19

No. 3: Nkuranhyɛ ma Wɔn a Sintɔ Ama Wɔn Abam Abu (rs-E kr. 120 ¶8–kr. 121 ¶3)

No. 4: Sɛnea Yɛde Yɛn Adesoa To Yehowa So (Dw. 55:22)

June 2 Bible akenkan: Yohane 17-21 Dwom 198

Ɔkasa Su: Mfonini a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So (be-TW kr. 247 ¶1-2)

No. 1: Yohane Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Yohane ¶30-35)

No. 2: Yohane 21:1-14

No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yegye Onyankopɔn a Yentumi Nhu No no Di?

No. 4: Adannandi—Agyaw Nyansahufo Adwennwen (rs-E kr. 121-123 ¶1) [+w94-TW 9/1 4]

June 9 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 1-4 Dwom 92

Ɔkasa Su: Sɛnea Yesu De Mfonini Ahorow Dii Dwuma (be-TW kr. 247 ¶3)

No. 1: Asomafo Nnwuma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW Asomafo Nnwuma ¶1-8)

No. 2: Asomafo Nnwuma 1:1-14

No. 3: So Tete Mmoa Afunu a Wɔahu Foa Adannandi So? (rs-E kr. 123 ¶2–kr. 126 ¶2)

No. 4: Kasa mu Ahotoso a Obi wɔ no Kyerɛ Dɛn? (Heb. 3:6)

June 16 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 5-7 Dwom 2

Ɔkasa Su: Akwan a Wobɛfa So De Mfonini Adi Dwuma (be-TW kr. 248 ¶1-3)

No. 1: Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ (be-TW kr. 39-42)

No. 2: Asomafo Nnwuma 5:1-16

No. 3: Sɛnea Yebebua Wɔn a Wogye Adannandi Di (rs-E kr. 126 ¶3–kr. 128 ¶3)

No. 4: Dɛn Nti na Yehowa Suro ne Nyansa Mfiase? (Dw. 111:10)

June 23 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 8-10 Dwom 116

Ɔkasa Su: Asase Mfonini, Nhyiam Dwumadi a Wɔatintim, ne Video Ahorow a Wode Bedi Dwuma (be-TW kr. 248 ¶4–kr. 249 ¶2)

No. 1: Osuani Dwumadi a Wubesiesie wɔ Sukuu no Mu (be-TW kr. 43 ¶1–kr. 44 ¶3)

No. 2: Asomafo Nnwuma 8:1-17

No. 3: Sɛnea Yesu ‘Begye Ohiani’ (Dw. 72:12)

No. 4: Nea Enti a Nnipa Pii Nni Gyidi (rs-E kr. 129-130 ¶2) [+w98-TW 7/15 9-14]

June 30 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 11-14 Dwom 79

Ɔkasa Su: Mfonini a Wode Bedi Dwuma Akyerɛ Kuw Akɛse (be-TW kr. 249 ¶3–kr. 250 ¶2)

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

July 7 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 15-17 Dwom 203

Ɔkasa Su: Nea Enti a Nsɛm Ho a Wosusuw Ho Hia (be-TW kr. 251 ¶1-3)

No. 1: Bere a Wɔma Asɛmti ne Ɔkwan a Wɔfa so Yɛ Dwumadi No (be-TW kr. 44 ¶4–kr. 46 ¶2)

No. 2: Asomafo Nnwuma 16:1-15

No. 3: Nea Enti a Yɛde Akokoduru Som Yehowa

No. 4: Ɛbɛyɛ Dɛn na Obi Atumi Anya Gyidi? (rs-E kr. 130 ¶3–kr. 131 ¶3) [+w01-TW 10/1 5-7]

July 14 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 18-21 Dwom 32

Ɔkasa Su: Faako a Ɛsɛ sɛ Yefi Ase (be-TW kr. 251 ¶4–kr. 252 ¶3)

No. 1: Asafo Mu Ɔkasa Ahorow a Wubesiesie (be-TW kr. 47 ¶1–kr. 49 ¶1)

No. 2: Asomafo Nnwuma 20:1-16

No. 3: Nnwuma na Obi De Kyerɛ sɛ Ɔwɔ Trenee Nhyehyɛe Foforo a Yɛn Ani Da So no mu Gyidi (rs-E kr. 131 ¶5–kr. 132 ¶2)

No. 4: Dɛn na Yebetumi Asua Afi Ade a Wɔbarae a Ɛwɔ Exodus 23:19b no Mu?

July 21 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 22-25 Dwom 200

Ɔkasa Su: Bere a Ɛsɛ sɛ Yegyae Nsɛm Mu (be-TW kr. 252 ¶4–kr. 253 ¶2)

No. 1: Ɔsom Nhyiam Afã ne Ɔkasa Afoforo a Wubesiesie (be-TW kr. 49 ¶2–kr. 51 ¶2)

No. 2: Asomafo Nnwuma 22:1-16

No. 3: Akwan Bɛn so na Yehowa Adansefo ma Yohane 13:34, 35 Nya Mmamu?

No. 4: Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Atoro Adiyifo? (rs-E kr. 132-134 ¶2)

July 28 Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 26-28 Dwom 29

Ɔkasa Su: Nsɛm a Yebebisa ne Nkyerɛkyerɛmu a Yɛde Bɛma (be-TW kr. 253 ¶3–kr. 254 ¶2)

No. 1: Asomafo Nnwuma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Asomafo Nnwuma ¶32-40)

No. 2: Asomafo Nnwuma 26:1-18

No. 3: Ɛnyɛ Bere Nyinaa na Nokware Adiyifo Tee Sɛnea Nneɛma a Wɔhyɛɛ Ho Nkɔm no Besi ne Bere a Ebesi no Ase (rs-E kr. 134 ¶3-8)

No. 4: Nea Enti a Yehowa Da Boasetɔ Adi

Aug. 4 Bible akenkan: Romafo 1-4 Dwom 170

Ɔkasa Su: Nkyerɛkyerɛmu a Emu Da Hɔ a Egyina Onyankopɔn Asɛm So Pintinn (be-TW kr. 255 ¶1–kr. 256 ¶2)

No. 1: Romafo Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW Romafo ¶1-7)

No. 2: Romafo 3:1-20

No. 3: Sɛnea Abɔfo Bɔ Onyankopɔn Asomfo ho Ban na Wɔhyɛ Wɔn Den

No. 4: Yehowa Adansefo Hyɛ Nokware Som Ho Nkuran (rs-E kr. 135 ¶1-2) [+ol-TW 22]

Aug. 11 Bible akenkan: Romafo 5-8 Dwom 207

Ɔkasa Su: Fa Adanse Foforo Kyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 256 ¶3-5)

No. 1: Baguam Ɔkasa Ahorow a Wubesiesie (be-TW kr. 52 ¶1–kr. 54 ¶1)

No. 2: Romafo 6:1-20

No. 3: Aba a Yehowa Adansefo Sow na Wɔde Hu Wɔn (rs-E kr. 135 ¶3–kr. 137 ¶1) [+w86-TW 9/1 19-20, ¶15-19]

No. 4: Sɛnea Trenee Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban

Aug. 18 Bible akenkan: Romafo 9-12 Dwom 152

Ɔkasa Su: Adanse a Ɛdɔɔso a Wode Bɛkyerɛkyerɛ Asɛm Mu (be-TW kr. 257 ¶1-4)

No. 1: Romafo Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Romafo ¶20-25)

No. 2: Romafo 9:1-18

No. 3: Asiane Bɛn na Ɛwɔ Nsekudi ne Afoforo Ho Nsɛm a Wɔtrɛw mu Mu?

No. 4: Sɛnea Yebebua Wɔn a Wɔfrɛ Yɛn Atoro Adiyifo No (rs-E kr. 137 ¶2-4)

Aug. 25 Bible akenkan: Romafo 13-16 Dwom 16

Ɔkasa Su: Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam (be-TW kr. 258 ¶1-kr. 259 ¶1)

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Sept. 1 Bible akenkan: 1 Korintofo 1-9 Dwom 199

Ɔkasa Su: Nea Ɛwɔ Nkurɔfo Komam a Wubehu (be-TW kr. 259 ¶2-4)

No. 1: 1 Korintofo Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW 1 Korintofo ¶1-7)

No. 2: 1 Korintofo 4:1-17

No. 3: Onyankopɔn Nhyɛ Da a Obiara Bewu Nto Hɔ (rs-E kr. 138 ¶1-3) [+w91-TW 10/15 5]

No. 4: So Honam Fam Nneɛma a Obi Wɔ no Kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahyira No?

Sept. 8 Bible akenkan: 1 Korintofo 10-16 Dwom 35

Ɔkasa Su: Nkate Pa a Wobɛkanyan (be-TW kr. 259 ¶5–kr. 260 ¶1)

No. 1: 1 Korintofo Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW 1 Korintofo ¶23-26)

No. 2: 1 Korintofo 13:1–14:6

No. 3: Nea Enti a Wɔn a Wɔyɛ Asɛm no Yɛfo wɔ Anigye

No. 4: Ɛnyɛ Nea Esi Nyinaa na Ɛyɛ Onyankopɔn Pɛ (rs-E kr. 139 ¶1–kr. 140 ¶2) [+w05-TW 1/15 4]

Sept. 15 Bible akenkan: 2 Korintofo 1-7 Dwom 58

Ɔkasa Su: Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔasuro Nyankopɔn (be-TW kr. 260 ¶2-3)

No. 1: 2 Korintofo Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-1-TW 2 Korintofo ¶1-4)

No. 2: 2 Korintofo 1:1-14

No. 3: Ɛnyɛ Biribiara na Onyankopɔn Di Kan Hu na Ɔhyɛ To Hɔ (rs-E kr. 140 ¶3-5) [+w98-TW 4/15 6]

No. 4: Nea Enti a sɛ Wɔtaa Nokware Kristofo a Wɔn Ani Gye

Sept. 22 Bible akenkan: 2 Korintofo 8-13 Dwom 12

Ɔkasa Su: Sɛnea Yɛbɔ Yɛn Bra Ho Hia Onyankopɔn (be-TW kr. 260 ¶4–5)

No. 1: 2 Korintofo Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW 2 Korintofo ¶18-20)

No. 2: 2 Korintofo 9:1-15

No. 3: Nea Enti a Nokware Kristofo Nnyɛ Wiase no Fã

No. 4: Onyankopɔn wɔ Tumi a Ɛma Otumi Di Kan Hu Nsɛm a Ebesisi na Ɔhyɛ To Hɔ (rs-E kr. 141 ¶1-4)

Sept. 29 Bible akenkan: Galatifo 1-6 Dwom 163

Ɔkasa Su: Afoforo a Wobɛboa Wɔn ma Wɔayɛ Wɔn ho mu Nhwehwɛmu (be-TW kr. 261 ¶1-3)

No. 1: Galatifo Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Galatifo ¶1-6, 14-18)

No. 2: Galatifo 1:1-17

No. 3: Nea Enti a Onyankopɔn Amfa Ne Tumi a Ɛma Odi Kan Hu Nea Ɛbɛba no Anni Dwuma Wɔ Adam Ho (rs-E kr. 142 ¶1-3) [+w06-TW 6/1 24-25 ¶13-19]

No. 4: Sɛnea Ɔdɔ Betumi Adi Onipa Ho Suro So

Oct. 6 Bible akenkan: Efesofo 1-6 Dwom 99

Ɔkasa Su: Hyɛ Afoforo Nkuran ma Womfi Komam Nyɛ Osetie (be-TW kr. 261 ¶4-kr. 262 ¶3)

No. 1: Efesofo Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Efesofo ¶1-8, 16-19)

No. 2: Efesofo 3:1-19

No. 3: Kyɛwpa Nkyerɛ Mmerɛwyɛ

No. 4: Onyankopɔn Anhyɛ Nea Yakob, Esau, Anaasɛ Yuda Bɛyɛ Anto Hɔ (rs-E kr. 142 ¶4–kr. 143 ¶2)

Oct. 13 Bible akenkan: Filipifo 1–Kolosefo 4 Dwom 123

Ɔkasa Su: Yehowa a Wo ne no Bɛyɛ Biako Adu Nkurɔfo Komam (be-TW kr. 262 ¶4)

No. 1: Filipifo Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Filipifo ¶1-7, 12-14)

No. 2: Filipifo 3:1-16

No. 3: Ɔkwan Bɛn so na Wodii Kan Kaa Kristofo Asafo no Ho Asɛm Too Hɔ? (rs-E kr. 143 ¶3–kr. 144 ¶1)

No. 4: b Kolosefo Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-1-TW Kolosefo ¶12-14)

Oct. 20 Bible akenkan: 1 Tesalonikafo 1–2 Tesalonikafo 3 Dwom 161

Ɔkasa Su: Bere a Wodi so Pɛpɛɛpɛ (be-TW kr. 263 ¶1–kr. 264 ¶4)

No. 1: 1 Tesalonikafo ne 2 Tesalonikafo Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW 1 Tesalonikafo ¶1-5, 13-15; 2 Tesalonikafo ¶1-4, 10-11)

No. 2: 1 Tesalonikafo 1:1–2:8

No. 3: Dɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Nsoromma Mu Hwɛ Ho? (rs-E kr. 144 ¶2–kr. 145 ¶2)

No. 4: c 1 Timoteo ne 2 Timoteo—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW 1 Timoteo ¶15-19; 2 Timoteo ¶10-12)

Oct. 27 Bible akenkan: 1 Timoteo 1–2 Timoteo 4 Dwom 69

Ɔkasa Su: Afotu a Etu Mpɔn (be-TW kr. 265 ¶1-3)

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nov. 3 Bible akenkan: Tito 1–Filemon Dwom 149

Ɔkasa Su: Gyina Ɔdɔ so Tu Fo (be-TW kr. 266 ¶1-4)

No. 1: Tito Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW Tito ¶1-4, 8-10)

No. 2: Tito 1:1-16

No. 3: Nneɛma a Ɛma Yegye Onyankopɔn Di no Bi ne Dɛn? (rs-E kr. 145-146 ¶5) [+w04-TW 10/1 kr. 10 ¶7-kr. 11 ¶10]

No. 4: d Filemon Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW Filemon ¶7-10)

Nov. 10 Bible akenkan: Hebrifo 1-8 Dwom 144

Ɔkasa Su: Afotu a Efi Kyerɛwnsɛm Mu (be-TW kr. 266 ¶5-kr. 267 ¶1)

No. 1: Hebrifo Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-2-TW Hebrifo ¶1-9)

No. 2: Hebrifo 3:1-19

No. 3: Abɔnefosɛm ne Amanehunu Nkyerɛ sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ (rs-E kr. 146 ¶6–kr. 147 ¶1) [+bh-TW 107-114]

No. 4: Nsonsonoe a Ɛda Ahobrɛase Ankasa ne Nnipa Ani so Ahobrɛase Ntam

Nov. 17 Bible akenkan: Hebrifo 9-13 Dwom 28

Ɔkasa Su: Fa Ɔkasa mu Ahotoso Kasa (be-TW kr. 267 ¶2-3)

No. 1: Hebrifo Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW Hebrifo ¶23-27)

No. 2: Hebrifo 10:1-17

No. 3: Onyankopɔn Yɛ Obi Ankasa a Ɔwɔ Atenka (rs-E kr. 147 ¶2–kr. 148 ¶3)

No. 4: Sɛnea Bɔne Fafiri De Biakoyɛ Ba

Nov. 24 Bible akenkan: Yakobo 1-5 Dwom 88

Ɔkasa Su: Nea Enti a Ɛho Hia sɛ Wohyɛ Nkuran (be-TW kr. 268 ¶1-3)

No. 1: Yakobo Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW Yakobo ¶1-7, 15-17)

No. 2: Yakobo 1:1-21

No. 3: Onyankopɔn Nni Mfiase (rs-E kr. 148 ¶4-7) [+w02-TW 5/15 6]

No. 4: Sɛnea “Mmɔborohunu Di Atemmu so Nkonim” (Yak. 2:13)

Dec. 1 Bible akenkan: 1 Petro 1–2 Petro 3 Dwom 18

Ɔkasa Su: Kae W’atiefo no Nea Yehowa Ayɛ (be-TW kr. 268 ¶4–kr. 269 ¶2)

No. 1: 1 Petro Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW 1 Petro ¶1-5, 11-13)

No. 2: 1 Petro 2:1-17

No. 3: Onyankopɔn Din a Yɛde Bedi Dwuma Ho Hia ma Nkwagye (rs-E kr. 149 ¶1-4) [+w92-TW 5/1 15 ¶5-7]

No. 4: e 2 Petro Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW 2 Petro ¶8-10)

Dec. 8 Bible akenkan: 1 Yohane 1-5; 2Yo 1-13; 3Yo 1-14–Yuda 1-25 Dwom 50

Ɔkasa Su: Ma Wonhu Sɛnea Yehowa Aboa Ne Nkurɔfo (be-TW kr. 269 ¶3-5)

No. 1: 1 Yohane, 2 Yohane, ne 3 Yohane Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW 1 Yohane ¶1-5, 11-13; 2 Yohane ¶1-3, 5; 3 Yohane ¶1-3, 5)

No. 2: 1 Yohane 4:1-16

No. 3: So Ɔsom Nyinaa Ye? (rs-E kr. 149 ¶5-8) [+bh-TW 144-145 ¶1-4]

No. 4: f Yuda Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW Yuda ¶8-10)

Dec. 15 Bible akenkan: Adiyisɛm 1-6 Dwom 219

Ɔkasa Su: Kyerɛ Nea Onyankopɔn Reyɛ Seesei no Ho Anisɔ (be-TW kr. 270 ¶1–kr. 271 ¶2)

No. 1: Adiyisɛm Nhoma no Nnianim Nsɛm (bsi-2-TW Adiyisɛm ¶1-6)

No. 2: Adiyisɛm 3:1-13

No. 3: Yesu Yɛ “Onyankopɔn” Bɛn? (rs-E kr. 150 ¶1-2) [+w92-TW 1/15 22 ¶1-2]

No. 4: Nea Enti a Abotare ne Mmɔborohunu wɔ Anohyeto

Dec. 22 Bible akenkan: Adiyisɛm 7-14 Dwom 21

Ɔkasa Su: Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso Kɛse (be-TW kr. 5 ¶1–kr. 8 ¶1)

No. 1: Adiyisɛm Nhoma—Nea Enti a Mfaso wɔ So (bsi-2-TW Adiyisɛm ¶28-34)

No. 2: Adiyisɛm 8:1-13

No. 3: Sɛnea Yebebua Wɔn a Wɔkasa Tia Onyankopɔn mu Gyidi a Yɛwɔ No (rs-E kr. 150 ¶3–kr. 151 ¶3)

No. 4: Dɛn na Asɛm “Onyankopɔn Sõ Sen Yɛn Koma” no Kyerɛ? (1 Yoh. 3:20)

Dec. 29 Bible akenkan: Adiyisɛm 15-22 Dwom 60

Ɔkasa Su: Akenkan a Emu Da Hɔ (be-TW kr. 83 ¶1-5)

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

[Ase hɔ nsɛm]

b Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

c Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

d Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

e Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

f Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

+ Beae foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no benya nsɛm a wɔde bɛyɛ wɔn dwumadi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena