Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/07 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 8
  • Dapɛn a Efi Ase October 15
  • Dapɛn a Efi Ase October 22
  • Dapɛn a Efi Ase October 29
  • Dapɛn a Efi Ase November 5
Yɛn Ahenni Som—2007
km 10/07 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase October 8

Dwom 56

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde October 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biara mu no, fa nsɛmma nhoma abien no nyinaa ma, nanso ka biako pɛ ho asɛm.

20 min: Bata Yehowa Ahyehyɛde no Ho. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 17 so.

15 min: Sɛnea Wonam Onyankopɔn Nyansa So Bɛbɔ Wo Mma Ho Ban. Ɔkasa a egyina January 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23-27 so.

Dwom 23

Dapɛn a Efi Ase October 15

Dwom 67

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka June Ɔsom Akontaabu no ho asɛm na kamfo obiara wɔ nkɔanim foforo a ɛsen biara a yenyae ne akontaabu a wɔde baa ntɛm no ho.

20 min: So Nokware no Resow Aba wɔ Wɔn a Wokyerɛkyerɛ Wɔn no Mu? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina February 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 28-30 so. Ka sɛnea nsɛmmisa a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu no betumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ osuani bi koma mu no nso ho asɛm. Susuw nhwɛso bi te sɛ ti 1, nkyekyɛm 19; ti 2, nkyekyɛm 4; ti 3, nkyekyɛm 24; ne ti 4, nkyekyɛm 18 ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa nhoma no afã ahorow no nni dwuma yiye.

15 min: So Wokae? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina August 15, 2007, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19 so.

Dwom 151

Dapɛn a Efi Ase October 22

Dwom 175

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde October 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: Monkɔ So Nnantew sɛ Hann Mma. Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa. Yɛafi wiase sum mu na yɛama Yehowa hann akyerɛ yɛn kwan. (Efesofo 5:8, 9) Eyi ama yɛn asetra atu mpɔn, na yɛanya atirimpɔw. (1 Tim. 4:8) Hann yi nso ma yenya anidaso. (Rom. 15:4) Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wohyiaa ɔhaw akɛse na wodii so na ama wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa no nsɛm. Nsɛnnennen bɛn na wohyiae bere a wɔreba nokware no mu? Wɔyɛɛ dɛn dii so? Ɔkwan bɛn so na wɔn asetra atu mpɔn nnɛ? Dɛn na ɛboa wɔn ma wɔkɔ so gyina pintinn wɔ nokware no mu? Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ so ne Yehowa nnya abusuabɔ a emu yɛ den na wɔnkyerɛ nokware a Yehowa ama wɔahu no ho anisɔ fa wie.—2 Pet. 1:5-8.

15 min: “Awake! Soronko a Yɛde Bɛma wɔ November Mu!”a Ka November Awake! no mu nsɛm tiawa. Afei fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa nyansahyɛ a edi so yi yɛ ɔyɛkyerɛ: “Tete no, na nnipa taa hwehwɛ akwankyerɛ fi Bible mu. Nanso nnɛ nnipa pii ka sɛ wonnye Bible no nni. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 2 Timoteo 3:16.] Awake! soronko yi ma yehu nea ɛkyerɛ ankasa sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no.” Wubetumi de asɛm foforo a ɛfata a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no nso ayɛ ɔyɛkyerɛ no. Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe ansa na ɔyɛkyerɛ no aba awiei.

Dwom 10

Dapɛn a Efi Ase October 29

Dwom 124

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa October asɛnka akontaabu mma. Kae obiara ma ɔmfa November Yɛn Ahenni Som no mmara dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no. Ka nhoma a yɛde bɛma November mu ho asɛm, na ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ biako.

15 min: Fa Onyankopɔn Som mu Botae Sisi W’ani So Fa Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina July 15, 2004, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21-23 so. Ma atiefo nka Onyankopɔn som mu botae a wɔde asisi wɔn ani so ne nea wɔreyɛ ma wɔadu ho ho asɛm. Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw nea wɔbɛka ho.

20 min: “Ma Ahiafo Nnya Anidaso.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, fa September 8, 2003, Nyan! kratafa 28-29 mu nsɛm ka ho.

Dwom 7

Dapɛn a Efi Ase November 5

Dwom 156

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Biakoyɛ a Yɛde Bɛbɔ ‘Munni Kristo Akyi!’ Ɔmantam Nhyiam no Ho Dawuru wɔ Wiase Nyinaa.”c Asɛm yi bɛba November 2007 Yɛn Ahenni Som no mu. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ mo asasesin no mu bere a wɔrekyekyɛ krataa a yɛde too nsa frɛɛ nkurɔfo baa afe a etwaam ɔmantam nhyiam ase no nkyerɛ anaa fa nsɛm a ɛwɔ 2007 Yearbook, efi kratafa 7 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 10 so no ka ho.

20 min: “Obiara Benya Nkuranhyɛ Afi Ne Yɔnko Hɔ.”d Ma atiefo nka nsɛm pɔtee bi a ɔmansin sohwɛfo bi ka de hyɛɛ wɔn nkuran bere a ɔbɛsraa asafo no nkyerɛ. Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw nea wɔbɛka ho.

Dwom 192

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena