Ɔfã 2—Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom
Ayitam
1. (a) Dɛn ne ayitam? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛda nsow wɔ ntade a yɛde kɔ dwumadi afoforo ase?
1 Sɛ obi wu a, wɔtaa hwɛ kwan sɛ ne hokafo ne ne mma, abusuafo a wɔbɛn no, ne ne nnamfo befura ayitam. Ehia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ayitam a yɛreka ho asɛm wɔ ha no nyɛ ntama anaa ntade a wotumi de kɔ dwumadi foforo ase, na bere koro no ara wotumi de kɔ ayi ase. Ayitam yɛ ntama anaa ntade a wɔde kɔ ayi ase nkutoo. Wɔ Ghana kasa biara mu no, ntama no wɔ din a ɛma no da nsow wɔ ntama anaa ntade afoforo ho: Ayitam (Twi); Ya bo (Dangme); kuvɔ (Ewe); Yarabo (Ga); Ɛzɛnedanlɛ (Nzema).
2. (a) Dɛn ne atweaatam, na dwuma bɛn na na wɔde di wɔ Bible mmere mu? (b) Dɛn na na ɛne atweaatam a wofura no nni abusuabɔ biara?
2 Ebinom susuw sɛ atweaatam a na wɔhyɛ wɔ tete, bere a na wɔrekyerɛw Bible no ne ayitam a nnɛ wofura wɔ Ghana ne Afrika mmeae afoforo no yɛ ade koro. Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a na wɔn a wɔn biribi awu no de atweaatam pam atade hyɛ de, nanso na wɔde yɛ nneɛma afoforo nso. Na wɔde abirekyi nhwi na ɛyɛ atweaatam, na na wɔde yɛ kotoku anaa bag a wɔde aburow gu mu. Wɔ Bible mmere mu no, ná nguanhwɛfo fura atweaatam efisɛ na ne bo nyɛ den na na etumi kyɛ. Ná ebinom fura atweaatam de kyerɛ ahonu. (1 Ahe. 21:27; Yona 3:6-8) Daniel furaa atweaatam bere a ofi komam bɔɔ Yehowa mpae no. (Dan. 9:3) Ɛtɔ mmere bi na sɛ Hebri adiyifo rebɔ ɔmanfo kɔkɔ wɔ ɔsɛe bi a ɛbɛba ho a, na wɔtaa fura atweaatam. (Yes. 20:2) Wɔ mmere ahorow a Onyankopɔn nkurɔfo furaa atweaatam nyinaa mu no, na ɛne gyidihunu a nkurɔfo wɔ wɔ owu ho no nni abusuabɔ biara. So saa na ɛte wɔ ayitam a wofura nnɛ no ho?
3. (a) Ayitam kɔla ahorow bɛn na wɔtaa fura? (b) Ayitam gyina nyamesom mu gyidi bɛn so? (d) Sɛ wofura ayitam kɔkɔɔ, tuntum anaa fitaa a, ɛkyerɛ dɛn?
3 Nkurɔfo fura ayitam de kyerɛ sɛ wɔredi awerɛhow. Ntama no kɔla ne adwini a wɔadi wom no wɔ nkyerɛase titiriw a egyina tete nyamesom mu gyidi ahorow so, na emu dodow no ara fa owufo no gyinabea ne abusuabɔ a na ɔne ateasefo no wɔ ho. Wɔ mmeae bi sɛ nhwɛso no, owufo no hokafo ne ne mma fura ayitam kɔkɔɔ. Wogye di sɛ esiane abusuabɔ a ɛda wɔne owufo no ntam nti, eyi ho hia sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no ntumi nhaw wɔn. Afoforo nso fura ayitam tuntum. Wɔ aman pii mu no, wogye di sɛ ntama tuntum yi bɔ wɔn ho ban fi ahonhommɔne ho, na wobu no sɛ ɛho hia na ama owufo no atumi akɔ nananom nkyɛn wɔ ahonhom atrae dwoodwoo. Ntama fitaa a wofura no nso wɔ nea ɛkyerɛ. Nnipa pii fam no, ɛkyerɛ owu so nkonim a wɔadi na wɔde kyerɛ sɛ owufo no honhom bɛkɔ asamando asomdwoe mu.
4. (a) Bere tenten bɛn na wotumi fura ayitam? (b) Sɛ wɔreyɛ ayi a, dɛn nti na ebinom sesa wɔn ayitam fa kɔla foforo fura?
4 Sɛ wɔyɛ ayi no wie a, wotumi fura ayitam da koro, nna kakra, asram pii, afe, anaa nea ɛboro saa mpo. Wogyina abusuabɔ a na wɔne owufo no wɔ so na ɛyɛ eyi. Bere a wɔreyɛ ayi no, nnipa no bi tumi sesa ayitam kɔla a wofura no fa kɔla foforo fura. Wɔyɛ eyi de kyerɛ sɛnea wɔne owufo no ntam abusuabɔ kɔ so sakra no. Sɛ mfatoho no, okunafo betumi afura ntama kɔla bi de abɔ ne ho ban na ne kunu a wawu no honhom anhaw no. Edu bere bi na sɛ ne kunu no honhom ntumi nhaw no pii a, oyi ntama no gu hɔ fura foforo. Ɔkɔ so yɛ saa kosi sɛ obedwira ne ho awie. Awiei koraa no, oyi ntama no gu hɔ, na ɔne ne kunu a wawu no twa abusuabɔ biara mu.
5. (a) Dɛn ne adinkra nsɛnkyerɛnne, na atoro nkyerɛkyerɛ bɛn na ɛhyɛ ho nkuran? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ Yesaia 52:11 fa sɛnkyerɛnne a yɛde bedi dwuma no ho? (d) Sɛ yɛamfura ayitam a, dɛn nti na ebia ɛbɛhaw ebinom a wɔnyɛ Yehowa asomfo no?
5 Ɛtɔ mmere bi a wɔde adinkraa ne adwini ahorow a ɛwɔ nkyerɛase titiriw sisi ayitam no mu. Adinkra sɛnkyerɛnne ahorow pii kyerɛ sɛ yɛn nananom ahonhom ne ateasefo wɔ abusuabɔ bi ma enti ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. (Yes. 52:11) Abusua no mu mpanyimfo na mpɛn pii no wɔkyerɛ ntama kõ a ɛsɛ sɛ wofura. Sɛ wonya kyerɛ ntama a ɛsɛ sɛ wofura a, wɔhwɛ kwan sɛ abusua no nyinaa betwa bi. Ayitam no a wobefura no ho hia wɔn a wɔnyɛ gyidifo no ara ma sɛ obi amfura bi a, wobu no sɛ wabu owufo no animtiaa na ommu n’abusuafo a wɔte ase no. Ɛsɛ sɛ asɛm yi ka adwene a yekura wɔ ayitam a yebefura no ho dɛn? Ɛsɛ sɛ yesusuw Bible nnyinasosɛm abiɛsa bi ho.
6. (a) Kenkan 1 Tesalonikafo 4:13. Ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm yi ka sɛnea yebu ayitam a yebefura no dɛn? (b) Kenkan 2 Korintofo 6:3. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho wɔ ayitam a yebefura no ho?
6 Susuw Nnyinasosɛm no Ho: Nea edi kan no, Yehowa asomfo mfa ayiyɛ ne awerɛhow a wodi no baguam mpɛ nnipa anim anuonyam sɛnea ɛtɔ mmere bi a, wɔn a “wonni anidaso biara” yɛ no. (1 Tes. 4:13) Nea ɛto so abien, yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ‘ɛbɛto afoforo hintidua.’ (2 Kor. 6:3) Ɛdefa nnyinasosɛm yi ho no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So ayitam a yebefura no bɛma afoforo ahu sɛ yɛagye nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ennyina Bible so no atom? So ebetumi ato wɔn a wonim nea Yehowa Adansefo gye di na wɔkyerɛkyerɛ wɔ awufo ho no hintidua? So ayitam a yebefura no betumi ahaw yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Ghana ne aman afoforo a wɔbɛn yɛn no ahonim? So ayitam a yebefura no betumi abu yɛn nuanom a wɔamfura ma enti wɔtaa wɔn no abam?’—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 1998, kratafa 22-23; 1998 Yearbook, kratafa 203, nkyekyɛm 1.
7. (a) Kenkan Mmebusɛm 27:11 ne Kolosefo 1:9, 10. Nnyinasosɛm a ɛho hia bɛn na ɛwɔ kyerɛw nsɛm yi mu, na ɔkwan bɛn so na ɛfa ayitam ho? (b) Sɛnea 1 Korintofo 10:21, 22 kyerɛ no, so ayitam a yebefura no betumi aka yɛne Yehowa ntam abusuabɔ? Dɛn ntia?
7 Nanso nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho no mu biara nni hɔ a ɛho hia sen eyi: Nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛma Yehowa bo afuw yɛn. (Mmeb. 27:11; Kol. 1:9, 10) Sɛ yehu nea ayitam kyerɛ ankasa ne sɛnea ɛfoa gyidi a ɛne sɛ awufo nim nea ɛrekɔ so no so a, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea sɛ yedi amanne yi akyi a, ɛbɛka yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no ho yiye. ‘Yɛrentumi nnya kyɛfa wɔ “Yehowa pon” so ne adaemone pon so.’—1 Kor. 10:21, 22.
8. Ɛwom sɛ ebia na yennim gyidihunu a ɛbata ayitam ho de, nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo fura saa ntama yi? (Susuw nnyinasosɛm titiriw abiɛsa a ɛwɔ nkyekyɛm 6 ne 7 no ho bio.)
8 Nokwarem no, ebetumi aba sɛ ebinom nnim nea ntama pɔtẽẽ yi a wobefura no kyerɛ. Saa ara nso na wontumi nkyerɛ nea enti a sɛ obi wu nkutoo a na ɛsɛ sɛ wofura ayitam. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii fura a wonnim nea ɛkyerɛ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. Sɛ yɛde mpaebɔ susuw nnyinasosɛm ahorow yi ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea enti a ɛnsɛ sɛ yesuasua afoforo na yefura ayitam de kyerɛ sɛ yɛredi awerɛhow no ase.
9. Sɛ́ anka nokware Kristofo befura ayitam no, ntama bɛn na wobetumi afura akɔ ayi ase a ɛrenhaw afoforo?
9 Nea Yebetumi de Akɔ Ayi Ase: Ntama bɛn na yebetumi afura akɔ ayi ase? Mfe pii a abɛsen kɔ no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no aka eyi ho asɛm wɔ nhoma ahorow a wɔatintim mu.b Wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ yɛrepaw nea yɛbɛhyɛ anaa yebefura a, yɛnna ntease adi na yɛnkari pɛ. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfata na asɛm biara nni ho. Ɛmfa ho ntama a yebefura biara no, tebea a awufo wom ho ntease a emu da hɔ a yɛwɔ no bɛboa yɛn ma sɛ yɛkɔ obi ayi ase a yɛakyerɛ obu, a ɛho renhia sɛ yefura ayitam ansa.
Ayi no Ho Nhyehyɛe a Wɔyɛ
10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Efesofo 5:7-11 ne 1 Korintofo 10:32 no boa yɛn bere a yɛreyɛ ayi ho nhyehyɛe no?
10 Sɛ Kristofo reyɛ ayi a, ɛsɛ sɛ wosie amu no wɔ ɔkwan a ɛfata so ma ɛne aban mmara ne ahotew ho mmara hyia. Sɛ wɔbɛyɛ ayi no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔafi Kyerɛwnsɛm mu de awerɛkyekye ama na wɔakyerɛkyerɛ nokware a ɛfa awufo tebea ho mu fann a, ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma wɔyɛ amammerɛ anaa amanne a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia biara wɔ ase. (Efe. 5:7-11) Ɛnsɛ sɛ yɛma nea ɛbɛkɔ so wɔ ayi ase no haw yɛn mfɛfo gyidifo ahonim. (1 Kor. 10:32) Sɛ Kristofo reyɛ ayi ho nhyehyɛe a, wɔbɛyɛ dɛn de Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi ayɛ adwuma?
11. (a) Sɛ yɛbɛkyerɛw owufo no ho nsɛm anaa yɛbɛyɛ ayi no ho nhomawa a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔnyɛ gyidifo no kwan ma wɔyɛ? (b) Nsɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo kyerɛw, na dɛn ntia?
11 Owufo no a Wɔkamfo No: Ebia obi bɛpɛ sɛ ɔkyerɛw sɛnea owufo no fi nokwaredi mu som Onyankopɔn no ho nsɛm tiawa anaa ɔyɛ ayi no ho nhomawa. Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ osusuw nsɛm a ɔbɛkyerɛw no ho yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia abusuafo ne nnamfo a wɔnyɛ Adansefo bɛpɛ sɛ wɔkyerɛw nsɛm de kamfo owufo no tẽẽ. Wobetumi akyerɛw nsɛm bi a ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn abɛfa onipa no kɔ soro anaa owufo no retu kwan akɔ baabi foforo. Wɔtaa kyerɛw nsɛm bi te sɛ “rest in peace” (anaa, R.I.P.), “da yiye,” “dammirifa due, due,” ne “nantew yiye.” Nnipa pii fam no, eyi yɛ obu a etwa to a wɔde ma owufo no. Nanso yɛn de, yenim sɛ owufo no nnim nsɛm a ɛte saa no ho hwee. Nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye ne nim a yenim sɛ nsɛm a ɛte saa no foa ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no so, ma enti ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo kyerɛw nsɛm a ɛtete saa.—Yes. 52:11.
12. (a) Hena na Kyerɛwnsɛm no ma no kwan sɛ ɛsɛ sɛ osi sɛnea wɔbɛyɛ ayi ho gyinae, na ɔkwan bɛn so na eyi ne nea nnipa dodow no ara susuw nhyia? (b) Sɛnea 2 Korintofo 6:14-17 kyerɛ no, dɛn nti na ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛma awofo, abusuafo anaa afoforo a wɔnyɛ gyidifo akyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ ayi no ho nhyehyɛe?
12 Ɛyɛ Hena Asɛde? Wɔ mmeae pii no, abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no susuw sɛ abusua mũ no nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ sɛnea wɔbɛyɛ ayi no ne bere a wɔbɛyɛ no. Nanso Kristofo aware nhyehyɛe ma okunu ne ɔyere no hokwan sɛ wosisi gyinae ahorow bi a ɛho hia a ɛka wɔn ankasa ne wɔn mma asetra. Ɛsɛ sɛ awofo, abusuafo, ne mpo Kristofo asafo no mufo kyerɛ obu ma hokwan a Kyerɛwnsɛm no de ama awarefo no. (Mat. 19:5, 6) Saa ara nso na sɛ yɛresie yɛn dɔfo bi a wawu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Gen. 23:19; 35:29) Nea ɛbɛyɛ na yɛne “wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro” no, ɛsɛ sɛ Kristofo ma obiara te ase pefee sɛ wɔbɛyɛ ayi no ho nhyehyɛe nyinaa ma ɛne Bible mu nnyinasosɛm ahyia. (2 Kor. 6:14-17) Dɛn na wɔbɛyɛ na ama wɔatumi ayɛ saa?
13. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ obi kyerɛw sɛnea ɔpɛ sɛ wɔyɛ n’ayi ho nsɛm nyinaa to hɔ? (b) Krataa bɛn na edi mũ paa, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw wom?
13 Ma Wonhu Wo Gyinabea Pefee: Sɛ obi di kan kyerɛw sɛnea ɔpɛ sɛ wɔyɛ n’ayi ho asɛm to hɔ a, ɛmma no nyɛ den sɛ wɔne abusuafo besusuw ho, efisɛ mpɛn pii no, wɔkyerɛ obu ma nea owufo no pɛ sɛ wɔyɛ ma no no. (Gen. 50:5) Krataa a ɔhokafo a ɔyɛ gyidini ne mmarima afoforo a wɔwɔ abusua no mu a wɔyɛ gyidifo de wɔn nsa ahyɛ ase de kyerɛ sɛ wogye nea owufo no akyerɛw no tom no, di mũ paa. Krataa a ɛte saa betumi ayɛ soronko afi will a ɛkyerɛ sɛnea wɔbɛkyɛ owufo no agyapade no ho mpo. Wɔn a wɔde nhumu ne nyansa susuw nneɛma ho no nim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwɛn kosi sɛ wɔbɛbɔ nkwakoraa anaa mmerewa anaa wɔbɛyare ada owupa so ansa na wɔayɛ eyi. (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ayi no, bere ne baabi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, nea ɛsɛ sɛ odi anim ma wɔyɛ ayi no ho nhyehyɛe biara no nyinaa yɛ nsɛm a ɛho hia a ɛsɛ sɛ obi ma wohu bere a ɔte ase na ne ho yɛ den no.
14. (a) Dɛn nti na ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobedi kan ayɛ sɛnea wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayi ho krataa to hɔ? (b) Kenkan Filipifo 2:4 ne Efesofo 5:28, 33. Ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm ahorow yi ka adwene a yɛwɔ wɔ asɛm a ɛho hia yi ho dɛn?
14 Ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobedi kan akyerɛw nsɛm a ɛte saa ato hɔ. Nanso saa a obi bɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw na ɔwɔ ɔdɔ. Wɔn a wɔwɔ Bible mu nokware nimdeɛ no nim sɛ, ɛnyɛ nhyehyɛe a ɛte saa a wɔbɛyɛ no na ɛbɛma wɔawu ntɛm, anaa ebetu wɔn wu ahyɛ da. Nokwarem no, krataa a wobɛkyerɛw a ɛkyerɛ sɛ worempɛ sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no de wɔn ho hyehyɛ w’ayi mu no betumi ahyɛ wɔn abufuw na ahaw wɔn. Nanso ɛyɛ papa sɛ obi bɛkyerɛ nea wɔnyɛ mma no no mu pefee bere a ɔda so te ase no sen sɛ obegyaw ama ne hokafo ne ne mma ma wɔasi ho gyinae wɔ ne wu akyi. Ebia eyi bɛma wɔahyɛ wɔn ma wɔayɛ amanne bi a ɛmfata a na owufo no mpene so anaa onnye nni bere a na ɔte ase no. (Filip. 2:4) Nneɛma a ɛte saa a obi bedi kan atoto no yiye no kyerɛ ɔdɔ a onii no wɔ ma afoforo ne sɛnea odwen wɔn ho.—Efe. 5:28, 33.
15. (a) Dɛn ne “nnawɔtwe da,” na dɛn nti na ɛrenyɛ papa sɛ yedi? (b) Sɛ abusuafo ka sɛ ɔkwan biara so wɔbɛyɛ ayi no fã bi a, yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:14 no ayɛ adwuma?
15 Sɛnea Yɛne Abusuafo a Wɔnyɛ Adansefo Bedi Nsɛm: Abɛyɛ amanne wɔ mmeae bi sɛ sɛ obi wu a, bere tiaa bi akyi no wobehyiam ayɛ n’ayi ho ntotoe. Nnipa pii frɛ eyi “nnawɔtwe da.” Adwene a wɔde yɛ eyi ne sɛ wobenya sika ne mmoa afi afoforo hɔ a wɔde bɛyɛ ayi no, na wɔasi bere ne sɛnea wɔbɛyɛ ayi no ho gyinae. Osuahu kyerɛ sɛ sɛ edu saa bere yi a, abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no betumi agye ayi no afi Ɔdansefo no nsam. Sɛnea yɛahu no, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ pefee sɛ yɛrentumi ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo no nkyɛ ayi no nyɛ. (2 Kor. 6:14) Enti sɛ nea wawu no yɛ nokware Kristoni a, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛma kwan ma abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no atew “ayi ho boayikuw” biara a wɔbɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ayi no. Saa ara nso na ɛho renhia sɛ asafo no mufo a womfi abusua no mu no de wɔn ho bɛhyehyɛ nhyiam a wɔyɛ ansa na wɔasie amu no anaa ayi no ho nhyehyɛe ahorow mu. Nanso ɛbɛyɛ papa sɛ nea ne biribi awu no bɛkɔ asafo mu panyin baako anaa mpanyimfo baanu nkyɛn akogye sɛnea wɔbɛyɛ ayi no ho nhyehyɛe ma ɛne Kyerɛwnsɛm no ahyia ho afotu.
16. (a) Sɛ yɛne abusuafo a wɔnyɛ gyidifo redi nsɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma emu da hɔ yiye? (b) Sɛ abusuafo ka sɛ ɔkwan biara so wɔbɛyɛ amanne a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (d) Sɛ obi di kan kyerɛw sɛnea ɔpɛ sɛ wɔyɛ n’ayi ho nsɛm to hɔ a, dɛn na ɛntaa nsi?
16 Ɛsɛ sɛ abusua a wɔyɛ Kristofo no tɔ wɔn bo ase kyerɛkyerɛ ayi ho nhyehyɛe a wɔayɛ no mu yiye. Sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no ne mo yɛ adwene na wɔpɛ sɛ wɔboa a, ɛnsɛ sɛ mutwa wɔn gya. Nanso, sɛ abusuafo afoforo ka sɛ ɔkwan biara so no wɔbɛyɛ amanne bi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛho hia sɛ mugyina pintinn na mufi ahobrɛase mu de akokoduru kyerɛkyerɛ yɛn Kristofo gyinabea mu kyerɛ wɔn. Nokwarem no, sɛ owufo no adi kan akyerɛw sɛnea ɔpɛ sɛ wɔyɛ n’ayi no ho nsɛm pefee ato hɔ a, akasakasa ne akyinnyegye biara remma.
17. (a) Sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo we hinam so sɛ wobegye ayi no ayɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Sɛ ɛba saa a, nhyehyɛe bɛn na abusuafo a wɔyɛ gyidifo no betumi ayɛ? (d) Kenkan 2 Korintofo 4:7. Sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no gye ayi no fi yɛn nsam mpo a, dɛn nti na yebetumi anya awerɛkyekye?
17 Sɛ moyɛ eyi nyinaa na sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no we hinam so sɛ wobegye ayi no ayɛ a, ɛnde mubetumi agyina mo ahonim so agyae ayi no ama wɔn koraa na moatwe mo ho afi ho. Sɛ ɛba saa a, abusuafo a wɔyɛ gyidifo no betumi ahyia mu wɔ Ahenni Asa so anaa baabi foforo a ɛfata ama ayi ho ɔkasa a egyina ‘Kyerɛwnsɛm so de akyekye’ wɔn a wɔahwere wɔn dɔfo na wɔredi awerɛhow no werɛ. (Rom. 15:4; Dw. 119:50) Ɛwom sɛ ebia na amu no nni hɔ de, nanso nhyehyɛe a ɛte saa no fata na asɛm biara nni ho. (Deut. 34:5, 6, 8) Sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no gye ayi no bɔ so a, ebetumi ama adwennwen ne yawdi no ayɛ kɛse, nanso esiane sɛ Onyankopɔn a obetumi ama n’asomfo anokwafo “tumi a ɛboro nnipa de so” no nim sɛnea yɛasi yɛn bo sɛ yebegye nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ayiyɛ ho atom no nti, yenya awerɛkyekye.—2 Kor. 4:7.
[Ase hɔ nsɛm]
a Adinkra yɛ Akan asɛmfua a ɛkyerɛ sɛ “obi ne obi redi nkra” anaa “ɔrema obi nantew yiye,” na wɔtaa de di dwuma bere a wɔregyaw owufo no kwan. Adinkra sɛnkyerɛnne a wobu no yiye a wɔde di dwuma no fi tete abosonsom mu, na wɔyɛɛ sɛnkyerɛnne ahorow no sɛnea “ɛbɛyɛ a ɛbɛboa nnipa ma wɔne Ɔbɔadeɛ no ne nananom honhom ayɛ biako.” Adinkra sɛnkyerɛnne pii hyɛ ɔkra a enwu da ne atoro som nkyerɛkyerɛ ho nkuran.
b Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 1998, kratafa 22-23 ne April 15, 1985, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 23-25, ne afei Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ, kratafa 70.