Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Momfa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi mma. Ɛbɛyɛ papa sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe de nhomawa biara a ɛfata a esum hɔ pii no ma. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, monkyerɛ wɔn sɛnea yɛyɛ Bible adesua tiawa ne sɛnea wobenya so mfaso. October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mma wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ mo ne wɔn befi Bible adesua ase.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ August mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.
◼ Efi September rekɔ no, amansin so ahwɛfo bɛma ɔkasa a wɔato din “Nantew Mudi Mu.”
◼ Betel nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a asafo no de kra nhoma ɔsram biara no aba Betel, na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa no dodow wɔ August 31, 2008 mu, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow a aka nyinaa hyɛ Literature Inventory (S-18) kratasin no so. Mubetumi ahu nsɛmma nhoma dodow a mowɔ no afi asafo biara nsɛmma nhoma sohwɛfo hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan yi so. Ɔkyerɛwfo no ne asafo a ɛhwɛ nhomakra so ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase. Asafo biara a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka Literature Inventory kratasin no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Betel adwumayɛbea ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no.
◼ Ɛsɛ sɛ yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no fi Bible adesua ase na yɛkɔ so de yɛ mmom sen sɛ yɛde Ahwehwɛde nhomawa no befi ase. Yebetumi akɔ so de Ahwehwɛde nhomawa no ama wɔ asɛnka mu kosi sɛ nea asafo no wɔ nyinaa bɛsa.