Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/08 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 14
  • Dapɛn a Efi Ase July 21
  • Dapɛn a Efi Ase July 28
  • Dapɛn a Efi Ase August 4
Yɛn Ahenni Som—2008
km 7/08 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

MONHYƐ NO NSOW: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 2” wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu a yebesusuw ho wɔ July 21 ne July 28 adapɛn no mu. Sɛ mobɛyɛ ɔmansin nhyiam adapɛn yi mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔyɛ no dapɛn foforo mu, na wɔde bere a wɔde ama no nyinaa susuw ho.

Dapɛn a Efi Ase July 14

Dwom 126

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma dwumadi a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no nkyekyɛm 1-9 a yebesusuw ho no. Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a woaka July ne August Ɔwɛn-Aban ne Awake! ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu anaa nea atiefo akyerɛ sɛ wɔbɛka de ama no yɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no biako anaa abien ama ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No.”a Ka nhoma no afã horow a ɛda nsow no ho asɛm. Ka nhyehyɛe a yɛde besua nhoma no ne akwankyerɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 7 no ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmra daa na womfi wɔn komam mma mmuae. Bisabisa ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu a wonim wɔn sɛ wodi kan siesie wɔn ho yiye ma nhyiam no nsɛm, na bisa wɔn nea ɛka wɔn ma wɔyɛ saa.

18 min: “Ahosiesie—Ɛma Sankɔhwɛ Tu Mpɔn.”b Ma ɔdawurubɔfo bi a ɔresiesie ne ho akɔyɛ sankɔhwɛ mfa simma anan nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɔno nkutoo kasakasa wom. Ɔhwehwɛ ne kyerɛwtohɔ mu na ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ nnipa baanu hɔ sankɔhwɛ dapɛn yi awiei. Afei, ɔhwɛ nea ɔne wɔn mu biara susuw ho bere a atwam no, ɔka nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ, na osiesie ne ho sɛnea obetumi adu saa botae no ho. Osiesie ne ho sɛ ɔbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ baako. Ɔfoforo no nso, osiesie ne ho sɛ ɔde nyansahyɛ a ɛwɔ nkyekyɛm 5 no bɛyɛ adwuma na ama asɛm no ho anigye a onipa no wɔ no ayɛ kɛse.

Dwom 147

Dapɛn a Efi Ase July 21

Dwom 38

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.

40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 2.”c Munsusuw nkyekyɛm 1-9 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ nhwɛso pa wɔ asɛm yi ho di ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔapaw no na monkyerɛkyerɛ mu. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma nkyekyɛm 10-17 a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no.

Dwom 54

Dapɛn a Efi Ase July 28

Dwom 225

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo nyinaa ma wɔmfa July asɛnka akontaabu mma. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma August.

40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 2.”d Munsusuw nkyekyɛm 10-17 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛɛ dwumadi yi dapɛn a etwaam no ara di eyi ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔapaw no na monkyerɛkyerɛ mu. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa afotu a ɛne sɛ wɔnkyerɛw sɛnea wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayi no ho nsɛm no nni dwuma ntɛm ara. Si mfaso a ɛwɔ so no so dua.

Dwom 203

Dapɛn a Efi Ase August 4

Dwom 222

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ɛsɛ sɛ Yɛma Yɛn Ani Da Hɔ. Ɔkasa a wɔma no ɔhyew so a egyina December 15, 2006, Ɔwɛn-Aban, kratafa 18-19, nkyekyɛm 17-21 so.

12 min: So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho sɛ Wobedi Ɔhaw a Wohyia wɔ Sukuu mu no Ho Dwuma? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Bobɔ nsɛnnennen a Kristofo mmofra hyia wɔ sukuu mu no bi so. Kyerɛkyerɛ sɛnea awofo ne wɔn mma betumi de Watch Tower Publications Index adi dwuma de anya nsɛm a ɛbɛboa wɔn. Ma ho nhwɛso. (Hwɛ asɛm “experiences,” a ɛwɔ asɛmti kɛse “Schools” ase no.) Bisa mmofra a Kristofo awofo tetee wɔn ma wɔnka sɛnea wɔn awofo boaa wɔn ma wodii nsɛnnennen ho dwuma, na wɔde Bible nnyinasosɛm bɔɔ wɔn bra wɔ sukuu mu no nsɛm. Wobetumi aka sɛnea wɔde Awake! mu nsɛm yɛɛ wɔn sukuu dwumadi ahorow no nso ho asɛm. Ma wɔnkyerɛkyerɛ sɛnea adanse a wodi wɔ sukuu mu no abɔ wɔn ho ban no mu.

18 min: “Yɛretutu Nneɛma a Ase Atim Denneennen no Agu.”e Ma atiefo nka sɛnea wɔn Bible akyerɛkyerɛfo nyaa wɔn ho abotare boaa wɔn ma wɔpoo atoro som nkyerɛkyerɛ a na ase atim wɔ wɔn mu no ho asɛm.

Dwom 83

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena