Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 12 kr. 24-25
  • Obu a Yɛbɛkyerɛ Ama Nkwa ne Mogya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obu a Yɛbɛkyerɛ Ama Nkwa ne Mogya
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkwa Yɛ Akyɛde A Ɛnsɛ Sɛ Wototo No Ase
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nkwa Ho Hia Wo Sɛnea Ehia Onyankopɔn No?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 12 kr. 24-25

Adesua 12

Obu a Yɛbɛkyerɛ Ama Nkwa ne Mogya

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu nkwa? (1) yafunu a wotu gu? (1)

Kristofo kyerɛ sɛ wɔn ani ku wɔne afoforo nkwa ho dɛn? (2)

So ɛyɛ bɔne sɛ yebekum mmoa? (3)

Nneyɛe a ɛnkyerɛ obu mma nkwa no bi ne dɛn? (4)

Onyankopɔn mmara wɔ mogya ho ne dɛn? (5)

Mogya a wɔde ma ka ho? (6)

1. Yehowa ne Nkwamafo. Nneɛma a nkwa wom nyinaa nyaa wɔn nkwa fii Onyankopɔn hɔ. (Dwom 36:9) Nkwa yɛ kronkron ma Onyankopɔn. Abofra a wɔnwoo no a ɔhyɛ ne maame mu nkwa mpo som bo ma Yehowa. Ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so sɛ wɔbɛhyɛ da akum abofra a ɔte saa a ɔrenyin no.—Exodus 21:22, 23; Dwom 127:3.

2. Nokware Kristofo ani ku wɔne afoforo nkwa ho. Wɔhwɛ hu sɛ wɔn kar ne wɔn afie mfa obi nkwa nto asiane mu. (Deuteronomium 22:8) Onyankopɔn nkoa mfa wɔn nkwa nni agoru mfa nnye wɔn ani kɛkɛ. Enti wɔmfa wɔn ho nhyɛ agumadi a basabasayɛ wom a ɛma wɔhyɛ da pira nnipa foforo no mu. Wɔkwati anigyede a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran.—Dwom 11:5; Yohane 13:35.

3. Mmoa nkwa nso yɛ kronkron ma Ɔbɔadeɛ no. Kristoni betumi akum mmoa de anya aduan ne atade anaa ɔde abɔ ne ho ban wɔ ɔyare ne asiane ho. (Genesis 3:21; 9:3; Exodus 21:28) Nanso ɛnteɛ sɛ wobɛyɛ mmoa ayayade anaa wubekum wɔn sɛ agumadi anaa anigyede kɛkɛ.—Mmebusɛm 12:10.

4. Kristofo nnom sigaret, wɔnwe betel aba, na wɔnnom nnubɔne mfa nnye wɔn ani. Nneyɛe yi nteɛ (1) efisɛ ɛde yɛn yɛ nkoa, (2) epira yɛn nipadua, na (3) ɛho ntew. (Romafo 6:19; 12:1; 2 Korintofo 7:1) Ebetumi ayɛ den yiye sɛ yebegyae saa nneyɛe yi. Nanso ɛsɛ sɛ yegyae na yɛasɔ Yehowa ani.

5. Mogya nso yɛ kronkron wɔ Onyankopɔn ani so. Onyankopɔn ka sɛ ɔkra anaa nkwa no wɔ mogya no mu. Enti ɛnteɛ sɛ yebedi mogya. Ɛnteɛ nso sɛ yebedi aboa a yɛanhwie ne mogya angu yiye nam. Sɛ yetim aboa menewa anaa owu wɔ afiri mu a, ɛnsɛ sɛ yedi. Sɛ yɛde peaw anaa otuo kum no na yɛbɛwe a, ɛsɛ sɛ yehwie ne mogya gu ntɛm ara.—Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:13, 14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

6. So ɛnteɛ sɛ yebegye mogya? Kae sɛ Yehowa hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi mogya ho. Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde nnipa foforo mogya anaa yɛn ankasa mogya mpo a wɔde asie gu yɛn nipadua mu wɔ ɔkwan biara so. (Asomafo no Nnwuma 21:25) Enti nokware Kristofo rennye mogya. Wɔbɛpene akwan foforo a wɔfa so sa yare, te sɛ nnuru a mogya nnim a wɔde ma no so. Wɔpɛ sɛ wɔtra ase, nanso wɔmmɔ mmɔden sɛ wobebu Onyankopɔn mmara so de akora wɔn nkwa so.—Mateo 16:25.

[Kratafa 25 mfonini ahorow]

Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛkwati mogya a wɔde ma, nneyɛe a ɛho ntew, ne asiane ahorow a ɛho nhia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena