Bible Nhoma a Ɛto So 65—Yuda
Nea Ɔkyerɛwee: Yuda
Beae a Ɔkyerɛw No: Palestina (Ebia)
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 65 Y.B.
NA Yuda nuanom Kristofo wɔ asiane mu! Kristo Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, nnipa bi wiawiaa wɔn ho baa Kristofo asafo no mu. Na ɔtamfo no abɛhyɛn asafo no mu rebɛsɛe wɔn gyidi sɛnea na ɔsomafo Paulo abɔ ho kɔkɔ bɛyɛ mfe 14 no. (2 Tes. 2:3) Na ɛbɛyɛ dɛn na anuanom ani ada hɔ abɔ wɔn ho ban wɔ asiane yi ho? Yuda krataa a ano yɛ hyew na ɛka nsɛm penpen no bua asɛm yi. Yuda ankasa ka ne gyinabea wɔ asɛm no ho pefee wɔ nkyekyɛm 3 ne 4 no sɛ: ‘Mihui sɛ ɛho hia sɛ mekyerɛw brɛ mo efisɛ nnipa bi awiawia wɔn ho aba mo mu, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom de yɛ anoyi de bu ahohwibra.’ Na nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ ne abrabɔ pa ho aba asɛm. Yuda tee nka sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnko mma ne nuanom na ama wɔn nso ako denneennen apre gyidi no.
2 Na hena ne Yuda? Krataa no nnianim asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ “Yuda, Yesu Kristo akoa, a ɔyɛ Yakobo nua” no na ɔkyerɛw krataa no ‘kɔmaa wɔn a wɔafrɛ wɔn no.’ Esiane sɛ na Yesu asomafo 12 no mu baanu din de Yuda nti, so na Yuda yi yɛ ɔsomafo anaa? (Luka 6:16) Yuda anka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔsomafo, mmom no ɔka asomafo a wɔaka no ho asɛm sɛ “wɔn” a ɛkyerɛ sɛ na ɔnka ho. (Yuda 17, 18) Bio nso, ɔfrɛɛ ne ho sɛ “Yakobo nua,” na ɛda adi sɛ ɛyɛ nea ɔkyerɛw Yakobo krataa no, Yesu nua no. (Nky. 1) Na Yakobo yɛ Yerusalem asafo no mu “adum” no mu biako, na na nkurɔfo nim no yiye, enti Yuda bɔɔ Yakobo din de kaa ne ho asɛm. Eyi kyerɛ sɛ na Yuda nso yɛ Yesu nua, na wɔaka ne ho asɛm saa. (Gal. 1:19; 2:9; Mat. 13:55; Mar. 6:3) Nanso Yuda amfa antu ne ho sɛ ɔyɛ Yesu nua, mmom ofi ahobrɛase mu sii honhom mu abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no so dua sɛ ɔyɛ “Yesu Kristo akoa.”—1 Kor. 7:22; 2 Kor. 5:16; Mat. 20:27.
3 Wɔaka wɔ Muratori nhoma a ɛbae wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no mu sɛ Bible mu nhoma yi yɛ nokware. Afei Clement a ofi Aleksandria (a ɔtraa ase wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe ɔha) no gye toom sɛ ɛyɛ Bible no fã. Origen kae sɛ ɛyɛ nhoma a “emu nsɛm nnɔɔso, nanso nsɛm a tumi wom a efi Onyankopɔn adom mu ayɛ no mã.”a Na Tertullian nso gye toom sɛ ɛyɛ nokware. Enti akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no fã.
4 Yuda kyerɛw krataa no “kɔmaa wɔn a wɔafrɛ wɔn” no, na wanhyɛ da ammɔ asafo pɔtee bi anaa onipa pɔtee bi din, enti na ɛsɛ sɛ wɔde krataa no kɔma Kristofo nyinaa ma wɔkenkan. Ɛwom, wɔnhyɛ da nka beae a ɔkyerɛw krataa no, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛwee wɔ Palestina. Na ɛyɛ den nso sɛ yebehu bere pɔtee a ɔde kyerɛw krataa no. Nanso ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw krataa no bere a na Kristofo asafo no atim, efisɛ Yuda twe adwene si “nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no ka too hɔ” so, na ebia ɔfaa n’asɛm no fii 2 Petro 3:3. (Yuda 17, 18) Bio nso, nsɛdi kɛse wɔ Yuda krataa no ne Petro Nhoma a Ɛto So Abien ti abien no mu. Eyi kyerɛ sɛ ebia ɔne Petro nyinaa kyerɛw wɔn nkrataa no wɔ bere koro mu, na nkrataa abien no nyinaa ka asiane a na aba asafo no mu saa bere no ho asɛm. Enti nkurɔfo gye tom sɛ ɔkyerɛw krataa no bɛyɛ afe 65 Y.B. mu. Nea ɛma nkurɔfo gye saa bere yi tom ne sɛ Yuda nka bere a Cestius Gallus maa Yudafo atuatew baa awiei wɔ afe 66 Y.B. mu ho asɛm, na saa ara na ɔnka Yerusalem sɛe wɔ afe 70 Y.B. mu nso ho asɛm. Yuda kaa Onyankopɔn atemmu pɔtee bi a ɛbaa abɔnefo so ho asɛm wɔ ne krataa no mu, enti sɛ na Yerusalem ahwe ase dedaw a, anka ɔbɛka saa atemmu no ho asɛm de ahyɛ n’asɛm no mu den, efisɛ na Yesu aka sɛ ɛbɛba.—Yuda 5-7; Luka 19:41-44.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
8 Yuda ankasa hui sɛ Kyerɛwnsɛm no so wɔ mfaso na wɔde bɔ “adɔfo” kɔkɔ, tu wɔn fo, hyɛ wɔn nkuran, na wɔde kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔpaa amumɔyɛfo a na wɔawiawia wɔn ho aba asafo no mu ho ntama, na ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm de kyerɛe sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ade te sɛ Israelfo awaefo ne abɔfo bɔne ne Sodom ne Gomorafo no nyinaa benya asotwe a wonyae no bi. Ɔde amumɔyɛfo totoo mmoa a wonni adwene ho, na ɔkae sɛ wɔafa Kain kwan so, na wɔde ahopere akɔfa Balaam kwammɔne so, na wɔasɛe wɔ Kora atuatew kasa mu. Afei ɔfaa abɔde mu nneɛma de kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu. Yuda krataa a ɛka nsɛm penpen no yɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa” no fã, na ɛsɛ sɛ yesua ka Kyerɛwnsɛm a aka no ho, na etu yɛn fo sɛ yɛmmɔ bra pa wɔ “bere a edi akyiri” yi mu.—Yuda 17, 18, 5-7, 11-13; Num. 14:35-37; Gen. 6:4; 18:20, 21; 19:4, 5, 24, 25; 4:4, 5, 8; Num. 22:2-7, 21; 31:8; 16:1-7, 31-35.
9 Ɔtaa ne ɔsɔretia a efi asafo no akyi antumi anka Kristosom anhyɛ, nanso nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ asafo no mu bɛyɛɛ asiane maa anuanom. Nnipa a wɔte sɛ abotan a ahintaw bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe asafo mũ no nyinaa gyidi. Yuda hui sɛ ɛbɛyɛ adesɛe kɛse, enti ɔkaa no denneennen sɛ wɔnko “gyidi ko pa no.” Krataa no fa yɛn ho nnɛ te sɛ saa bere no. Yehia kɔkɔbɔ a ɛte saa ara. Ɛsɛ sɛ yɛko bɔ yɛn gyidi ho ban, na yetu ɔbrasɛe ase, na yefi mmɔborohunu mu boa akyinnyegyefo na, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ‘yehwim wɔn fi ogya mu.’ Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ kɔ so nyin wɔ gyidi kronkron mu na ama wɔabɔ ɔbra pa, na wɔayɛ den wɔ honhom ne nokware som mu. Wonkura trenee nnyinasosɛm mu na wɔmmɔ mpae mfa mmɛn Onyankopɔn. Ehia nso sɛ wɔkyerɛ obu ma tumidi, na wobu mpanyimfo a Onyankopɔn ama wɔn tumi wɔ Kristofo asafo no mu no.—Yuda 3, 23, 8.
10 “Nnipa a wodi honam akɔnnɔ akyi, a wɔnnwene honhom mu nneɛma ho” no renkɔ Onyankopɔn Ahenni mu, na wobetumi ayɛ asiane ama wɔn a wɔnam daa nkwa kwan so no. (Yuda 19; Gal. 5:19-21) Ɛsɛ sɛ asafo no hwɛ yiye wɔ eyinom ho na woyi wɔn fi wɔn mu! Eyi bɛma “mmɔborohunu ne asomdwoe ne ɔdɔ” adɔɔso ama adɔfo no na wɔde wɔn ho asie Onyankopɔn dɔ mu, ‘bere a wɔtwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu a ɛkɔ daa nkwa mu no.’ Agyenkwa Nyankopɔn bɛma Ahenni adedifo no “ayɛ nnipa a wonni dɛm n’anuonyam anigye kɛse no mu.” Nokwarem no, eyinom ne Yuda bom de “anuonyam, kɛseyɛ, tumi ne ahoɔden” fa Yesu Kristo so ma Onyankopɔn.—Yuda 2, 21, 24, 25.
[Ase hɔ asɛm]
a The Canon of the New Testament, 1987, a B. M. Metzger kyerɛwee, kratafa 138.